Offinso

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Offinso,(Audio file "tw-Offinso.ogg" not foundNhwɛsoɔ:Category handler ɛbere bi a na ɛyɛ Offinso Mansin no ahenkro no ye kuro bi a ɛwɔ Offinso Mankese a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana - sɛ wokura car a ɛbedi wo sima dunum ansa wo edu kumasi, Asanti Mantam ahenkoro. Esiane sɛ eben kumasi nti, emu nipa bebree etu akotena Kumasi.

Ekuro no mu foɔ ye Asantefoɔ ne saa nti Asanti amamerɛ na edi ntimtimnam ɛwɔ hɔ.

Offinso yɛ borofo kasa a egyina hɔ ma 'ɔfenso'. Yɛ de koro no too Nsutade Ofe a ɛyɛ hyeɛ ma Offinso Anafo Mankeseɛ ne Ahenkro, ekuro bi a ɛwɔ Afigya Sekyere Mansini mu, a ɛno nso wɔ Asante mantam mu.

Abakɔsem ne nipa dodoɔ[sesa]

Affinso Mansini a etwa mu no, yɛkyɛɛ mu yɛɛ no Offinso Anafo Mankeseɛ ne Offinso Anafo Mansinɛ, a baako henekoro ne New Offinso ɛna baako deɛ enso ne Akomadan.

Sɛ yehwe afe 2000 nipa kan a ekɔɔ so wo Ghana no aa, nipa 138,190 te Offinso aa ɔmo mu bebree fi kuro no mu.

bere a na Aboro no di yen so no, Offinso dii ntintiman wɔ ɔko aa ɛkɔɔ so wɔ Engirisi ne Asantefoɔ no ntam, ɔko no twaa mu no, Asantehene a na ɔwɔ hɔ saa bere no maa Offinso Manhene asase yamtaam esaine neho a ɔde hyɛɛ ɔko no mu no. Abakɔsem kyerɛ se Offinso Omanhene no na ɔserɛɛ asase no fii Asantehene no hɔ. Na ɔmpɛ bibiaa sɛ akyɛdie sen asase wɔ nemmoa a ɔyɛɛ wɔ ɔko no mu no.

Ahyiaɛm, kuro bi a ɛwɔ Offinso Atifi mansin mu, ɛyɛ hyeɛ ma Bono-Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana.

Deɛ ɛda nso wɔ Akanfo nkuromu no,Offinso wɔ Afahyɛ a yɛfrɛ no Mmoaninkɔ, ɛduru saa bere no a, agokansie bebree kɔ so: afoɔfe akansie, dadepɔnkɔ akansie, bɔll akansie, dame akansie ɔne diɛ ɛkeka ho. Wɔ dadepɔnkɔ akansie mu no, ɛsɛ sɛ akansifoɔ no de woankasa sakre no tu mmirika fi Ahyiaɛm kosi ɔmanhene no ahenefie wɔ Dentin , New Offinso.

Edwuma[sesa]

Kuro no mu foɔ bebre yɛ akuafoɔ ɛna abinom nso yɛ adwadifoɔ, akyerekyerɛfoɔ, ahyenkafoɔ, adokotafoɔ, anɛɛsefoɔ, asemdibia temgyinafoɔ, asrafoɔ, sikasem dwadifoɔ ne deɛ ɛkekaho.