Akropong

Ɛfi Wikipedia

Akropong yɛ kuro bi a ɛwɔ Ghana Apuei Fam na ɛyɛ Akuapim Atifi Mantam, mantam bi a ɛwɔ Apuei Fam MantamGhana Kesee Fam no ahenkurow. Wonim kurow yi sɛ ɛyɛ nkraman ne nnuadewa ngo . Akropong wɔ afe 2013 mu nnipa 13,785.

Na Akropong yɛ beae a na asɛmpatrɛw gyinabea bi a Basel Asɛmpatrɛwfo no di so wɔ . Akwapim a yehu mu nnɛ no bɛyɛɛ nea ɛte fi atubrafo ne mmusuakuw akodi mu. Bɛyɛ afe 1300 Y.B.

Akropong–Akuapem na ɛwɔ hɔ[sesa]

Akuapem ne Akropong yɛ ahenni aman wɔ Ghana Apuei Mantam mu . Bere a wɔde Akyem Hene no sii ahengua so wɔ afe 1773 mu wɔ Akropong ahengua so kaa Akuapem ahengua no ho no, ahenni no bɛyɛɛ ɔman abien a wɔfrɛ no Akropong–Akuapem Ahemman.

Ɔhene Ɔseadeɛyɔ Addo Dankwa III a ofi Akropong kuraa "Ahengua krɔnkrɔn" a Akuapem-Asona, Akan mmusuakuw akɛse asɔn no mu biako, mfe dunsia. Wɔ afe 1733 mu no, Akwamu de n’asraafo tuu mmirika kɔtow hyɛɛ kurow-Akropong Man a na wɔagye afi Ashantifo nkonimdi ahorɔw no mu no so. Nea ɛbɛyɛ na kurow no abɔ ne ho ban no, wɔfrɛɛ asraafo a wɔn ani gye ɔko ho, Akimfo, na wɔn nso wɔyɛ Ashantifo atamfo a wonya fi awoɔ mu. Wogyee Akropong nkwa, na sɛ akatua no, wɔde Akimfo panyin (hene) sii ahengua so sɛ Akropong Hene.

Akanfoɔ[sesa]

Ghanafoɔ 49.1% yɛ Akan Aman, Akan Aman yɛ kasa ho akuo a ɛwɔ Afrika Atɔeɛ fam. Saa kuw yi bi ne Akuapemfo, Akyemfo, Asantefoo, Baouléfo, Brong/ Abronfo, Fantefo ne Nzemafo a wɔn ne Brong Ahafo, Ashanti, Atɔe, Mfinimfini, ne Apuei amantam, ne afei nso mfinimfini fa bi Frao Mantam, na ɛkɔ Ghana Atifi fam. Ɛtwa kɔ Togo, na kɔfa Côte d’Ivoire Akanfo so; Akye, Aowin ne Baoulé Aman a wɔwɔ Ivory Coast Kesee Fam, Mfinimfini ne Apuei Mantam mu a wɔyɛ bɛyɛ 18-20% wɔ Ivory Coast nnipa dodow mu ne nhama a ɛfa ho kɔ akyiri kɔ Aman a ɛbɛn hɔ a wɔka francophone ne Nigeria, a wɔyɛ sɛ Ahenni Aman Mmusuakuw a wɔaka abom no mu biako Ahenni Aman Kɛse a ɛsõ sen biara wɔ Afrika Asasepɔn no so. Ɔhyew no fi 20 °C wɔ August ne 32 mu °C wɔ March mu a ɛyɛ bɛyɛ 23.88 °C.

Efi afeha a ɛtɔ so 15 kosi afeha a ɛtɔ so 19 no, Akanfo na wodii sika kɔkɔɔ a wotu ne sika kɔkɔɔ aguadi wɔ ɔmantam no mu. Akanfo adwinni trɛw na agye din, titiriw esiane atetesɛm a ɛne sɛ wɔyɛ kɔbere sika kɔkɔɔ a wɔde kari nneɛma, a wɔde wax a ayera kwan a wɔfa so tow no na ɛyɛe nti. Akanfoɔ nkorabata bi ne Abron ne Afutufoɔ. Akanfo amammerɛ na ɛwɔ hɔ na ɛda adi kɛse wɔ nnɛyi Ghana.

Akropongfo no de Agyadeɛ nhyehyɛe a ɛfa agyapadeɛ ho no di dwuma.

Afahyɛ[sesa]

Akropongfoɔ di Odwira afahyɛ na wɔtaa yɛ saa guasodeɛ yi wɔ September/October mu. Odwira yɛ Ghana afahyɛ ahorɔw pii a nnipa a wofi asetra mu tebea horɔw nyinaa mu a atubrafo ka ho ba no mu biako.

Mfe pii ni no, Odwira Afahyɛ no ayɛ ade titiriw a wɔde da Ghana amammerɛ adi a ɛyɛ kɔla, ɛyɛ hyew na egu ahorow, na ɛka nnipa a wofi asetra mu tebea horɔw nyinaa mu bom di nkonimdi, aseda ne otwa asɛmti ahorɔw ho afahyɛ, wɔ biakoyɛ mu. Nanso, ansa na Odwira rebɛyɛ Ghana amammerɛ fa mpo no, na nnipa a wɔwɔ Akropong, Amankrom ne Aburi a ɛwɔ Apuei Fam Mantam mu no adi ho afahyɛ bere tenten.

Amammerɛ mu dwumadi atitiriw[sesa]

  • (Dwoada) Da a wɔde tew wɔn ho

Ɔkwan a ɛkɔ Amanprobi no a wɔbɛprapra – atraeɛ a ɛdi kan a Akyem akofoɔ a Nana Safori di wɔn anim, a ɔkɔɔ so bɛyɛɛ Okuapehene a Odi kan wɔ afe 1733 mu de sii hɔ wɔ afe 1730 mu. Saa kokoam tete amanneɛ yi, Abrafoɔ (Ɔman Awudifo) ne wɔn Panyin, Adumhene na wodi anim. Wɔde Odwira no ba denam Ahenni no ho a wɔde nhabannuru tew so.

  • (Benada) Da a wɔtwa

Bayerɛ foforo a wotwa ho ɔyɛkyerɛ a wɔde fa Akropong, Okuapeman ahenkurow no mmɔnten atitiriw so a nnwom, sankubɔ ne asaw ka ho. Abrafo no gyina bere ne bere mu sɛ wɔbɛbubu bayerɛ foforo no mu asinasin na wɔagyaw wɔ mmɔnten so ma mmɔfra ne afoforo aboaboa ano, kodi. Awiabere no, Abrafofo a wɔwɔ atuo a wɔtotow mu no san kɔ Amanprobi kɔyɛ kokoam amanne ahorɔw na afei wɔde Odwira no ma Okuapehene a ɔne n'abediakyire ne mpanyimfo nketewa afoforo bɛtra ɔman mu wɔ Ahemfie hɔ no wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ wodu Ahemfie hɔ a, Abrafofoɔ no foro kɔ Okuapehene a wɔde amammerɛ ntama bɛkata wɔn so no nkyɛn tẽẽ. Etuo a wɔtow denneennen, sankubɔ ne asaw wie da a wɔde di dwuma wɔ amanne kwan so no.