Upper West Region

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Upper West regionGhana north-western nkyɛn baabi [1]na ɛne upper East mantam bɔ hyeɛ kɔ East, atifi mantam nso kɔ South ɛna ɔno Burkina Faso bɔ hyeɛ kɔ west ne North. Upper East mantam ahenkuro ne kuro a ɛso paa ara yɛ Wa. Flight-Lieutenant Jerry Rawlings na ɔtee upper west wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa wɔ Provisional National Defence Council (PNDC) asraafoɔ pɛn so.Wɔyii saa beaɛ no firii ɛnkane Upper Region mu a seisei wɔfrɛ no Upper East Region. Bɛyɛ sɛ mfeɛ aduasa num nie na akɔ so ayɛ mantam a ɛsua koraa wɔ Ghana kɔpem sɛ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu Nana Addo Dankwa Akuffo Addo bɛtee mantam nsia kaa dada no ho, maa mantam a ɛwɔ ɔman no mu bɛyɛɛ du nsia.

Asaase ne emu nnipa ne ewiem nsakraeɛ adesua[sesa]

Upper West Region ka mantam du a ɛwɔ Ghana. Ɛwɔ North Western a ɛwɔ Ghana nkyɛn baabi a ɛwɔ latitude 9.8°-11.0° North ne longitude 1.6°-3.0 west, a ɛne Burkina Faso a ɛkɔ North bom. Ɛkata asaase bɛyɛ 18,476square kilometres a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu du mmienu akyiripɔ nson asaase a ɛwɔ Ghana yɛ pɛ. Northern Ghana -Burkina Faso ɛne East no bɔ ahyeɛ wɔ upper East mantam ne Northern Region,wɔ South nso ɛne Northern Region ɛne Western Ghana -Burkina Faso wɔ west ɛna upper west Region nso wɔ North. Ɛno ne mantam a ɛwɔ Ghana a ɛso a ɛtɔ so nson na ɛwɔ mantam du baako. Ɛnam baabi a ɛwɔ no nti, ama upper west Region wɔ mmɔdemmɔ a wɔde bɛyɛ amanɔne ne mantam dwadie ne twaka a ɛda wɔn ntam nanso awudie nnoɔma bi te sɛ egya totoɔ, nyarewa, korɔnobɔ ne nea ɛkeka ho a ɛfiri nnipa a ɛwɔ mantam hɔ no nso hunahuna ɔmamfoɔ no.[2]

Nsrahwɛ[sesa]

Wechiau Hippipotamus Sanctuary no wɔ southwest a ɛwɔ Wa,ɛwɔ Black Volta River a ɛwɔ Wa West mansini kwan so. Gwollu afasuo a ɛwɔ Sissala mansini no yɛ Ghana Manpanin Dr. Hilla Limann a wanya ne baabi kɔ kurom.[3]

Nnuane[sesa]

Aduane a ɛhohia a paa a wɔdi wɔ upper west Region ne Aso anaasɛ Tuo Zaafi wɔ yɛn kasa mu, a wɔtwa no tiawa sɛ TZ anaa T-Zed wɔ borɔfo kasa mu.[4]

Sikasɛm[sesa]

Adwuma titire a upper west Region yɛ a ɛde sika ba ne mfudeɛ. Nnuane a wɔdua ne aburo,ayuo, nkateɛ, nkruma,nkuto dua ne ɛmoo. Wɔyɛn mmoa bi a ɛma wɔn nam te sɛ, odwan, mpɔnkye,nkokɔ, mprako ne akɔmfɛm. Ɛnam sɛ sɛ ɛpɛ ba mantam hɔ a ɛkyɛ na ɛtwe kɔ bɛyɛ sɛ ahinime bosome dekɔ Kotonimaa bosome mu nti, nnipa pii firi hɔ kɔ Southern a ɛwɔ Ghana kɔ yɛ adwuma wɔ hɔ bɛyɛ sɛ afe no mu fa.

Adwumayɛ nkyekyemu[sesa]

Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so  Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA du baako (kabom mayɛ nya mansini num, ordinary Assembly num). [5]Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chiec Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;

Districts of the Upper West Region
Districts of the Upper West Region[6]
# MMDA Name Capital MMDA Type Population
1 Daffiama-Bussie-Issa Issa Ordinary
2 Jirapa Jirapa Municipal
3 Lambussie-Karni Lambussie Ordinary
4 Lawra Lawra Municipal
5 Nadowli-Kaleo Nadowli Ordinary
6 Nandom Nandom Municipal
7 Sissala East Tumu Municipal
8 Sissala West Gwollu Ordinary
9 Wa East Funsi Ordinary
10 Wa Municipal[7] Wa Municipal
11 Wa West Wechiau Ordinary

Naa Duasini Seidu Pelpuo a ɔtɔ so nan-Wa.[sesa]

Nnipa titire ne akukudamfoɔ a agye din wɔ Upper East Region ne:

  • Ɔmanpanin Dr. Hilla Limann a ɔfiri Gwollu,
  • Al-Haji Amin Amidu Sulemana a ɔfiri Jawia
  • Kuoro E. K. Mumuni Dimbie from Wallenbelle
  • Hon. Bede Ziedeng a ɔfiri Lawra
  • Cardinal Peter Poreku Dery a ɔfiri Nandom,
  • Peter Nanfuri a ɔfiri Jirapa,
  • Kwesi Nyantakyi a ɔfiri Wa,
  • Samini from Wa-Sombo,
  • Wiyaala a ɔfiri Funsi
  • Naa Polku Konkuu Chiir from Nandom
  • Naa (Dr.) Puore Puobe Chiir from Nandom
  • Rear Admiral Chemogoh Kevin Dzang (MSG) from Nandom
  • Benjamin Kunbuor from Nandom,
  • Rt. Hon. Alban Sumana Kingsford Bagbin from Sombo
  • Former Deputy Regional Minister Kale Cezario
  • Lawyer Wahid Bampuori-Iddrisu from Wa
  • Ambrose Dery from Nandom
  • Chief Simon Diedong Dombo from Jirapa
  • Justice Yonni Kulendi from Issa
  • Sangu Delle from Nandom
  • Maazu Dramani Bayuoni from Tumu
  • Hon.Dr.Rashid Pelpuo from Wa
  • Prof. Frederick McBagonluri
  • Dr. Samad Dimbie a ɔfiri Wallenbelle

Afahyɛ a wɔdi no wɔ Upper West Region[sesa]

Afahyɛ a wɔdi no wɔ Upper West Region ne:[8]

  • Dumba Festival
  • Paaragbiele Festival
  • Kobine Festival

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://citinewsroom.com/2021/05/sissala-west-mp-laments-exclusion-of-sissala-areas-from-eu-funded-road-projects/
  2. GOG(MLGRD)
  3. ghanadistricts.com
  4. https://www.tasteatlas.com/tuo-zaafi
  5. https://www.citypopulation.de/en/ghana/admin/10__upper_west/
  6. Upper West Region – Districts
  7. "Contractors who do shoddy work to pay more for maintenance - Roads Minister warns - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-20.
  8. https://touringghana.com/upper-west-region/