Savannah Region

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Savannah Region(About this soundpronounciation of "Savanah Region" ) ka mantam foforɔ a wate wɔ Ghana no ho ɛna ɛyɛ mantam a ɛso paa wɔ ɔman yi mu. Yagbonwura Tumtum a Boresa Jakpa I a ɔyɛ Gonja Traditional Council a ɔde adesrɛ kɔeɛ maa wɔtee saa mantam no. Berɛ a ɔnyaa mmuaeɛ papa firii mpaninfoɔ a ɛwɔ atifi mantam no(mantam a wɔyi firii mu) Brobbey kɔmisa,(kɔmisa a wahyɛ wɔn sɛ wɔnte mantam foforɔ no),wɔtoo aba wɔ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu. Wɔn a wɔgye tom no bɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduokron nkron akyiripɔ nson. Ghana manpanin tintim so yii amamra 115 kyerɛɛ Yagbonwura wɔ Jubilee House,Nkran ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du mmienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu. Gonjaland mma mmarima ne mma mmaa ne ɛnkane ne ɛnɛ mmarahyɛbadwafoɔ, MDCEs ne wɔn a wayi wɔn nyinaa kɔɔ nhyiamu no ase. Wɔdaa Damongo adi sɛ ɛno ne Savannah Region a wate no foforɔ no ahenkuro. [1]Ɛwɔ ɔman no atifi fam. Wakyɛ Savannah Region no mu mansini nson; Bole, Central Gonja,North Gonja,East Gonja,Sawla)Tuna/Kalba,West Gonja, North East Gonja ne mpesoa nson;Bole/Bamboi, Damongo,Daboya/Mankarigu, Salaga North,Salaga South, Sawla/Tuna/Kalba ne Yapei/Kusawgu. [2]Bole mansini ahenkuro ne Bole,East Gonja Municipal deɛ ne Salaga,West Gonja mansini nso deɛ ne Damongo; Sawla Tuna Kalba mansini deɛ ne Sawla; Central Gonja yɛ Buipe; North Gonja ahenkuro ne Daboya ɛna North East Gonja deɛ ne Kalba.[3]

Abakɔsɛm[sesa]

Aba a wɔtoo no ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu na wɔgye tomm sɛ wɔnte Savannah Region,a nnipa mpem mmienu ne nsia ne ahasa aduonum a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduokron nkron akyiripɔ aduonum mmienu na ɛtoa so. [4][5]CI 115 tintim nkrataa no so dekyerɛ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du mmienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu.[6]

Asaase ne emu nnipa ne ewiem nsakraeɛ nsɛm[sesa]

Baabi a ɛwɔ ne sɛdeɛ ɛteɛ

Savannah Region ne North a ɛbɛn upper west Region bɔ ahyeɛ, wɔ west no ɛne Ghana -Vote d'Ivoire na ɛbɔ hyeɛ,ɛne Bono ne Bono East mantam bɔ hyeɛ wɔ South ɛna ɛwɔ ɛne North East ne Northern Region. Mansini nson na ɛwɔ Savannah Region.

Ewiem Nsakraeɛ ne mfudeɛ

Savannah Region yɛ beaɛ ɛpɛ wɔ hɔ paa sene Southern mmeaɛ a ɛwɔ Ghana,ɛnam sɛ ɛbɛn Sahel ne Sahara nti. Nwura no pii no ara yɛ ɛserɛ ne titire Savannah a ɛwɔ nnua ahodoɔ bi a ɛho yɛ na te sɛ baobab,anaa acacias. Wɔ ɔpɛnimaa ne Oforisuo bosome ntam na ɛyɛ ɔpɛ berɛ. Nsutɔberɛ no yɛ Kitawonsa ne ahinime bosome ntam a nsuo no tɔ no bɛyɛ sɛ 750-1050mm (30-40 inched). Ɛpɛ berɛ na ewiem yɛ hye paa na ano ba fam ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn bosome mu. Saa ara nso ɔpɛ a ano yɛ den mframa firi Sahara na abɔ afiri ɔpɛnimaa ne ɔpɛpɔn ahyɛaseɛ. Ewiem hyeɛ ne ne nwunu no tumi sesa firi 14°c(59°F) anadwo ne 40°c(104°F anɔpa ntam.

Nsrahwɛbea[sesa]

Elephants at Mole National Park
  • Mole National Park
  • Bui National Park[7] (now defunct due to Bui National Dam)
  • Larabanga Historic Mosque[8]
  • Wechiau Hippo Sanctuary[9]

Nnipa dodoɔ a ɛwɔ hɔ[sesa]

Nnipa pii wɔ Savannah Region ɛnam borɔfo kasa a ɛyɛ ɔman no kasa nti, nnipa pii no ara a ɛte hɔ no ka Oti-Volts kasa a ɛyɛ abusua a ɛwɔ Niger-Congo abusua kasa, ebi ne Gonja,Vagla,Dagbani, Mamprusi anaa Tamprusi.

Ɔsom[sesa]

Nnipa pii a ɛwɔ Savannah Region yɛ nkramofoɔ[10]

Sukuu a ɛwɔ hɔ[sesa]

Bole Ntoasoɔ Sukuu.[11]

Adwumayɛ nkyekyemu[sesa]

Mantam amanyɔsɛm adwuma no nam mpɔtam amammuo so  Wɔ saa nhyehyɛeɛ yi so no, wakyɛ mantam no mu akɔ MMDA nson(kabom mayɛ nya mansini mmienu,ordinary Assembly num). [12]Mansini, mansini adantam anaa Metropolitan Assembly biara no chiec Executive, a ɔgyina hɔ ma Central government na nso ɔnya ne tumi firi ekuoba bi a ɔmanpanin ayi no wɔ wɔn mu a ɔda Assembly no ano.Edin no na ɛdidisoɔ yi;

Districts of the Savannah Region
Districts of the Savannah Region
# MMDA Name Capital MMDA Type
1 Bole Bole Ordinary
2 Central Gonja Buipe Ordinary
3 North Gonja Daboya Ordinary
4 East Gonja[13] Salaga Municipal
5 North East Gonja Kpalbe Ordinary
6 Sawla-Tuna-Kalba Sawla Ordinary
7 West Gonja[14] Damongo Municipal

Nnipa titire a ɛwɔ ɔman no mu[sesa]

John Dramani Mahama

Beaɛ a mmoa firii[sesa]

  1. https://lgs.gov.gh/index.php/savannah/
  2. https://citinewsroom.com/2019/05/20/savannah-will-soon-catch-up-with-other-regions-akufo-addo-assures/
  3. https://lgs.gov.gh/index.php/savannah/
  4. https://www.ghanabusinessnews.com/2018/12/29/all-six-proposed-regions-meet-constitutional-threshold-requirements-ec/
  5. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  6. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Savannah-Region-will-benefit-from-her-natural-resource-deposits-Akufo-Addo-722842
  7. http://ghanawildlife.org/bui.html
  8. https://haunsinafrica.com/2018/07/24/ghana-historic-mosques-larabanga/
  9. https://haunsinafrica.com/2018/05/11/visiting-the-wechiau-hippo-sanctuary/
  10. "Archive copy" (PDF). Archived from the original (PDF) on 2018-07-12. Retrieved 2022-07-06.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  11. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/assistant-headmaster-of-bole-shs-arrested-for-allegedly-raping-student.html
  12. https://web.archive.org/web/20130118104026/http://www.ghanadistricts.com/region/?r=6
  13. "MP redeems campaign pledge in donating brand new motorcycles - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-20.
  14. "Driver's 'mate' feared dead in accident at Damongo - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-19.