Bolgatanga

Ɛfi Wikipedia

Bolgatanga , a wɔfrɛ no Bolga, yɛ kuro ne Bolgatanga mansini ne atifi mantam a ɛwɔ Ghana ahenkuro, [1]a ɛwɔ ɔhyeɛ ne Burkina Faso nkyɛn mu. Bolgatanga wɔ mpem mmienu ne du mmienu tenabea na nnipa dodoɔ bɛyɛ sɛ mpem aduosia nsia, ahansia ne aduowɔtwe num. [2]Sɛ worekɔ Bolgatanga a ɛyɛ 161km(100miles) dekɔ North of Tamale. Bolgatanga wɔ Red Volta River valley(a gyina hɔ ma ɛkwan a asono fa so de tu firi hɔ),a white Volta River ne Gambaga cliffs ka ho dekɔ kuro no anaafoɔ a ɛka bom yɛ Southern ɛhyeɛ wɔ upper East mantam.[3]

Bolgatanga Abakɔsɛm[sesa]

Wɔnyaa edin Bolgatanga (Bolgatanga) firii Giredi asɛmfua bolba"wɔn a wɔtu firi wɔn kurom kɔ kuro foforɔ so" ne tanna "pyramid". Abakɔsɛm mu no na Bolgatanga wɔ Southern a ɛwɔ tete trans-saharan trade route. Eastern kwan no na ɛne sahelian kwan no a ɛbɛn Bolgatanga korɔ. Wɔ kwan no so no, wɔde adwinneɛ bi te sɛ straw basket, ɛkyɛ ne nhunuuiɛ, saa ara no na lɛda nnoɔma,agudeɛ ne kurom hɔ atadeɛ a wɔtaa hyɛ-sesa bese ne nkyene. Apueɛ mantam a ɛyɛ beaeɛ a Bolgatanga wɔ no ka baabi a wɔfrɛ no upper Region. Wɔ afe apem ahankron ne mmienu ne afe apem ahankron ne aduosia ntam no, na Northern ahenie yɛ British dea;wɔkyɛɛ mu Northern ne upper Region wɔ Kitawonsa bosome a ɛdikan wɔ afe apem ahankron ne aduosia mu. Wɔkyɛɛ Upper Region nom maa no yɛɛ upper East ne upper west Region wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa. Wɔn a wɔte Bolgatanga no tu firii hɔ kɔɔYoa, mpɔtam bi a ɛwɔ Kasena Nanka a East mansini Adantam. Apoka Kariyane na ɔdii Tanzui a ɛyɛ Apoka biisi ma Bukere mpɔtam a ɛwɔ Bolgatanga so. Mpɔtam a ɛwɔ Bolgatanga -Atulbabiisi,Dagweon,Bukere,Soe,Yarigabiisi,Zuarungi,Poaliko,Tindaamoligo,Gumbiisi Zongo,Zongo.

Kwan a wɔfa so kɔ baabi[sesa]

Wɔwɔ ɛhyɛn a ɛfa obi firi Bolgatanga kɔ nkuro akɛseɛ bi te sɛ Nkran, kumase,Mim, Ahafo, Cape Coast, Sunyani, Tamale, Tema, Ho, Wa Elubo, Aflao, Techiman.

Bolgatanga Abrabɔ

Bolgatanga yɛ beaɛ a wɔ sini nnoɔma ma Upper East mantam, a ɛwɔ edwa kɛseɛ. Nnoɔma a ɛwɔ hɔ nyinaa akyire no, wɔyɛ Bolga kyɛ wɔ hɔ sane tɔn no wɔ Bolgatanga hɔ. Bolgatanga ne nkuro a atwa hɔ ahyia nyinaa nso wɔ nnipa dodoɔ a wɔyɛ lɛda adwuma, straw basket ne batakari. Deɛ ɔdwini nnoɔma no tɔn ne nyinaa wɔ Bolgatanga dwam, a wɔgye no ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa biara. [4]Wɔwɔ museum wɔ kuro nom a ɛda wɔn abakɔsɛm a ɛho wɔ mfasoɔ wɔ Upper East mantam.[4]

Ewiem Nsakraeɛ[sesa]

Bolgatanga wɔ ewiem nsakraeɛ a ɛyɛ hye kakraa.

Adwuma ne Aduane[sesa]

Kuayɛ ne adwuma titire a wɔyɛ no wɔ hɔ. Wɔde wɔn ho gye ayio,aburo, atokoɔ, ɛmoo, edua, nkateɛ ne Aborɔdwoma adwuma mu wɔ nsuo tɔ berɛ na wɔdua gyene, ntoosi ne mako ɛpɛ berɛ mu na wagu so nsuo. Ɛkame ayɛ sɛ kuani biara yɛn anomaa anaa aboa. Aduane a bolgafoɔ di paa yɛ Tuo Saafo(TZ) a wɔde ayio,aburo anaa atokoɔ sam ne ayoyo nkwan(beyi) ayɛ, ɛne mmore koko

Nsrahwɛ[sesa]

Adansie ne beaeɛ a ɛtwe nnipa kɔ Bolgatanga

Schools in Bolgatanga[edit][sesa]

  • Bolgatanga Senior High School (mixed)
  • Bolgatanga Nursing Training College (mixed)
  • Bolgatanga Midwifery College
  • Bolgatanga Technical Institute
  • Bolgatanga Girls' Senior High School (Girls)
  • Zamse Senior High School (mixed)
  • Zuarungu Senior High School (mixed)
  • Zuarungu Nursing Training College
  • Bolgatanga Polytechnic

Bolgatanga nnwomakorabea yɛ ntwereɛ sononko bi a wayɛ ama atitirefoɔ bi a ɔwɔ America,J. Max Bone,Ne, a Le Corbusier na ɔtee no beae. Bono tenaa Ghana bɛyɛ mfeɛ nan wɔ 1960s nom.[4] Na Bolgatanga nnwomakorabea no yɛ dwumadie bi a ɛdikan a ɛho hia berɛ a na ɔreyɛ adwuma ama national contruction Company. [4]

Paga crocodile ponds

    • Bɛyɛ 40km(25miles) firi Bolgatanga yɛ paga, efie ma dɛnkyɛm a wɔn ho te. Wɔyɛ dɛnkyɛm a wɔpɛ nnipa wɔ Ghana, na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ adehyeɛ kra te wɔn mu. Wɔ ne nam nsuo no mu a ɛmma obi tiri mu mpo sɛ wɔnni wɔn bɔne
    • Beaeɛ a wɔ nwene nnoɔma wɔ Bolgatanga
    • Ɛyɛ beaɛ a wɔda wɔ adwini adi na wɔtɔn kɛntɛn a wɔnnene, batakari, ɛkyɛ,, baage , lɛda nnoɔma (baage, mpaboa),Tɛma, twoobi, sculpture, ceremics (bowl), twene, mali, Nigeria ne aman foforɔ adwinneɛ.
  • Wɔsii no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu a ɔsoafoɔ a ɔwɔ hɔ na ɔsii de boa ama Ghana ne abibiman amammerɛ atu mpɔn
  1. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/upper-east-regional-police-command-acquires-3-motorbikes-to-increase-patrols.html
  2. https://web.archive.org/web/20120111172126/http://bevoelkerungsstatistik.de/wg.php?x=1170623253&men=gcis&lng=de&dat=32&geo=-85&srt=npan&col=aohdq&pt=c&va=x
  3. https://web.archive.org/web/20140419025336/http://www.bolga.ghanadistricts.gov.gh/
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 https://web.archive.org/web/20140317232152/http://www.touringghana.com/regions/uppereast_region.asp