Kitawonsa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kitawonsa(About this soundpronounciation of "Kitawonsa" ) yɛ bosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no mu. Wɔ borɔfo kasa mu no yɛfrɛ no July.[1][2] Kitawonsa hyɛ Ayɛwohomummɔ ne Ɔsanaa ntam. Ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ nnafua aduasa baako. Wɔde ne brɔfo din July no too Romanfoɔ panin bi a yɛwoo no bosome kitawonsa no mu. Saa bosome yi wɔ nnafua aduasa baako te sɛ abosome Ɔpɛpɔn, Ɔpɛnimma ne Ɔbɛnem.[3][4]

Abakɔsɛm[sesa]

Kitawonsa yɛ edin a Akanfoɔ a wɔwɔ ɔman Gaana mu de ma bosome a ɛtɔ so nnson wɔ afe no mu. Kitawonsa yɛ ofupɛ bere.[2] Ɛyɛ bere a ɛtwatoɔ wɔ nsu toɔ bere a edin kan wɔ anaafo fam wɔ ɔman Gaana mu, ena ɛyɛ nsu toɔ bere wɔ atifi fam wɔ ɔman Gaana mu. Kitawonsa bosome wɔ afahyɛ bi tisɛ Asafotu-fiam, Panafest, Ohum, Damba, Bakatue ne Kente a ɔman Gaanafoɔ edi[5].

Nna atitirew anaa nnapɔnna wɔ bosome no mu[sesa]

Wɔ ɔman Gaana mu no afahyɛ ahorow ne nkaeda ahorow bi wɔ hɔ a wɔhyɛ no nsow wɔ Kitawonsa bosome no mu. Ebi ne: Gaana Adehyeman Nkaedi da (Republic Day). Afe biara Kitawonsa da a edi kan no Ghanafo kae da a ɔman no bɛyɛɛ adehyeman. Saa da nnyɛ dapɔnna nanso wɔkaw saa da yi afe biara wɔ Ghana.[6][7]

Asafotu-fiam,

Panafest,

Ohum,

Damba,

Bakatue ne

Kente a ɔman Gaanafoɔ edi[5].

Nnwoma ahodoɔ a menyaa mmoa firii mu[sesa]

  1. https://learnakan.com/months-in-twi/
  2. 2.0 2.1 Archive copy, archived from the original on 2021-04-23, retrieved 2021-04-28{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://whatanswered.com/education/what-months-have-30-days.php
  4. https://online-calculator.org/how-many-months-have-30-days.aspx
  5. 5.0 5.1 https://www.easytrackghana.com/cultural-overview-ghana-festivals.php
  6. https://www.timeanddate.com/holidays/ghana/republic-day
  7. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/features/What-is-Republic-Day-in-Ghana-615882