Kente (Nwentoma)

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Kente)
Kente
Kente ahorow
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Nnwentom yɛ din a wɔde frɛ kente wɔ Akanfo nkurow mu. Wonya kente yi fi slikyi ne asaawafuturu berea wɔn anwene ntoma no nteatea de abomu ama no ayɛ kɛse mua. Akanfo nkurow ahorow a wɔwɔ Gaana, Abibiman Atɔe no edi kente ho dwuma paa. Saa nkurow no bi ne Asanteman( Bonwire, Adanwomase, Sakora Wonoo ne Ntonso. Saa nkuro yi nyinaa wɔ Kwabre wɔ Asanteman ). Nnipa a wɔwɔ Anafo- Apue, Mfinimfini me Atifi mantam nso fura kente. Edin kente no fi asemfua kenten wɔ Asante kasa mu. Akanfo frɛ kente nwentoma a ase kyerɛ sɛ ntoma a wɔn anwene . Kan no, na ɛyɛ Akanfo ahenfo ntoma a na ahenfo no fura no dapɔn nna nkotoo afei nso na wonni ho agoru koraa. Nanso mmerɛ kakra yi de, nnipa pii fura kente a wonni ho agoru koraa de nnidi a ɛsɛ ma ntoma no.

Biribi su[sesa]

Adweneasa ka kente ntoma ahorow no bi. Ne nnwene no yɛ soronko efirisɛ wɔto wɔn bo hyehyɛ nhoma no yie de hyɛ kwan biara aka ne nwene no mu. Akanfoɔ pɛ kente a, wɔhwehwɛ no fi din a ɛdaso titiriw ansa na wɔnahwɛ sɛ ɛyɛ tumtum, kɔkɔɔ anaa fitaa ansa na sɛnea ne nwene no te. Mpɛn pii no, kente hu mu gyina "pattern" a ɛda mu wɔ ne tenten nwene no mu nanso ɛyɛ a, nsonsonoe ketewa bi na ɛda kente no din ne ne nwenebea mu. Akwan ahorow a wɔnya din de to kente so no bi fi kasakoa, nneɛma titiriw bi a ɛsi, ahenfo atitiriw, ahenfo maame ne nnua mu. Ne saa nti, ntoma no gyina hɔ ma ade a, ɛdi mu.

"Abibire Atɔe" dii kan nyaa wɔn ntoma nwene kwan mmere pii a atwam. Na wɔnwene fa "strip weave" kwan so. Nanso, Akanfo abakɔsɛm kyerɛ sɛ, wɔn de, wɔhyɛɛ, ase nwene wɔankasa ntoma a obiara anfi baabi ankyerɛ wɔn sɛnea wɔ nwene ntoma. Kente ntoma ahyɛase fi Akan-Asanteman mu wɔ Ghana. Kente ntoma nwene fii ase wɔ Akanfo tete ɔman kɛse Bonoman. Akanfoɔ ahorow a wɔ fii Bonoman no kɔ kyekyee wɔn nkurow nketekete. Ayigbefo a ɛwɔ ɔman Ghana mu gyidi sɛ kente hyɛɛ ase fii wɔn hɔ na ɛmmom akwan a wɔfa so nwene ade mfitiase de ennfi wɔn hɔ. Ayigbefo yi san kase edin "Kente" no fi asemfua "Kete" a , asekyerɛ ( bue ne mia ɔ wɔ wɔn kasa mu sɛnea wɔnwene kente wɔ ne dua so no.

Nhwehwɛmu[sesa]