Tatale

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tatale(About this soundpronounciation of "Tatale" ) yɛ Ghana aduane a ɛte sɛ abrɔfo man mu "pancake".[1] Wɔde brɔde a agyene anaa kɔkɔɔ na ɛyɛ tatale. Aduane a nkurɔfo pii taa di a wɔde tatale ka ho ne aboboi anaa dua a yanoa. Neyɛ nyɛ den koraa na.[1]

Sɛnea wɔnoa no[sesa]

Sɛ wopɛ sɛ wonoa tatale a, wobɛhia brɔdeɛ a agyene anaa kɔkɔɔ, aburo sam, akekaduro ne mako. Wobɛ pɔtɔ kɔkɔɔ no na wode wo gyeene, akekaduro ne mako a w'ayam nso afra. Afie wode aburo sam kakraa bɛka kɔkɔɔ no ho na waka afra. Gyaw kɔkɔɔ no bɛyɛ sima aduasa.[1][2]

Fa kyensen a yɛde kyew ade si agya so. Hwɛ sɛ kyɛnsee no ayɛ hye na fa ngwo kakraa gu mu.[1][2] Afei wobetumi ati wo kɔkɔɔ no agu kyensee no mu nkakrankakra. Fa atere dane wo kɔkɔɔ no wo kyɛnsee no mu. Sɛ wo tatale no ben a wobetumi de wo aboboi aka ho adi.[1][2]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 https://www.196flavors.com/ghana-tatale/
  2. 2.0 2.1 2.2 https://biscuitsandladles.com/tatale/#.YQCAO477TDc