Wiawso

Ɛfi Wikipedia

Sefwi Wiawso yɛ kuro a ɛwɔ Sefwi -Wiawso mansini adantam a ɛwɔ Ghana. N'ahenkuro ne Sefwi-Wiawso mansini adantam ne Western North Region. Wiawso yɛ Sefwi-Wiawso Ɔmanhene atena nkonwa. Beaɛ a Wiawso no hyɛɛ aseɛ no yɛ bepɔ a ɛwɔ Sefwi -Wiawso a ɛwɔ asaase no so. Wiawso ne Sefwi Dwenase wɔ sika nnwumakuo, Government agency-offices, lorry terminals ne dwadie kɛseɛ a ɛwɔ Sefwi Dwenase. Wiawso yɛ baabi a wɔyɛ kookoo,timba, ne atea.

Abakɔsɛm[sesa]

Sɛdeɛ nkuro ne nkurase bi a ɛwɔ Ghana wɔ edin no, yɛwɔ anansesɛm ne abakɔsɛm a ɛwɔ edin Sefwi Wiawso ho. Na Asaase a Sefwi Wiawso wɔ so no yɛ kwaeɛ biretuo a ɛwɔ asaase pa. Berɛ a wɔkɔ ahayɔ no nnipa no bɛhunuu asaase no tumi a ɛwɔ a abɛyɛ Wiawso kuro. Mmerɛ bi a atwam no, saa akuafoɔ no hunuu asaase no dɔre a adɔre na na ɔgyinaa so yɛɛ kookoo fuo wɔ hɔ. Wɔn a wɔdii kan kɔtenaa hɔ no yɛ ɔhene no abusua, Nana Kwasipani Bumankam ne ne yere Kooko Adwoa.

Wɔgyedi sɛ Ɔbaa a ɔdii kan wɔ asaase no so no na ɔdi nkateɛ afuo wɔ bepɔ no so nti wɔnyaa awia wɔ hɔ mpem pii. Akyire no ɔtoo saa nkateɛ afuo no din "Ehyia wo so" a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ awia wɔ ha. Saa beaeɛ yi yɛ baabi a wɔfrɛ no Sefwi Wiawso a nnipa bɛsii fie wɔ hɔ. Wɔsusu sɛ Nana Kwasipanin Bumankam baa hɔ bɛkumm ɔsono wɔ baabi a Sefwi Wiawso nsaase wɔ ne baabi a wɔsiesie sane ho aboa no. Akyire no ɔhene no bɛhunuu sɛ saa beaeɛ hɔ yɛ a wɔbɛtumi atena hɔ na wɔhunuu saa kwan nwanwasoɔ yi berɛ a ɔwoo dɔɔso wɔ hɔ no. Ɛno na ɛbɛma wɔn ahunu atamfo a ɛbɛba wɔn soɔ.

Nnipa no tu kɔɔ kɔtenaa Sefwi-Wiawso highland no so berɛ a Sefwi hene a ɔtɔ so nsia, Nana Bumankam te akonnwa so no. Saa beaɛ yi na atu mpɔn abɛyɛ Sefwi Wiawso ɛnnɛ,asaase a emu nnipa no ara anigye asasedwuma ho.

Mpɔtam a ɛwɔ Jew[sesa]

Jew mpɔtam yɛ efie ma Sefwi Wiawso a wɔfrɛ no Israel fie. Mpɔtam no maa Sefwi-Wiawso mpaebɔfie no kaa hɔ.[1]

Sikasɛm[sesa]

Asasedwuma yɛ sika dwuma a ate atese wɔ Wiawso a ɛma sika paa, nnipa bɛyɛ sɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe na wɔde wɔn ho gye saa adwuma no mu a ɛma wɔn sika. Yɛwɔ kuadwuma mmiɛnsa a ɛho hia paa ne mmoa a wɔyɛn, nnuane ne cash crop kuayɛ. Emu deɛ ɛhia paa yɛ kokoo a akuafoɔ a ɛwɔ Wiawso ne mpɔtam pii no ara yɛ.[2]

Nnwomasua[sesa]

Sukuu a agye din wɔ Wiawso paa ne Wiawso College of Education, Sefwi Wiawso Senior High School Sefwi Wiawso Senior High Technical School ne Sefwi Wiawso Nursing & Midwifery Training College (NMTCSW)[3]

Nsrahwɛ

The Tree of God (Nyame Dua) Nyame Dua no wɔ Nyamebɛkyerɛ, sɛ wofiri Sefwi rekɔ hɔ a ɛbɛyɛ kwansini 5km. Wɔkyerɛ sɛ bɛyɛ sɛ mfeɛ ɔha aduonum ni, kuani bi de sekan twaa dua na saa ahyɛnsodeɛ no da so wɔ dua nom. Dua no anyini sene kane no na ɛnnɛ dua no mfimfini atwa akyia saa sekan no ahyɛnsodeɛ no.

Abibirim sacred tortoise forest Ɛyɛ kwaeɛbiretuo a wɔagyae ato hɔ a nkyekyedeɛ te mu. Sɛ obi hu akyekyedeɛ no bi na sɛ ɔfa a na kwaeɛ no mu ayɛ tumm. Kɔpem sɛ akyekyedeɛ no bɛkɔ ne nkyi ansa na hann aba,ɛnyɛ saa obi ntumi nhunu kwan mfiri kwaeɛ hɔ. Ɛwɔ Sefwi Biako, bɛyɛ kwansini 21km sɛ wofiri Sefwi Wiawso rekɔ hɔ a.

Ancestral hole Yɛn nananom amena no wɔ Sefwi Bosomoiso, bɛyɛ kwansini 4km sɛ wofiri Sefwi Wiawso rekɔ hɔ a. Wɔgye di sɛ Bosomoiso adehye abusua a ɛwɔ mpɔtam hɔ no firi saa amena no mu. Wɔgye di sɛ amena no atwa dua ho ahyia a ɛnso nanso nwura biara nte ntɔ mu. Wɔate sɛ amena no wɔ ayaresa tumi(Western Region:Human Development report 2013 a ɛfiri UNDP hɔ)[4]

Afahyɛ[sesa]

Ahemfo ne nnipa a ɛwɔ Sefwi-Wiawso nyinaa di

Alluolue Afahyɛ (Bayerɛ,Ekuo). Wɔdi saa afahyɛ no de kae adeɛ pɔtee bi a ɛsii hɔ mfeɛ bi a atwam.[5] Wɔsusu sɛ afahyɛ no de nnipa ba hɔ ma wɔ dwene mpɔtam no mpuntuo ho na ama asomdwoe ne ayɔnkofa abɛda wɔn ntam. Sɛ wɔredi afahyɛ no a, wɔgye ahɔhoɔ na wɔkyɛ nnuane ne anonneɛ. Ɔmanfoɔ no hyɛ wɔn amammerɛ ntaadeɛ ɛna ahemfo nso ba adwabɔ no ase. Wɔsa sane bɔ twene wɔ aseɛ.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.timesofisrael.com/ghanas-deep-spirituality-points-some-joyfully-back-to-judaism/
  2. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2022-01-19, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. Archive copy, archived from the original on 2022-07-06, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2022-01-19, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://www.ghanaconsulatedubai.com/tourism.html
  6. Archive copy, archived from the original on 2020-09-26, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)