Cecilia Abena Dapaah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Cecilia Abena Dapaah
Ɔsoafoɔ Ɛhwɛ ahonidie ne Nsuo so
Bere
Ɛbɔ 2018 – Kitawonsa 22 2023
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Mmrahyɛbadwani ma Bantama Constituency
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2005 – Ɔpɛpɔn 6, 2013
OdikanfoRichard Winfred Anane
AnanmusiniHenry Kwabena Kokofu
Ne ho asɛm
Awo bere27 November 1954 (1954-11-27) (age 69)
Ne manGhananiGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma1
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Atlanta Institute of Management

Cecilia Abena Dapaah a wɔwoo no Ɔbubuo bosome da ɛtɔ so aduonu - nson wɔ afe apem ahenkron aduonum- nnan (27th March,1954)[1] no yɛ Ghana amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ni na na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Bantama mansini no. Na,ɔyɛ Ɔmansoafo abadiakyiri a ɔhwɛ Nsuo Ho Nneɛma, Adwumayɛ ne Adan, ne Ɔmansoafo a ɔhwɛ Wimhyɛn ne Ahonidie ne Nsuo Ho Nsɛm so.[2]

Ne Mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Dapaah wɔ Ɔbubuo bosome da ɛtɔ so aduonu - nson wɔ afe apem ahankron aduonum nnan. Ɔfiri Mpasatia a ɛwɔ Asante Mantam mu.[1] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn, na owiee sukuu no na ɔnyaa 'Bachelor of Arts' abodin krataa wɔ Franse ne kasa ho adesua mu wɔ afe apem ahenkron aduoson nkron. Ɔwɔ adansedie krataa wɔ akannie mu wɔ Harvard Kennedy Sukuu mu, ne abodin krataa akyi adansedie krataa wɔ Amanaman Ntam Nkɔso Adesua mu wɔ Oslo Sukuupɔn mu.[3]

Amammuo Mu[sesa]

Na Dapaah yɛ nkɔsoɔ adwumayɛfoɔ wɔ n’adwuma mu na ɔyɛ Ɔmampanyin John Kufour boafoɔ titire.[4] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu no, wɔpaw no sɛ 'Ghana Cocoa Processing Company Boayikuo no titenani. Wɔyii no firii adwumakuo no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu, na ɔkɔ yɛɛ Ɔsoafoɔ abadiakyiri a ɔhwɛ Nsuo, Adwumayɛ ne Adan ho so nsɛm so. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu no, wɔyɛɛ no ​​ɔsoafoɔ titire kɔsii sɛ John Kufour amammuo no baa awieeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu.

Cecilia Dapaah yɛɛ Ghana Mmarahyɛbadwani firi mfeɛ mpem mmienu ne num de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa. Ɔyɛɛ mmarahyɛbadwafie boayikuo ahodoɔ mu adwuma wɔ Ghana a ɛbi ne Adwumayɛ ne Adan; Afotufoɔ Boayikuo a wɔde ma Mmarahyɛbadwa no Kasafoɔ; Adwumayɛ, Asetra mu yiedie ne Mmabunu; Amannɔne Nsɛm Ho ; ne ɔman sika ho nsɛmTitiriw.[3]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Wɔpaa Dapaah sɛ mmarahyɛbadwani ma Bantama mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana nea ʋdi kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ New Patriotic Party no din mu . [1] Na ne mansin no yɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa aduasa nsi no fa wɔ nkonnwa aduasa nkron a New Patriotic Party amanyɔkuo no dii wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Asanti Mantam no mu.[2] New Patriotic Party amanyɔkuo no nyaa nkonnwa dodoɔ no ara a ɛyɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa ɔha ne aduonu nwwɔtwe wɔ nkonnwa ne dodoɔ nyinaa yɛ ahanu ne aduasa mu.[3] Wɔde mma mpem aduanan baako ne aduosia nnan (41,064 votes) na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu a na ɛyɛ mpem aduanan nkron, ɔha ne aduoson nnan ( 49,174 total valid votes) a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu Ɔha nkyekyemu aduowɔtwe mmiɛnsa akyire po num ( 83.5%) yɛ pɛ.[5][6] Wɔpa no sen Alhasan Napoh a ɛfiri National Democratic Congress ne Yaw Owusu Boafo a ɔfiriConvention People's Party mu. Yeinom nyaa mma a ɛfata nyinaa mu 14.8% ne 1.7% sɛdeɛ wɔ din didisoɔ no.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu no, ɔdii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party din mu maa ɔmansin korɔ no ara.Na ne mansin no yɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa aduasa nnan no fa wɔ nkonnwa aduasa nkron a New Patriotic Party amanyɔkuo no dii wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Asanti Mantam no mu. [4] New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbadwa nkonnwa ɔha ne nkron wɔ nkonnwa ahanu ne aduasa no mu. [5] Wɔde mma mpem aduasa nsia, ahenson ne nnwɔtwe (36,708 votes ) na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu na ɛyɛ mpem aduanan nnwɔtwe, ahenan ne aduoson nsia (48,476 total valid votes cast) a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu ɔha mu nkyekyemu aduoson nnum akyire po aduoson mmienu (75.72%) yɛ pɛ. [6] Wɔpaa no sen Nana Osei Akoto-Kuffour a ɔfiri Ɔmanyɔkuo National Democratic Congress, Osei-Tutu Richard a ɔfiri Convention People's Party, Eunice Owusu-Ansah a ɔfiri Reformed Patriotic Democrats ne Stephen Kwaku Saahene a na ɔgyina sɛ kontokrɔ ho. Yeinom nyaa mma a wɔtoɛ no nyinaa mu 14.45%, 5.52%, 0.91% ne 3.39% sɛdeɛ wɔn din didisoɔ no.

Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Wimhyɛn akwantuo so[sesa]

Wɔ 7 Ɔbɛnem 2017 no, Ɔmanpanyin Akuffo-Addo yii no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmansoafo a ɔhwɛ wimhyɛn so. [7] Ghana Mmarahyɛbadwa no Boayikuo a ɛpaw no no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ 8 Ɔpɛpɔn 2017. [8] Wɔ ne nhwehwɛmu mu no, ɔdii adanseɛ sɛ ɔbɛma wimhyɛn adwuma atu mpɔn wɔ Ghana, na nea ɛhia ne sɛ ɔbɛsan ahyɛ ɔman no mu wimhyɛn adwuma ase wɔ afe 2019 mu. Na ɔwɔ adwene sɛ, sɛ adwumakuo a ɛde nneɛma kɔ no nni hɔ a, ɛrema Ghana anya sika a ɛyɛ cedis ɔpepem pii. [9] [10] Ɔman no mu wimhyɛn a etwa to ne Ghana International Airlines a ɛhwee ase wɔ afe 2010 mu. [11]Oforisuo 2017 mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ Ghana renya nkɔsoɔ wɔ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɛbɛyɛ wimhyɛn gyinabea wɔ Afrika Atɔeɛ mantam mu. [12]

Ɔsoafo a ɔhwɛ Ahoteɛ ne Nsu Ho Nsɛm so[sesa]

Wɔde Dapaah kɔɔ Asoaeɛ a ɛhwɛ Ahonidie ne Nsuo ho Nsɛm so (Ministry of Sanitation and Water Resources) wɔ afe 2018 mu.[Wɔyɛɛ no ​​ɔhwɛfoɔ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmofra ne Asetena mu Ahobanbɔ so afe baako (2021–2022). [13] Ɔsomm wɔ ne dwumadie mu sɛ Ɔmansoafo a ɔhwɛ Ahoteɛ ne Nsuo Ho Nsɛm so ansa na ɔregyae adwuma wɔ Kitawonsa 22, 2023, ɛnam aniwusɛm bi a wɔkyerɛ sɛ ɛfa ne fie aboafoɔ a ɔde wiaa $1,000,000, €300,000 ne Ɔpepem pii wɔ mpɔtam hɔ sika mu wɔ ne mpa mu nti. [14]

Akyinnyegye[sesa]

Sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo asɛm bi a Office of the Special Prosecutor (OSP) de too gua kyerɛ no, wɔde Dapaah too afiase Memeneda, Kitawonsa 24, 2023, wɔ 11:55 GMT. Na kyere no fa adifudepɛ ne dwumadi ahorow a wɔkyerɛ sɛ ɛfa adifudepɛ ho a ɛfa sika kɛse ne nneɛma a ɛsom bo ho, a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ne fie adwumayɛfo baanu wiaa fii ne fie wɔ afe 2022 mu.[15]

Madam Hannah Fosua bi a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Ɔmansoafo no kan karkafoɔ yere kaa sɛ ne kunu hweree n’adwuma a na ɔreyɛ ama Ms Dapaah ɛfiri sɛ ɔtwee adwene sii nnipa a wɔabɔ wɔn soboɔ no nneyɛeɛ so.[16]

Andy Appiah-Kubi, Mmarahyɛbadwani a ɔhwɛ

so no hyɛɛ nyansa wɔ TV3 so sɛ anka ɛsɛ sɛ Ɔmampanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo de ne nsɛm a ɛfa Ɔsomfo no ho a ne ho nni asɛm anaa nea ɛnte saa ho no sie n’ankasa. [17]

Wɔ Ɛbɔ bosome 2023 mu no, Accra Asɛnnibea Kunini no hyɛɛ 'Office of the Special Prosecutor' sɛ wɔmfa sika a ɛwɔ ne sikakorabea akontaabu mu no mfi frigye mu na wɔmfa mma. [18] Dwumadibea no dii akwankyerɛ no so nanso akyiri yi wɔde ne sikakorabea akontaabu ne ne sika a ɔde asie no too nwini mu bio. Ɔfese no san de ne sika a ogye fii ne nsa no bae.[19]

Na Abrabɔ Dapaah aware a ɔwɔ abofra baako. Ɔyɛ Methodist Asɔre no muni.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://web.archive.org/web/20170731151528/http://www.odekro.org/person/cecilia-abena-dapaah/#
  2. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/plans-underway-to-dredge-owabi-barekese-rivers.html
  3. 3.0 3.1 https://web.archive.org/web/20230730193512/https://mswr.gov.gh/the-minister/
  4. Dapaah, Abena Cecilia (in American English), retrieved 2023-10-14