Richard Winfred Anane

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Richard Winfred Anane yɛ obi a yɛwoo no ɔbɛnim 12,1954.[1]ɔyɛ oduruyɛfoɔ ne Seisei ghana mmrahyɛbadwani a ɔsan yɛ soafoɔ ma Ɛkwan ne Kwantempɔn nsem so, soafoɔ ma Apomuden nsem so sane yɛ mmrahyɛbadwa mu nnipa a wasom Nhyiaeso firi afe 1997 de kɔsi 2017.[2]


Honorable
Richard Winfred Anane
Member of Ghana parliament for Nhyiaeso District
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2013 – Ɔpɛpɔn 6, 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
Member of Ghana parliament for Nhyiaeso District
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2009 – Ɔpɛpɔn 6, 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills, John Mahama
Ne ho asɛm
Awo bereObenim 12, 1954 (age 68)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patrotic Party
Mma4
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaMedical doctor


N’ABRABƆ NE SUKUU MU NSƐM[sesa]

Ɔfiri Santasi a ɛwɔ Ashanti mantam. Ɔgyee ne ntoasoɔ sukuu mu nteteeɛ wɔ Asanteman Senior High School. Wɔ afe 1983 mu nk, Anane abasobɔdeɛ wɔ MB CHB mu firii Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) a ɛwɔ Kumase.[3]

ADWUMA A ƆYƐ[sesa]

Na Anane yɛ dokotani wɔ Hebron Ayaresabea a ɛwɔ Bantama ansa na ɔrebɛyɛ mmrahyɛ badwa mu nnipa wɔ afe 1997 mu.[4]

MMRAHYƐ BADWA MU NSƐM[sesa]

Anane ka New Patriotic Party ho. ɔgyinaa wɔ2012 Ghana abatoɔ kɛseɛ no wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party ma ɔdii nkonim. abatoɔ no mu no ɔnyaa aba 36,067 firi aba 47, 535 mu de ɛgyina hɔ ma 75.9%. Wɔ 2012 abatoɔ no mu no, ɔbɛdaa sonoko wɔ ne mansini mu hɔ. [5]Anane som wɔ afa afa beberee mu. Mpo ɔbɛhyɛɛ John Agyekum Kufuor ase sɛ soafo a ɔhwɛ apɔmuden nsem so ne soafoɔ a ɔhwɛ ɛkwan ne kwantempɔn nsem so[6] firi afe 2001 de kɔsi 2006 mu.[7][8]

N’ABATOƆ MU NSƐM[sesa]

Yɛdii kan yii Anane sɛ mmrahyɛbadwani ma Nhyiaeso Mansini a ɛyɛ Ashanti Region, Ghana wɔ 2004 Ghana abatoɔ kɛseɛ no. Ɔdii nkonim wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party.[9][10] Na ne Mansini ka aduosa mmiensa mmrahyɛbadwa akonnwa a sɛ yɛte firi aduasa nkron a wɔdii nkonim ma New Patriotic Party abatoɔ no mu ma Ashanti Region. New Patriotic Party dii nkonim naa a na ɛyɛ Mmrahyɛbadwa akonnwa 128 sɛ yɛte firi nkonnwa 230 mu a. Ɔde aba 36,307 a yɛte firi 46,626 mu na ɔde nyaa mmrahyɛbadwa akonwa no. Yɛkeka abatoɔ no nyinaa bɔm no na ɛyɛ 77.9% . Yɛyii no gyaa Eric Baah-Nuako a na ɔyɛ National Democratic Congress ni ne Kwame Appiah Boateng a ɔno nso yɛ Convention People's Party ni. Yɛkeka bɔɔ mu no, wɔnyaa aba 8,908 ne 1,411 sɛ neɛ ɛteɛ. A na ɛyɛ 19.1% ne 3% wɔ aba no nyinaa mu.

Wɔ afe 2008 mu nso Ɔdii nkonim wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party ma mansini korɔ no a biom.[11][12]Na ne Mansini ka mmrahyɛbadwa aduasa nnan a yɛte firi aduasa nkron akonnwa no a New Patriotic Party nyaeɛ wɔ abatoɔ no mu ma Ashanti Region no.[13] . New Patriotic Party dii nkonim no ara wɔ mmrahyɛbadwa akonwa no mu ma wɔnyaa.109 sɛ yɛte firi 230 mu a. [14]Yɛyii no wɔ aba 36,067 ɔnyaeɛ no mu sɛ yɛ te tiri 47,535 mu a ɛyɛ abatoɔ no nyinaa. Yɛkeka abatoɔ no nyinaa bɔm no na ɛyɛ 75.87%. Ɔdii Joseph Bernard Boadu a ɔyɛ National Democratic Congress ni, Kwame Appiah Boateng a ɔyɛ Convention People's Party ni, Kwaku Bonsu a ɔyɛ Reformed Patriotic Democrats ni ne Kwame Owusu a ɔno nso nko ara gyinaeɛ no nyinaa so nkonim. Wɔnyaa aba 9,426, 1,055, 197 ne 790 nnidisoɔ sa ara wɔ abatoɔ no nyinaa mu. [15]A yɛkeka bɔm no na ɛyɛ 19.83%, 2.22%, 0.41% and 1.66% wɔ abatoɔ no mu.

Ɔsane dii nkonim wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ a yɛtoo no 2012 no mu wɔ tikiti a ɛyɛ, New Patriotic Party ma Mansini korɔ no ara.[16] [17]Ɔde aba 45,389 a yɛte firi aba ne nyinaa mu a ɛyɛ 56,558 na dii nkonim. yɛkeka aba no nyinaa bom a ɛyɛ 76.21% . Yɛyii no gyaa Nana Afua Anima a ɔyɛ National Democratic Congress ni, Yaw Sekyere a ɔyɛ Progressive People's Partyni, Emmanuel Dapaah a ɔyɛ Convention People's Party ne Peter Boakye-Yiadom a ɔyɛ National Democratic Party ni. Wɔnyaa aba 12,304, 666, 807 and 392 sɛ neɛ ɛsɛ wɔ abatoɔ ne nyinaa mu. a yɛkeka bom a ɛyɛ 20.66%, 1.12%, 1.35% and 0.66% Sɛneɛ ɛsɛ.




ƆSOM A ƆWOM[sesa]

Anane yɛ Roman Catholic ni. Waware wɔ mma nnan.[18]

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:1-1
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:1-1
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:1-1
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:1-1
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-3
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-4
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-5
  8. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-6
  9. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:2-7
  10. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:3-8
  11. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:4-11
  12. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:0-12
  13. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-13
  14. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-14
  15. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:5-15
  16. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:6-16
  17. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:7-17
  18. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Richard_Winfred_Anane#cite_note-:1-1