People's National Convention (PNC)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
People's National Convention
ƆkandifoɔDavid A.A. Apasera
OguamtenaniMoses Dani Baah
1st Vice ChairmanHajia Hajara Ali
General SecretaryJanet A. M. Nabla
National OrganiserAbas Nuhu
National youth OrganiserMark Ewusi Arkoh
National Women's OrganiserHidaya S. Ibrahim
FarebaeHilla Limann
Bre a wɔde sii hɔ27 July 1992 (1992-07-27)
AsoɛeArts Centre, Accra
IdeologyNkrumaism
Socialism
Pan-Africanism
Kɔa    Red, green and white
FeneƐyɛ kubɛ
Service with honesty
Parliament
0 / 275
Abatoɔ ahyɛnsodeɛ
Palm tree
Party flag
File:Pnc-ghana flag.gif

People's National Convention (About this soundpronounciation of "People's National Convention" ) yɛ amanyɔkuo a na ɛwɔ Ghana.[1] Bere a Ghana sane de Amanmmra amanmuo sane baa wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu no mu na kane manpanin Hilla Limann tee saa amanyɔkuo yi wɔ tirimupɔ a Ɔnya firii amanyɔkuo People's National Party (Gaana) a Ɔdii wɔn anim wɔ afe apem ahankron aduoson nkron abatoɔ a wɔtoeɛ no mu na wɔdii nkunim no[1]

Abatoɔ Ahodoɔ Mmɔdenmɔ[sesa]

1992 Abatoɔ[sesa]

Amanyɔkuo "People's National Convention" agyina wɔ abatoɔ akansie biara akɔso wɔ Ghana Adehyeman nnan yi mu biara gye sɛ mmrahyɛbadwa abatoɔ a ɛkɔɔso wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu mu no a amanyɔkuo afoforɔ bi ani annye ho no.

2004 Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu no, na amanyɔkuo yi ka wɔn a wɔsii akan no ho. Wɔnyaa mmrahyɛbadwafie nkonwa nnan firii nkonwa Ahanu ne aduasa no nyinaa mu. Owura Edward Mahama, na na ɔyɛ amanyɔkuo yi frankaa tuni, ɔnyaa mma no ɔha mu abupen baako akyire po nkron.

2008 Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ mu no, Amanyɔkuo no nyaa mmrahyɛbadwa nkonwa no mmienu . Wɔdeɛ ɛtɔ so nnan a na Edward Mahama agyina sɛ frankaatuni. Ɔnyaa mma no ɔha mu abupɛn hwee akyire po nwɔtwe.

2012 Abatoɔ[sesa]

Hassan Ayariga na ɔtuu frankaa maa amanyɔkua wɔn din ne "People's national Party" wɔ afe mpenu ne du baako (2011)

2016 Abatoɔ[sesa]

Amanyɔkuo yi yii ne mpanimfoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- num a Ɛmaa Edward Mahama bɛyɛɛ wɔ frankaatuni ɛna Bernard Mornah nso bɛyɛɛ ɔtitenani. Amanyɔkuo no fotosanefoɔ foforɔ no ne Akane Adams ɔbɛdii Owura David Apasera adeɛ, a na ɔyɛ and mmrahyɛbadwani de ma Bolga Central[2]. Hassan Ayariga a Ɔdii amanyɔkuo no anim de wɔn kɔɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu no gyaeɛ amanyɔkuo no bereɛ Ɔdii nkoguo maa Edward Mahama dii nkonim no. Ɛna ɔyɛɛ nadwene sɛ ɔbɛte ɔno ankasa amansan a yɛfrɛ no All People's Congress[3][4].

MMrahyɛbadwafie Abatoɔ[sesa]

Election Number of PNC votes Share of votes Seats +/- Position Outcome of election
2020 29,211 0.22% 0 0 4th Not represented in parliament
2016 42,236 0.39% 0 1 5th Not represented in parliament
2012 72,618 0.66% 1 1 5th Minority in parliament
2008 117,732 1.4% 2 2 4th Minority in parliament
2004 186,226 2.1% 4 1 3rd Minority in parliament
2000 224,657 3.4% 3 2 3rd Minority in parliament
1996 226,643 3.3% 1 1 4th Minority in parliament
1992 boycotted The minority parties boycotted the election

Presidential elections[sesa]

Election Candidate Number of votes Share of votes Outcome of election
2020 David Apasera 10,882 0.08% 5th of 12
2016 Edward Mahama 22,214 0.21% 5th of 7
2012 Hassan Ayariga 24,617 0.22% 5th of 8
2008 Edward Mahama 73,494 0.9% 4th of 8
2004 165,375 1.9% 3rd (Grand Coalition)
2000 189,659 2.5% 3rd of 7
1996 211,136 3.0% 3rd of 3
1992 Hilla Limann 266,728 6.7%

Beaeɛ me nyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://www.graphic.com.gh/news/politics/pnc-marks-40th-anniversary-of-limann-s-presidency.html
  2. http://www.graphic.com.gh/news/politics/edward-mahama-dethrones-ayaricough-as-pnc-flagbearer-mornah-elected-chairman.html
  3. https://www.graphic.com.gh/news/politics/hassan-ayariga-forms-all-people-s-congress.html
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/EC-clears-Ayariga-s-new-APC-for-2016-polls-410345