Moses Dani Baah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Moses Dani Baah yɛ Ghana amanyɔni na na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Sissala Apueeɛ mantam a ɛwɔ Upper West Region wɔ Ghana. Ná ɔyɛ Nnipa Ɔman Nhyiam no muni.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Baah wɔ July, 1951 mu. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ nyansahu ne mfiridwuma so (KNUST). Ɔnyaa Diploma wɔ Civil Engineering mu wɔ KNUST.[2]

Adwuma[sesa]

Baah yɛ Site Engineer wɔ n’adwuma mu.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Baah sɛ mmrahyɛbagua muni maa Sissala Apuei mantam, a kan no na ɛyɛ Sissala mantam a ɛwɔ Upper West mantam mu wɔ Ghana.[4] Ɔgyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu .[4]

2000 Abatow a Wɔyɛe[sesa]

Wɔpaw Baah sɛ mmrahyɛbadwani mma mantam a ɛwɔ Upper West mantam muGhana wɔ afe 2000 Ghana amansan abatow mu. Enti ɔgyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 16,009 na ɛpaw no wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.

Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 55.40% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Amidu Sulemana a ofi National Democratic Congress Party, Lamini M. Dawudu a ofi New Patriotic Party ne Issah Musah a ofi United Ghana Movement.

Eyinom nyaa abatow 12,046, abatow 632 ne abatow 219 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 41.70%, 2.20% ne 0.80% yɛ pɛ. Wɔde Peoples National Convention no tekiti na ɛpaw Baah.

Wɔpaw Baah sɛ mmrahyɛbaguani maa Sissala Apuei mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow mu. Ɔno, enti, ɔgyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu firi 7 Ɔbɛnem 2005 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2009.

Wɔde abatow 14,186 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 19,129 mu. Wɔpaw no sen Alhassan Dubie Halutie a ɔwɔ National Democratic Congress no mu. Wɔde Nnipa Ɔman Nhyiam no tekiti na ɛpaw Baah.

Na ne mansin no yɛ amansin mmienu pɛ a Nnipa Ɔman Nhyiamu no dii nkonim wɔ Ghana Atifi Atɔeɛ mantam mu wɔ afe 2004 Ghana Amansan abatoɔ no mu no fa. Abatoɔfoɔ a wɔwɔ Sissala Apueeɛ mantam mu no too aba wɔ ‘skirt ne blouse’ kwan so wɔ saa abatoɔ no mu sɛ ɔmampanyin a ɔdii nkonim wɔ amansin korɔ no ara mu ne John Kuffour a ɔfiri New Patriotic Party no mu.

Ne nyinaa mu no, kuw no dii nkonim wɔ mmrahyɛbagua ananmusifo 4 pɛ mu wɔ nkongua 230 a na ɛwɔ Ghana man a ɛto so 4 no mmrahyɛbagua a ɛto so 4 no mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 211.
  2. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 211.
  3. Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 211.
  4. 4.0 4.1 Ghana Parliamentary Register, 2004-2008. Ghana: The Office of Parliament. 2004. p. 211.