Ablekuma North (Ghana mmrahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ablekuma North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolis Mansini
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPNana Akua Owusu Afriyie

Ablekuma North(About this soundpronunciation of"Ablekuma North")  yɛ mpɛsoa no baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Ablekuma North wɔ Nkran"Metropolitan" a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.[1]

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Ga East mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

.Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no Adam Baako Nortey Yeboah a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) peree akonnwa no. Kwamena Bartels a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso peree akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996), mfeɛ mpem mmienu (2000) ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) ne mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012)nom no Justice Joe Appiah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party gyina maa mpɛsoa no. Nana Akua Owusu Afriyie a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nso gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016).

Bere Nnipa a yɛpaw no Amanyɔkuo
1992 Adam Baako Nortey Yeboah National Democratic Congress
1996 Kwamena Bartels New Patriotic Party
2000
2004
2008 Justice Joe Appiah New Patriotic Party
2012
2016 Nana Akua Owusu Afriyie New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ablekuma North no nnipa num na wɔgyina maa mpɛsoa no. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini Justice Joe Appiah nyaa mma aduanan num, ahannsia ne aduasa(45,630) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔ nsia(57.6). Ashford Tawiah Smith a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nyaa mma mpem aduasa,ɔha ne aduonum(30,150) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nnwɔtwe akyirepɔ baako (38.1). Mma apem, ahanum ne du mmienu (1,512) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nkron (1.9) na Ernest Kweku Ortsin a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo (convention people's party) nyaeɛ. Doris Osei Frimpong a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa mma apem, ɔha ne aduosia num (1,165) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ num(1.5%). Bala S Maikankan a ɔwɔ People's National convention nyaa mma no ahanson ne aduoson mmienu (772) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako (1.0%).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ablekuma North no, nnipa num na ɛgyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Kwamena Bartels a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nyaa mma mpem aduonum num, ahankron ne aduokron nkron (55,999) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia num akyirepɔ nan. Ashford Tawiah Smith a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nyaa mma mpem aduonu nson, ahankron ne aduowɔtwe nnwɔtwe (27,988) a ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmienu akyirepɔ nson(32.7). Benjamin Agbo a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaa ahanso ne aduosia nkron (769) a ɛyɛ akyirepɔ nkron(0.9). Bala S. Maikankan a ɔwɔ People's National convention nyaa ahannsia ne du mmienu (612) a ɛyɛ akyirepɔ nson(0.7) . Kow Asare Nyarko a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa ahasa ne nan(304) a ɛyɛ akyirepɔ nan(0.4)

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ablekuma North no nnipa mmiɛnsa na ɛperee mpɛsoa no akonnwa no. Kwamena Bartels a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo "New patriotic party" nyaa mma mpem aduasa nan, ahanum ne nnwɔtwe (34,508) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nkron akyirepɔ mmienu (69.2). Albert Okpoti Botchway a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" nyaa mpem du nan, ahanu ne aduasa nsia(14,236) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nnwɔtwe akyirepɔ nsia(28.6). Akokɔ amanyɔkuo "Convention People's Party" anamsini Doreen Naadjah Sackey nyaa mma apem ne aduokron mmienu (1,092) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ mmienu (2.2%).

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ablekuma North no, nnipa mmiɛnsa na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a wɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Ɔsono amanyɔkuo "New patriotic party" anamsini Kwamena Bartels nyaa mma mpem aduasa num, ahanson ne aduanan nson(35,747) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia baako akyirepɔ baako (61.1). Denanyoh Ben Mensah a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" nyaa mma mpem aduonu, ahanu ne du nan(20,214) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nan akyirepɔ num (34.5). Nathaniel Addo a ɔwɔ National convention party nyaa mpem mmienu, ahanum ne aduonum nkron (2,559) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ nan (4.4%).

2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Justice Joe Appiah
National Democratic Congress Ras Mubarak
Independent Nana Kwame Minimsaah
Progressive People's Party Ishmael Paakwesi Longdon
Convention People's Party Odartey Mills
People's National Convention Ali Awudu
National Democratic Party Nana Antwi - Boasiako
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba


2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Justice Joe Appiah 45,630 57.6 -7.8
National Democratic Congress Ashford Tawiah Smith 30,150 38.1 +5.4
Convention People's Party Ernest Kweku Ortsin 1,512 1.9 +1.0
Independent Doris Osei Frimpong 1,165 1.5 +1.1
People's National Convention Bala S. Maikankan 772 1.0 +0.3
Abatoɔ dodoɔ 15,480 19.5 -13.2
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
2004 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ablekuma North
Source:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Kwamena Bartels 55,999 65.4 -3.8
National Democratic Congress Ashford Tawiah Smith 27,988 32.7 +4.1
Convention People's Party Benjamin Agbo 769 0.9 -1.3
People's National Convention Bala S. Maikankan 612 0.7
Independent Kow Asare Nyarko 304 0.4
Abatoɔ dodoɔ 28,011 32.7 -7.9
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 85,926 84.7
2000 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ablekuma North
Source:Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Kwamena Bartels 34,508 69.2
National Democratic Congress Albert Okpoti Botchway 14,236 28.6
Convention People's Party Doreen Naadjah Sackey 1,092 2.2
Abatoɔ dodoɔ 20,272 40.6
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
1996 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ablekuma North
Source:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Kwamena Bartels 35,747 61.1
National Democratic Congress Denanyoh Ben Mensah 20,214 34.5
National Convention Party Nathaniel Addo 2,559 4.4
Abatoɔ dodoɔ 15,553 26.6
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 58,520 77.3

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. One District One Factory (1D1F)". www.moti.gov.gh. Retrieved 2020-12-27.
  2. Ghana Districts: A repository of all Local Assemblies in Ghana (Ablekuma North Home Page)". www.ghanadistricts.com. Retrieved 2020-12-27.