National Convention Party (Ghana)

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nationa Convention Party (Ghana) yɛ Amanyokuo a ɛwɔ Ghana a na ɛwɔ ho firi afe 1992 kosi January afe 1996.

Wɔ hyehyɛɛ amanyɔkuo no afe 1992 bre a woyii bra a wɔbraa amanyɔkuo dwumadie ahorɔw wɔ asrafo Provisional National Defense Council (PNDC) aban ase no. ɔkandfo a odikan wɔ amanyɔkuo no mu din de Kow Nkansah Arka

1992 Abatoɔ[sesa]

NCP amanyokuo no kɔɔ afe 1992 batoɔ no mu bre a ɔne amanyɔkuo a ɛne National Democratic Congress a wɔn kandifo din de Jerry John Rawlings, ne Every Ghanaian Living Everywhere (EGLE) kaa wɔn ho boomu.  Nkabom no maa woyii okandifo baako a obɛpre manpanyin agua , woyii Jerry John Rawlings sɛ wɔn kandifo, ne abediakyire baako, Ekow Arkaah wo November da ɛtɔ 3, afe 1992 mu. Wodii nkunim wo abatoo no mu bre a wonyaa mma no mu nkyekyemu 58% na eyi maa wɔbɛyɛɛ Omanpanyin ne mapanyin abediakyire a wodikan wɔ Ghana adehyeman a eto nnan no mu.

Wɔ December da ɛtɔ so 29 afe 1992 mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu, amanyɔkuo NCP nyaa mu 8 firii 200 mu, na eyi maa no bɛyɛɛ amanyɔkuo a ɛtɔ so meinu a ne mmarahyɛ bagufo dɔɔso wɔ mmarahyɛ bagua mu.

Nkabomu[sesa]

Amanyɔkuo a wɔgye Nkruma top mu no nyina yɛ wɔn adwen sɛ wɔbeka wɔn ho abomu wɔ afe 1996 abatoɔ no mu. Amanyɔkuo a ɛne Peoples Conventions Party (PCP) ne NCP ka bɔɔmu yɛɛ amnyɔkuo baako a ne din de Conventions Peoples Party wɔ January da ɛtɔ so 29, afe 1969 mu.Eyi na ɛde NCP no baa awie se amanyɔkuo a egyine kwantekron.