Nana Akua Owusu Afriyie

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Yɛwoo Nana Owusu Afriyie wɔ September,1969. Ɔyɛ Ghana ɔmanyɔfo a ɔdom NPP ( New Patriotic Party) amanyɔkuw no. Mprɛnprɛn ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Ablekuma Atifi Fam mansini no mu. Ɔsan som sɛ ɔsoafo abediakyire a ɔhwɛ amaneɛ bɔ nsɛm so.

N'asetra ne Nhomasua[sesa]

Yewoo Owusu Afriyie wɔ 1969 September, 3, wɔ Saltpond a wɔwɔ mmfinfini Mantam mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ, 2015, ogyinae sɛ NPP frankaatuni wɔ Ablekuma Atifi Fam Mansini mu a ɛwɔ Nkran Mantam mu. Wɔ 2016 nso, odi nkonim wɔ Ghana Abatow titiriw no na onyaa Ablekuma Atifi Fam mmarahyɛ bagua a na Sally Amaki Darko a ɔtu Frankaa ma NDC (National Democratic Congress) ne Akwasi Asiama Addae a ɔyɛ Frankaa tufo ma CPP (Convention People's Party) amanyɔkuw no. Owusu Afriyie nyaa abatow no mma 54,698 efiri 82,091 a wɔtow yɛ mu, a agyina hɔ ma aba no mu 66.84%.

"N'asetra"[sesa]

Owusu Afriyie yɛ ɔbaa warefo a ɔwɔ mma baanan. Na yɛ Kristoni nso.