Jomoro (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Jomoro
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniJomoro District
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPDorcas Affo-Toffey

Jomoro (About this soundpronounciation of "Jomoro" )like yɛpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Jomoro mpɛsoa no wɔ Jomoro mansini a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so ne Kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) a Dorcas Affo-Toffey ne wɔn mmrahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Jomoro mpɛsoa no wɔ Jomoro mansini a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana a ɛwɔ ahyeɛ a ɛte saa ara. Wɔ ne atɔeɛfam ne Côte d'lvoire. Ne anaafoɔfam hyeɛ ne Atlantic Ocean. Ne apueeɛfam hyeɛ ne Nzema East mansini na wɔ ne atififam nso ne Aowin/Suaman ne Wasa Amenfi West mansini.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Jomoro abatoɔ mpesua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ pii afifirii amannyɔkuo ahodoɔ no mu. wɔ afe apem aha nkron ne aduoson nkron (1979) abatoɔ mu no, owura James Leuven Mensah a na ɔyɛ People's National Party( PNP ) amannyɔkuo ba no na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Jomoro abatoɔ mpesua no so.

wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ mu no, owura Joseph Emmanuel Ackah a na ɔyɛ kyiniiɛ amannyɔkuo (National Democratic Congress) ba no na na ɔyɛ mmarahy bad want de ma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Jomoro abatoɔ mpesua no so. wɔ saa afe yi abatoɔ mu no, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo nko ara ne amannyɔkuo a wɔde wɔn ananmusini ba bɛgyinaa wɔ abatoɔ mpesua ahodoɔ no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn ananmusini ba bɛgyinaa wɔ Jomoro abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu. kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress de owura Lee Ocran na ɛbɛgyinaeɛ, ɔsono amannyɔkuo (New Patriotic Party) nso de owura Anthony Ransford Tandoh na ɛbɛgyinaeɛ, Convention People's Party (CPP) nso de owura Philip Ackatiah Armah na ɛbɛgyinaeɛ, People's National Convention ( PNC ) nso de Awuraa Doris Eduku na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na kyiniiɛ amannyɔkuo (National Democratic Congress) ananmusini owura Lee Ocran na adi nkunim.

wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nan a wɔde wɔn ananmusini ba bɛgyinaa wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no wɔ Jomoro abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no ara na wɔsane de wɔn nnipa baeɛ. kyiniiɛ amannyɔkuo (National Democratic Congress) sane de owura Lee Ocran na ɛbɛgyinaeɛ bio, ɔsono amannyɔkuo (New Patriotic Party) nso sesaa owura Anthony Ransford Tandoh a wɔde no baa afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu na wɔde owura Martin Nyameke Ackah na ɛbɛgyinaeɛ, Convention People's Party (CPP) nso sesaa owura Philip Ackatiah Armah a wɔde no baa afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu na wɔde Awuraa Samia Yaba Christina Nkrumah na ɛbɛgyinaeɛ, People's National Convention ( PNC ) nso sesaa Awuraa Doris Eduku a wɔde no baa afe mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no na wɔde Awuraa Jemaima Soboe ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na Convention People's Party (CPP) ananmusini Awuraa Samia Yaba Christina Nkrumah na adi nkunim.

wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) abatoɔ mu no, owura Francis Kabenlah Anaman a na ɔyɛ kyiniiɛ amannyɔkuo ?(National Democratic Congress) ba no na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Jomoro abatoɔ mpesua no so.

wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia(2016) abatoɔ mu no, owura Paul Essien a na ɔyɛ ɔsono amannyɔkuo New Patriotic Party ba no na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma ɔmanfoɔ a wɔwɔ Jomoro abatoɔ mpesua no so.

Abatoɔ Nnipa Amanyɔkuo
Afe apem aha nkron ne aduoson nkron (1979) James Leuven Mensah People's National Party( PNP )
Afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) Joseph Emmanuel Ackah National Democratic Congress
Afe mpem mmienu ne nan (2004) Lee Ocran National Democratic Congress( NDC )
Afe mpem mmienu ne nwɔtwe ( 2008) Samia Nkrumah[1][2] Convention People's Party ( CPP )
Afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) Francis Kabenlah Anaman National Democratic Congress ( NDC )
Afe mpem mmienu ne du-nsia (2016) Paul Essien[3] New Patriotic Party

( NPP )

Abatoɔ[sesa]

2008 Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Jomoro Beaeɛ a efiri:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu ±%
Convention People's Party (CPP) Samia Yaba Christina Nkrumah 19,916 50.0 +29.0
National Democratic Congress

( NDC )

Lee Ocran 13,345 33.5 -7.0
New Patriotic Party (NPP) Martin Nyameke Ackah 6,345 15.9 -20.5
People's National Convention

( PNP )

Jemaima Soboe 220 0.6 -0.8
Mma dodoɔ 6,571 16.5 12.4
Deɛ ɛkɔ baeɛ
2004 Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Jomoro Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu ±%
National Democratic Congress

( NDC )

Lee Ocran 16,490 40.5 +7.1
New Patriotic Party (NPP) Anthony Ransford Tandoh 14,835 36.4 +17.3
Convention People's Party (CPP) Philip Ackatiah Armah 8,567 21.0 +5.7
People's National Convention

( PNC )

Doris Eduku 586 1.4 +0.2
Mma dodoɔ 1,665 4.1 -3.1
Deɛ ɛkɔ baeɛ 40,478 73.8
2000 Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Jomoro Beaeɛ a efiri:Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu ±%
National Democratic Congress

( NDC )

Joseph Emmanuel Ackah 10,427 33.4
Nea wannyina amma ekuo biara

(Independent)

Patrick Somiah Ehomah 8,171 26.2
New Patriotic Party ( NPP ) Peter Nwanwaan 5,959 19.1
Convention People's Party ( CPP ) Abraham Yankson 4,762 15.3
National Reform Party

( NRP)

Stephen Blay 1,365 4.4
People's National Convention

( PNC )

Richard Aduko Raqib 389 1.2
United Ghana Movement

( UGM )

Patrick Tandoh Williams 131 0.4
Mma dodoɔ 2,256 7.2 -17.9
1996 Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Jomoro Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu ±%
National Democratic Congress

( NDC )

Joseph Emmanuel Ackah 22,881 60.7
People's Convention Party (PCP) Anthony Kwofie Jabialu 13,401 35.6
National Convention Party (NCP) Patrick Tandoh Williams 1,394 3.7
Mma dodoɔ 9,480 25.1
Deɛ ɛkɔ baeɛ 37,676 53.9 24.2
1992 Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Jomoro Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeapereni Mma Ɔha nkyekyɛmu ±%
National Democratic Congress Joseph Emmanuel Ackah
Mma dodoɔ
Deɛ ɛkɔ baeɛ 18,389 29.7

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=316
  2. https://www.aljazeera.com/news/2008/12/9/ghana-poll-results-show-tight-race
  3. https://www.ghanaweb.com/person/Paul-Essien-2356