Dorcas Affo-Toffey

Ɛfi Wikipedia
Dorcas Affo-Toffey
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth4 Kotonimma 1972 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Dorcas Affo-Toffey (wowoo 4 Kotonimma 1972)[1] yɛ Ghanani akorakora adwumani, ɔboafoɔ nna ɔsan yɛ amanyɔni.[2] Ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) ni.[3][4][5] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Jomoro abatoɔ Mpasuaso wɔ Atɔeɛ Mantam.[6]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Dorcas Affo-Toffey wowoo 4 Kotonimma 1972, wɔ Tikobo No. 1 a na ɔyɛ Stephen Ackah Toffey ne Mary Afo Danyi ba.[1] Yɛ woo no to abusua kesɛ, na ɔno na ɔtɔso18 ɛwɔ ne papa nma na ɔmo yɛ aduonu mmiɛnsa nanso ɔno na ɔtwa toɔ wɔ ne maame mma na ɔmoyɛ enum.[7] Ɔkɔɔ nekora sukuu wɔ Tikobo No. 1 ne Ideal Preparatory sukuu wɔ Takoradi na ɔyaa sukuu mu kwan wɔ Nkroful Agriculture Secondary School wɔ 1986. Ɔwie sukuu no na ɔtuu kwan kɔ USA ɔne ne nua barima mpanyinfoɔ. Ɔkɔɔ yɛ, ɔkɔ sua dental hygiene, real estate management, branding ne customer service.[7]

Ɔkura diploma wɔ Branding ne Customer Service Management. Ɔsan tua so kɔ sua ade wɔ Knutsford University College ɛhɔ na ɔsua Bachelor of Science degree wɔ Marketing ɔsan sua Master of Business Administration (MBA) wɔ marketing.[7]

Adwuma[sesa]

Bɛyɛ nfie aduonu num, Afo-Toffey ɛyɛ adwuma bebree wɔ USA. Baabia ɔyɛ adwuma no bi ne apɔmuden, nwomasua adwuma, adansie, akorakora adwumani ne ɔboafoɔ. Ɛfiri 2002 besi nne, w'ahyɛ adwuma ɛne kurakura ndwuma wɔ Atlanta Georgia wɔ USA, ebi ne; Queen D Beauty ne Topeka Properties, adansie adwuma. Ɔsan yɛɛ adwuma payin Selfie Homes wɔ Atlanta Georgia USA. Ɔsan baa Ghana wɔ 2012 bɛ tua ne akurakura adwuma a ɔyɛ chief executive officer ne Country Representative ma Nano Fix IT Company, ne Sebastian Closet Inc.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwa[sesa]

Ɔmo to aba ma Affo-Toffey sɛ National Democratic Congress mmarahyɛbadwani dibeaperefoɔ wɔ Jomoro abatoɔ Mpasuaso Osanna 2019. Ɔyaa 1,324 mma a ɛyɛ 87.4% a obi ɔno ne contesting a yɛfrɛ no Akatia Kwaidoo, Nda Blay Armah yaa 188 a ɛgyinho ma 12.4%, 4 ɛgyina ho 0.2%.[3]

Affo-Toffey san di nkonim wɔ 2020 mmarahyɛbadwa abatoɔ wɔ Jomoro mmarahyɛbadwa ebere a ɔyaa 24,356 mma ɛgyinaho ma 55.5% etia nea ɔwɔ so dadaw sɛ mmarahyɛbadwani, Paul Essien a ɔyɛ New Patriotic Party a ɔyaa 19,889 ɛgyina ho 44.95%.[8][9] Ɛfiri 7 Opepon 2021, ɔkaa mma 40 ɛne nipa baako a ɔfiri Atɔeɛ Mantam.[10]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ɛyɛ 7 Opepon 2021, Affo-Tottey wɔ mo ma no kaatam dii nsie sɛ Mmarahyɛbadwani ma Jomoro abatoɔ Mpasuaso wɔ Atɔeɛ Mantam. Mprepre ɔwɔ Gender ne Children Committee kuo ne Lands ne Forestry Committee wɔ Mmarahyɛbadwa mu.

Ɛda a edi kan a ɔkasa wɔ mmarahyɛbadwa mu wɔ 24 Ɔbɔnem 2021, ɔhyɛ aban sɛ ɔbue twa ho hyia ɛbere COVID-19 asie ndwuma. Baabia na ɛwɔ Mmarahyɛbadwa Jomoro tesɛ Elubo, Jaway wharf, Newtown, Ellenda wharf ne twa ho hyia wɔ Ghana. Na saa nkuro yi a ɛwɔ ne Mmarahyɛbadwa mpɛsua so ɛbua nkuro nkuro wɔ Ghana ne Ivory Coast.[10][11]

Agorodie[sesa]

Ɛwɔ 24 Ɔbɛnem 2021, Affo-Toffey tɔɔ Ghana Division One League club Proud United.[12] Ɔsesa agorokansie kuo ne din kɔ Jomoro FC ɛna ɔde ɔmo fi Nkran, Nkran Mantam de kɔ Jomoro wɔ Atɔeɛ Mantam. Agorokansie kuo no bɔ wɔn bɔɔlɔ wɔ Crosby Awuah Memorial Park (CAM), wɔ Aiyinase, bia Karela United bɔ wɔn bɔɔlɔ.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ne kunu ne Joseph Lawrence Ashun a ɔne ne wo mma mienu: Francine Koffi (Fantana, a ɔyɛ dwontoni wɔ Ghana) ne Lynelle Koffi (ɔsua dɔkuta wɔ USA)[13]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-05-22
  2. GhanaPoliticsOnline.Com (2020-05-22), NDC Parliamentary Candidate for Jomoro Dorcas Affo Toffey donates food items to all mosques in Jomoro (in American English), retrieved 2023-05-22
  3. 3.0 3.1 NDC parliamentary primaries provisional results - MyJoyOnline.com (in American English), 2019-08-24, retrieved 2023-05-22
  4. Samia Nkrumah disappointed the people of Jomoro - NDC Parliamentary candidate - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-10-23, retrieved 2023-05-22
  5. Jomoro NDC parliamentary candidate inaugurates new party office at Ezinlibo (in English), 2020-09-24, retrieved 2023-05-22
  6. emmakd (2020-12-10), Western Region has only one female in Legislature (in American English), retrieved 2023-05-22
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 Profile of Member of Parliament for Jomoro Dorcas Affo-Toffey (in English), 2021-02-01, retrieved 2023-05-22
  8. Abigail Bonney (2020-12-08), Election 2020: Musician Fantana's mother wins Jomoro seat (in American English), retrieved 2023-05-22
  9. Peace FM, Jomoro Constituency Results - Election 2020, retrieved 2023-05-22
  10. 10.0 10.1 MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-05-22
  11. https://facebook.com/edwin.kwakofi, https://facebook.com/edwin.kwakofi (2021-03-25), Jomoro MP urges government to reopen land borders to boost economic activities (in American English), retrieved 2023-05-22 {{citation}}: |last= has generic name (help); External link in |last= (help)
  12. Jomoro MP Hon. Dorcas Affo Toffey takes over as new proud United owner (in English), 2021-03-24, retrieved 2023-05-22
  13. Fantana's mum wins Jomoro parliamentary seat - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-12-09, retrieved 2023-05-22