Samia Nkrumah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Samia Nkrumah
Nkrumah smiling
Nkrumah in October 2009
Chairperson of the Convention People's Party
In office
September 2011 – september 2015
OdikanfoLadi Nylander
AnanmusiniEdmund N. Delle
Member of Parliament
for Jomoro constituency
In office
7 January 2009 – 6 January 2013
OdikanfoLee Ocran
AnanmusiniFrancis Kabenlah Anaman
Ne ho asɛm
Awo bere
Samia Yaba Christina Nkrumah

23 June 1960 (1960-06-23) (age 61)
Aburi, Ghana
Ne manTemplate:Country data GH Ghana
AmanyɔkuoConvention People's Party (CPP)
NehokaniMichele Melega
MmaKwame Thomas Melega
Parent(s)Kwame Nkrumah (father)
Fathia Nkrumah (mother)
RelativesGamal Nkrumah (brother)
Sekou Nkrumah (brother)
Sukuu a w'akɔSchool of Oriental and African Studies
N'adwumaPolitician and journalist
WebsiteParty website

Samia Yaba Christina Nkrumah (About this soundSɛnea yɛbɔ edin Samia Nkrumah  ) (wɔwoo no Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu-abiɛsa, afe apem ahankron ne aduosia)[1]Ghana ɔmanyɔfo ne ɔbea a ɔda amanyɔkuw "Convention People's Party(CPP)" ano. Mfe mpem mmienu ne awɔtwe mu no, odii kan wɔ Mmarahyɛbagua abatow mu ma Jomoro mpɔtam.[2] Na eyi ne bere a edikan a wagyina wɔ saa akansi no mu. Ɔyɛ Ghana Manpanyin a odi kan, Kwame Nkrumah, babea.[3]

Mmofraberem ne Nhomasua[sesa]

Samia Nkrumah maame yɛ Egyptni Kristonibea a na ne din de Fathia Rizk. Ɔwoo Samia NkrumahAburi wɔ Apuei Mantam wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduosia(1960) mu.[4] Wɔ afe apem ahankron ne aduosia-nsia(1966) mu, bere a wotuu Kwame Nkrumah aban gui no, ɔne ne maame ne ne nuabarimanom tu fii Ghana. Egypt aban no gyee abusua no ma wɔsan kɔtraa wɔn atenae wɔ Egypt.[5] Afe apem ahankron aduɔson-nnum mu, General Acheampong National Redemption Council aban too nsa frɛɛ wɔn ma ɔne n'abusua san bɛtenaa Ghana. Ɛno akyi no ɔkɔɔ sukuu wɔ Achimota School wɔ Ghana. Nanso, wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mu no.

Samia toaa so kɔɔ London, kɔtoaa n'adesua no so wɔ School of Oriental and African Studies a ɛwɔ University of London ɛwɔ United Kingdom, ɛhɔ na ɔkɔnyaa n'abodin krataa a yɛfrɛ no sɛ Bakyela wɔ Arabic kasa adesua mu wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991). ɔsane nso toaa n'adesua no so wɔ saa suapɔn korɔ no ara mu nyaa abodin foforɔ a ɛyɛ Obenfo abodin krataa a yɛka no brɔfo mu sɔ Master's degree wɔ afa apem ahankron aduokron mmiensa mu (1993).[1]

ABRABƆ[sesa]

Samia Nkrumah hyɛɛ n'adwuma ase wɔ sikakorabea a na ɔyɛ clerk ma Bank of India nkorabata a ɛwɔ London wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nan mu (1984). Afei ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Al-Ahram sɛ nsɛmtwerɛni a na ɔdi dwuma ahodoɔ pii wɔ nsɛmtwerɛ adwuma no mu a ɔhyɛɛ aseɛ firii afe apem ahankron aduowɔtwe nkron mu (1989).[1]

AMANYƆSƐM[sesa]

Wɔ nwoma bi a yɛatwerɛ afa ne ho a yɛato ne din sɛ "The new Mandela is a woman", Huffington na ɛde nsɛm yi too dwa na ɔkyerɛkyerɛɛ ne dwumadie ne nsunsuasoɔ a anya wɔ Ghana ne Abibirem aman nkae no amanyɔsɛm so. ɔka wɔn a wɔtee kuo a yɛfrɛ no sɛ Africa Must Unite[6] no, a na wɔn botae ne sɛ wɔbɛbɔ Ghana manpanin dadaa Kwame Nkrumah anisoadehunu ne n'amanyɔsɛm amammerɛ ho[7]. Esiane nnoɔma a na ɛsi n'ani so no nti ɔde ne ho wuraa daadaa amanyɔsɛm mu wɔ ɔman Ghana mu.[8]

BAABI A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Curriculum vitae" (PDF). Official website. Samia Nkrumah. Archived from the original (PDF) on 27 July 2011. Retrieved 14 December 2008.
  2. "Ghana MPs - Constituency Details - Jomoro". www.ghanamps.com. Retrieved 17 April 2019.
  3. "Samia Nkrumah". The Rhodes Forum 2020. Retrieved 1 January 2021.
  4. "Samia Nkrumah 'the Amazing'". Profiles. The Ghanaian Journal. Retrieved 14 December 2008.
  5. Reggie Tagoe Pan-African News Wire (19 February 2007). "Samia Nkrumah Says That Her Father, Dr. Kwame Nkrumah, Wanted to Return to Ghana". Abayomi Azikiwe. Retrieved 14 December 2008.
  6. http://www.africamustunite.net/
  7. "Africa Must Unite, for a new Ghana". Official website.
  8. "Samia Nkrumah: Candidate in the 2008 parliamentary elections in Ghana". official website. Samia Nkrumah.