Lee Ocran

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Lee Tandoh Ocran [1] (wɔwoo no bɛyɛ afe 1945; owui 21 Ɔpɛpɔn 2019) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛɛ Ghana Nhomasua soafoɔ firi afe 2012 kɔsi afe 2013. Ocran na Ɔmampanyin John Atta Mills paw no sɛ Ɔsomfoɔ wɔ Ɔpɛpɔn 2012 mu wɔ nsakraeɛ a wɔyɛeɛ wɔ kabinet mu wɔ Betty Mould-Iddrisu a ɔgyaee aban no mu ne Martin Amidu a wɔyii no fii adwumam no akyi .

Adwuma[sesa]

Wɔ afe 2000 mu no na ɔyɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nyansahu ne mfiridwuma so.[2] Ɔyɛ kan Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Nhomasua so firi afe 2012 kɔsi afe 2013. Wɔkaa ntam sɛ VRA board chairman wɔ Ɔpɛpɔn 2014. Ɔsan nso yɛ kan Ghana Ɔmanpanyin wɔ South Africa .

Mfitiase asetra[sesa]

Efi Ɔpɛpɔn 2005 sɛ ɔkannifoɔ a ɔfiri National Democratic Congress no na ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni ma Jomoro mantam kɔsii sɛ ɔhwereɛ n’akongua maa Kwame Nkrumah, Samia Nkrumah a ɔfiri Convention People’s Party no babaa wɔ December 2008 mmrahyɛbagua abatoɔ mu Wɔ Ɔpɛpɔn 2014 mu no wɔkaa Ocran ntam sɛ Volta River Authority board chairman .[3] Wɔ 13 May 2015 no ɔkaa Bui Dam ho asɛm sɛ ɛyɛ White Elephant (akyɛdeɛ a ɛboro so nanso ɛyɛ adesoa).

Ankorankoro asetra[sesa]

Na ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Katolekni. Ná waware na ɔwɔ mma baasa.

Owuo[sesa]

Owui bere a na wadi mfe 74 bere a ɔne nyarewa dii ako akyi.

Hwɛ nso[sesa]

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. Ephson, Ben (1992). Elections '92.
  2. Deputy Minister of Environment Science and Technology
  3. Volta River Authority, archived from the original on 2017-05-10, retrieved 2023-01-09