Ayawaso West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ayawaso West Wuogon
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolitan Area
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPLydia Alhassan

Ayawaso West anaa Ayawaso Wuogon(About this soundsɛnea yɛbɔ Ayawaso West  ka mpɛsoa a ɛwɔ Nkran a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam.[1] Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Ayawaso West mpɛsoa wɔ Nkran "Metropolitan" a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Nnipa nsia na ɛgyina maa Ayawaso West mmarahyɛbedwafoɔ akonnwa. Francis Napoleon K. Kumah a ɔwɔ National convention party gyinaa hɔ sɛ mmarahyɛbedwanii ma mpɛsoa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992). Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) nso Owurayere Rebecca Akweley Adotey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress gyinaa maa mpɛsoa no. Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000)mu no, George Isaac Amoo, ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini gyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Akosua Frema Osei-Opare nso kɔpere akonnwa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) nom wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anan mu. Emmanuel Kwabena Kyeremateng Agyarko a ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nii gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) . Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron(2019) nom nso Lydia Alhassan a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu gyinaa hɔ maa mpɛsoa no.

Bere Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
1992 Francis Napoleon K. Kumah National Convention Party
1996 Mrs. Rebecca Akweley Adotey National Democratic Congress
2000 George Isaac Amoo New Patriotic Party
2004 Akosua Frema Osei-Opare New Patriotic Party
2012 Emmanuel Kwabena Kyeremateng Agyarko New Patriotic Party
2019 Lydia Alhassan New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron(2019) mu no, abatoɔ soronko bi kɔɔso Ayawaso West mpɛsoa so a wɔde yi obi foforɔ asi akonnwa a obi nte so. Ɛbaa no saa no nnipa nan na ɛkɔperee akonnwa no. Abatoɔ kɔmisa kekaa mma no bom de ɛho nsunsuansoɔ bɛtoo dwa no na Lydia Seyram Alhassan a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu anya mma mpem du mmienu ne aduanan baako (12,041) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nnwɔtwe akyirepɔ aduowɔtwe (68.80). Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nnipa Kwasi Delali Brempong nyaa mma mpem num, ahasa ne aduanan baako(5,341) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa akyirepɔ aduonum mmienu (30.52). William Kofi Dowokpor a ɔwɔ progressive peoples party nso nyaa mma ɔha ne mmienu (102) a ɛyɛ akyirepɔ aduonum nnwɔtwe (0.58). Liberal party of Ghana amanyɔkuo anamsini Clement Boadi nyaa mma du nson(17) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1). Nnipa dodoɔ a ɛtoo aba no nyɛ mpem nsia ne ahanson (6,700) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nnwɔtwe akyirepɔ aduonu nnwɔtwe (38.28)

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) nom no wɔtoo aba yii mmarahyɛbedwafoɔ wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom. Nnipa mpem mmiɛnsa ne aduasa nkron (3,039) na ɛtoo aba no a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔ nan(5.4). Nnipa num na ɛperee mpɛsoa no akonnwa no. Akosua Frema Osei-Opare a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduonu nan, ahannsia ne mmiɛnsa (24,603) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyirepɔ mmienu (43.2). Albert Kwadwo Twum Boafo a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem aduonu baako, ahanum ne aduosia nan (21,564) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nson akyirepɔ nnnwɔtwe (37.8) . William Kofi Dowokpor a ɛwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma mpem nson m, ahankron ne du(7,910) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu du mmiɛnsa akyirepɔ nkron (13.9) yɛ pɛ. Samuel Kobby Adiepena a wayɛ ne ho kɔntɔnkorɔ a ɔmfaa ne ho mmɔden amanyɔkuo biara ho no nyaa mma mpem mmienu, ahanum ne aduanan nson (2,547) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ num(4.5). People's National convention anamsini Henry Haruna Asante nso nyaa mma ahasa ne aduoson nan(374) a ɛyɛ akyirepɔ nson

yɛ. William Kofi Dowokpor nso a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso peree akonnwa no nyaa mma mpem nson, ahankron ne du(7,910) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ num(13.9) yɛ pɛ.

2019 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:Ayawaso West
Source: GhanaWeb
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Lydia Seyram Alhassan 12,041 68.80
National Democratic Congress Kwasi Delali Brempong 5,341 30.52
Progressive People's Party William Kofi Dowokpor 102 0.58
Liberal Party of Ghana Clement Boadi 17 0.1
Abatoɔ dodoɔ 6,700 38.28
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 17, 589 19.83
2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:Ayawaso West
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Akosua Frema Osei-Opare 24,603 43.2
National Democratic Congress Albert Kwadwo Twum Boafo 21,564 37.8
Convention People's Party William Kofi Dowokpor 7,910 13.9
Independent Samuel Kobby Adiepena 2,547 4.5
People's National Convention Henry Haruna Asante 374 0.7
Abatoɔ dodoɔ 3,039 5.4
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Ayawaso West Wuogon shooting: Government is yet to compensate me - Victim - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 2021-05-22