Akosua Frema Osei-Opare

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Frema Opare
Member of Parliament for Ayawaso West-Wuogon Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
AnanmusiniEmmanuel Kyeremateng Agyarko
Member of Parliament for Ayawaso West-Wuogon Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoGeorge Isaac Amoo
Ne ho asɛm
Awo bere5 June 1947 (1947-06-05) (age 76)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniDr. Kwadwo Dua Opare
Sukuu a w'akɔUniversity of Guelph, Canada; University of Ghana, Legon University of Ghana
N'adwumaPolitician, Lecturer, Consultant

Frema Opare, Akosua Frema Osei-Opare (wɔwoo no afe 1947) yɛ nkɔsoɔ ho nimdefoɔ, ɔbenfoɔ, ne Ghana amammuifoɔ. Ɔgyinaa Ayawaso West Wuogon Mansin ananmu wɔ Ghana Mmarahyɛ Bagua no mu. Ɔyɛ ɔbea a ɔyɛ Ghana Adwumayɛfo Panyin mprempren ne nea odi kan.[1][2][3][4]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Frema wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so 5 wɔ afe 1947. Ɔfiri Wiamoase a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[5] Ɔkɔɔ St. Monica Ntoaso Sukuu, Mampong- Ashanti. Ɔkɔɔ St. Monica Ntoaso Sukuu, Mampong- Ashanti. Ɔkɔɔ Guelph Sukuupɔn mu kɔyɛɛ abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Aduan Ho Nyansahu mu.[6]

Adwuma[sesa]

Frema maa ɔkasa wɔ Ghana Suapɔn mu sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Department of Home Science firi afe 1976 kɔsi afe 1982. Awieeɛ koraa no ɔbɛyɛɛ dwumadibea no Titenani. Ɔne Amanaman Nkabom no nso ayɛ adwuma wɔ Women In Fisheries adwuma no mu wɔ dibea ahorow mu wɔ Uganda, Ethiopia, Congo ne Namibia.[7] Frema wɔ afe 2005 - 2008 mu yɛɛ adwuma wɔ Ɔmanpanyin John Agyekum Kufuor aban ase sɛ Ɔmanpanyin Abadiakyiri a ɔhwɛ Adwumayɛfoɔ, Mmabun ne Adwumayɛ so.[8]

Fida, Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson, afe 2023 no, The Valley View University de nidi Doctorate Degree maa Akosua Frema Osei-Opare, Adwumayɛfoɔ Panyin, de kyerɛɛ ne nnwuma soronko ne ntoboa a ɛso bi nni a ɔde ama Ghana nkɔsoɔ. Nsɛm a wɔafa aka no sii so dua sɛ, "Ɛgyina saa nkɔsoɔ ne ntoboa a wo, w'animuonyam, de ama Ghana nkɔsoɔ ne adesamma nkɔsoɔ nyinaa so no, Valley View Suapɔn nam ha so gye saa nkɔsoɔ yi tom na ɛnam yei so de Doctor Science Abodin krataa ma wo." (Honours Causa) da yi, Fida, Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 7 wɔ afe 2023.[9]

Amammui mu adwuma[sesa]

Frema yɛ New Patriotic Party no muni titiriw.Ɔdii dwuma mfeɛ mmienu sɛ mmarahyɛ baguani a ɔgyinaa Ayawaso West Wuogon Mansin ananmu wɔ afe 2005 ne 2013 ntam wɔ NPP tekiti ase.[6]

2004 Abatoɔ[sesa]

Wɔpaw Opare sɛ mmarahyɛ baguani wɔ Ayawaso West-Wuogon mantam mu wɔ afe 2004 Ghana Amansan abatow mu.[10] Ɔnam saayɛ so gyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnan no mu.[10] Wɔde abatow 28,636 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 54,988 mu. Wɔpaw no sen Henry Haruna Asante a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, Samuel Adiepena a ofi Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Bagua no mu ne Greenstreet Kobina a ofi Nhyiam no mu Nnipa Kuw no mu Eyinom nyaa abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 1.0, ɔha biara mu nkyem 37.9, ne ɔha biara mu nkyem 9.0. Wɔpaw Opare wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[10] Ná ne mantam no yɛ amansin 17 a New Patriotic Party dii nkonim wɔ Greater Accra mantam mu wɔ saa abatow no mu no fa. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, New Patriotic Party [5] no nyaa mmarahyɛ bagua nkongua 128 wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnan no mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Frema aware na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ Kristoni.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Peace FM Online, Frema Opare Is Chief of Staff, Abu Jinapor Deputy, Mac Manu For GHAPOHA Board, retrieved 2023-10-01
  2. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. "Ghana's hung parliament will test Akufo-Addo's control", Emerald Expert Briefings, 2020-12-21, doi:10.1108/oxan-es258333, ISSN 2633-304X, retrieved 2023-10-01
  4. Glitz top 100 inspirational women – Page 100 – Glitz Africa Magazine (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. 5.0 5.1 "Osei, Isaac, (born 29 March 1951), MP (New Patriotic Party), Subin Constituency, Ghana, since 2009", Who's Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-01
  6. 6.0 6.1 Akosua Frema Osei-Opare, Biography, retrieved 2023-10-01
  7. Graphic Online. Retrieved 2017-01-05.
  8. francis (2017-01-05), Akufo-Addo makes appointments for office of the President (in American English), retrieved 2023-10-01
  9. Valley View University honours trailblazer Frema Osei-Opare (in English), 2023-07-08, retrieved 2023-10-01
  10. 10.0 10.1 10.2 Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Ayawaso West Wuogon Constituency, retrieved 2023-10-01