Amenfi East (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amenfi East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniWasa Amenfi East Mansini
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPSamuel Johnfiah

Amenfi East(About this soundpronounciation of "Amenfi East" ) yɛ mpɛsua Joseph Aidoo na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no. Ɛnam ɔsono amanyɔkuo New patriotic party so na wɔtoo aba maa no nyaa mma mpem mmienu, ahaasa ne aduasa mmiɛnsa (2,333) a ɔde dii nkunim de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii. Na ɔno na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii a ɔte akonnwa no so berɛ a wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ no.

Wassa Amenfi East District yɛ abatoɔ mpesua du-nan a ɛwɔ Western mantam no mu, wɔ Ghana. Nkane no na saa abatoɔ mpesua yi ka Wassa Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe mu (1988), a saa mpeusa yi nyinaa nso wɔtete firii nkane Aowin-Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no anaafoɔ-atɔeɛ fam no firii mu maa yɛbɛnyaa Wassa Amenfi East mansini no wɔ ɔsanaa bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu; ɛnam so ma yɛfrɛɛ abatoɔ mpesua no fa aka no sɛ Wassa Amenfi West mansini. Abatoɔ mpesua yi hyɛ atifi fam wɔ atɔeɛ mantam no mu a wɔn ahenkuro ne Wassa-Akropong. wɔ ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu no na wɔ pagyaa abatoɔ mpesua no mu maa no bɛyɛɛ municipal a ɛno nti ɛnɛ yɛfrɛ mansini no sɛ Wassa Amenfi East Municipal mansini no.[1]

Ɛhyeɛ[sesa]

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Wassa Amenfi East mansini no bɔ hyeɛ bi ne Prestea-Huni Valley abatoɔ mpesua, ne Wassa Amenfi Central abatoɔ mpesua no.[2]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_East_Municipal_District
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_East_Municipal_District#/media/File:Districts_of_the_Western_Region_(2019).png