Samuel Johnfiah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Samuel Johnfiah (wɔwoo no 9 September 1952) yɛ Ghana ɔmanyɔni a ɔyɛɛ mmrahyɛbadwani maa Ahanta West mantam wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ 9 September 1952. Ɔfiri Hotopo a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu . Ɔnyaa ne National Diploma wɔ General Agriculture mu wɔ University of Ghana wɔ afe 1984. Ɔsan nso nyaa ne Executive Masters wɔ Governance & Leadership (EMGL) mu wɔ Ghana Institute Management and Public Administration wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrebɛyɛ mmrahyɛbadwani no, na ɔyɛ Ahantaman Nkuraase Sikakorabea no panyin Abadiakyiri.

Amanyɔsɛm[sesa]

N’amammui adwuma hyɛɛ aseɛ wɔ afe 2001 mu berɛ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔdii nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatoɔ mu na ɔkaa ntam wɔ 7 Ɔbɛnem 2001. Ɔyɛɛ mmrahyɛbadwani a ɔgyinaa Ahanta West mantam ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu.

Wɔpaw no wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ 20,871 wɔ abatoɔ a ɛfata 38,798 a wɔtoo no nyinaa mu, a ɛne 53.8% yɛ pɛ.[1] Wɔpaw no sen Joseph Jones Amoah a ofi National Democratic Congress, Comfort Amoo a ofi Democratic Freedom Party ne David Oscar Yawson a ofi Convention People’s Party mu. Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 24.21%, 4.61% ne 17.38%.[1]

Ɔhweree atenaeɛ no wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu maa George Kwame Aboagye a ɔfiri National Democratic Congress . Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni .

Wɔ afe 2000 mu no, Johnfiah dii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu sɛ mmrahyɛbadwani ma Ahanta West mantam a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so . Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 9 no fa wɔ nkongua 19 a New Patriotic Party no dii wɔ saa abatow no mu maa Ghana Atɔe Fam Mantam no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 99 wɔ nkongua 200 mu.

Wɔde abatow a ɛfata a ne nyinaa yɛ 16,478 na ɛpaw no. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 60.90% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen William Cudjoe S. Kingsford a ofi National Democratic Congress, Joseph A. Eddie Mensah a ofi Convention People’s Party, Joseph Kweku Arthur a ofi People’s National Convention, Eva Parker a ofi National Reformed Party ne Joseph Jones Amoah a ofi United Ghana Anamɔntuo. Eyinom nyaa abatow 8,107, 1,358, 509, 416 ne 170 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 30.00%, 5.00%, 1.90%, 1.50% ne 0.06% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.

Ankorankoro asetra[sesa]

Johnfiah aware a ɔwɔ mma baanum. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Methodist Asɔre no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 131.