Ablekuma South (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ablekuma South
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolis Mansini
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPDr.Alfred Okoe Vanderpuije

Ablekuma South(About this soundpronunciation of"Ablekuma South")  Ablekuma Anaafoɔ (south) Yɛ mpesua no mu baako a ɛgyina mu ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔn faa first past the post abatoɔ nhyehyeɛ so too aba yii mmarahyɛbadwanii baako a na ne din wɔ abatoɔ nkrataa no mu a ɔgyina hɔ ma saa mpesua no. Ablekuma South wɔ Nkran" Metropolitan area" wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana. Ɛyɛ "Sub Metropolitan"mansini nsia no mu baako a ɛwɔ Nkran "Metropolitan"? Assembly".[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Ɛfiri afe apem ahannwɔtwe ne aduoson nson mu a Ghana ahenkuro sesa firi "Cape Coast" no, Nkran ayɛ Ghana ahenkuro ɛfiri saa afe no de bɛsi nnɛ. Seisei no,ɛyɛ"Metropolis" a ɛwɔ abibirem a ɛnyini wɔ afe biara mu no susupɛn ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa ne akyirepɔ baako (3.1%).[2] Ɛdikan no, wɔyɛɛ sɛ wɔn bɛ te kuroman futufoɔ kuo (Town Council) wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonum nkron(1859) wɔ mmara mu nanso wɔ nsusuiɛ no sɛeɛ wɔ ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduosia baako (January 1861) no mu.[2] Na deɛ ɛteɛ ne sɛ, wɔn dii nkae tee Nkran kuroman futufoɔ kuo (Accra Town Council) no wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduokron nnwɔtwe no mu (1898) ɛwɔ Kuroman futufoɔ kuo tumi mmera no ase (Town Council Ordinance) wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduokron nan(1894).[2]

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no akonnwa no hyɛ Nkran "Metropolitan" (area) mpotɛm a ɛwɔ Nkran punpuni mantam mu wɔ Ghana. Ɛne Ablekuma Atifido fam (North),Ashiedu Keteke ɛne Ablekuma mfinfini (Central) na ɛbɔ hyeɛ.[1] Ɛhyeɛ a ɛda wɔn adwuma beaɛ no fa Kpakpo Oti kwan no so a ɛkyim fa "ring (road) kwan (West) Atoeɛ efiri hɔ a,na afa "Eastward" kɔ Lartebiokorshie na afa bɛnkum afiri"Lartebiokorshie" kwan no so akɔ "Link" kwan ne "Chemu" kwan.[1] Na wafiri hɔ akɔ "Sempe Traffic Light" kwan no de afa Mampong kwan no so akɔ Oblogo kwan,afei efiri Oblogo de rekɔ "Mars" nkwantanan soɔ. Efiri"Mars" a na ɛde kɔ Dansoman"roundabout" . Firi Dansoman kwan no so a na ɛde rekɔ nkokɔ afuom na ɛrekɔ Dansoman kwantenpɔn no so de akɔsi SSNIT ne Otorjor, Opetekwei, Gbegbeyise ne Shaibu.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no, Quannor Metel a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) na ɛgyina maa mpesua no. Theresa Ameley Tagoe a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) peree akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Fritz Baffour a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) peree akonnwa no mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) mu. Dr. Alfred Okoe Vanderpuije a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nso peree akonnwa no mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ wɔ Ablekuma South no nnipa nson na ɛperee mpesua no akonnwa no. Fritz a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nyaa mma mpem aduonum nsia, ɔha ne aduosia mmienu (56,162) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ mmiɛnsa (51.3). Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini, Francis Kojo Smithi peree akonnwa no nyaa mma mpem aduonum, ahannwɔtwe ne aduoson nkron (50,879) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ num (46.5). Godfred Agyemang Kennedy a ɔwɔ People's National convention nso nyaa mma ahankron ne du num(915) a ɛyɛ akyirepɔ nnwɔtwe (0.8%). Mma ahannwɔtwe ne aduasa nson(837) a ɛyɛ akyirepɔ nnwɔtwe na Appostle Veronica Quartey a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ. Jonathan Nii Odotei Quarcoo a ɔ (Democratic freedom party) nyaa ahasa ne du num(315) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa (0.3%). John Kabutey Tettegah a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa mma ahasa ne du mmiɛnsa (313) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa (0.3%). Democratic people's party Nii Goodman Baah nyaa aduokron (90) a ɛyɛ ɔha nkyekyɛ mu hwee ne akyirepɔ baako (0.1%).

Nnoɔma watumi anya wɔ ne Sikasɛm mu.[sesa]

Ablekuma South aboa ma Nkran a ɔwɔ Ghana sikasɛm atu mpɔn. Nsuomunam ne ɛho adwuma yɛ ade titire wɔ Ablekuma South ɛnam sɛ mpɔtam mpɔtam pii wɔ nsuo ano nti.[1] Nnwumakuo ahodoɔ pii bi te sɛ sikakorabea,dwam, ahomegyebea, nnwomasua ne fangoo beaɛ ne nea ɛkeka ho nyinaa wɔbɛhunu bi wɔ Ablekuma South.[1]

Botaeɛ[sesa]

Ablekuma South botaeɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ ama nkuro a ɛwɔ Nkran abrabɔ akɔyie wɔ aberɛ wɔbɛnya mpaninfoɔ adi wɔn so ne akwanya bebree a ɛbɛma wɔn sikasɛm ne wɔ abrabɔ atumpɔn, na wasane asiesie wɔn kuro ama no ayɛ akɔnnɔ na kuro no nso anya ahobammɔ wɔ beaɛ a wɔte no.[3]

Anisoadehunu[sesa]

Ablekuma South anisoadehunu ne sɛ wɔbɛma kuro no ani ada hɔ, wɔn ayɛ den asane agyi

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 AMA - Ablekuma South"
  2. 2.0 2.1 2.2 The History of the Assembly". ama.gov.gh. Retrieved 2020-01-19
  3. "Accra Metropolitan Assembly - Ablekuma South".