Abetifi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Abetifi
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKwahu East Mansin
MantamEastern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPBryan Acheampong

Abetifi(About this soundpronunciation of"Abetifi")  mpɛsoa no wɔ Ghana apueɛ mantam. Bryan Acheampong na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma saa mpɛsoa no seisei. Ɛnam ɔsono amanyɔkuo New patriotic party so na wɔtoo no so aba yii no ma no nyaa mma mpem nkron, ahanson ne aduonu nan kyɛn wɔn a wɔne wɔn peree akonnwa no a na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi anya aba no abɛyɛ mmarahyɛbedwanii[1] ama mpɛsoa no. Wɔdii Peter Wiafe Pepera a ɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu adeɛ wɔ kwasafoman a ɛtɔ so num.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Nnipa nsia na ɛperee mmarahyɛbedwa akonnwa no wɔ Abetifi a wɔampere akonnwa afe korɔ noa mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduosia num (1965) no Benjamin Kofi Asamoah a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party mu peree akonnwa no ɛna Emmanuel Kwadwo Adu a ɔwɔ Progress party amanyɔkuo mu nso bɛgyina wɔ mpɛsoa no so afe apem ahankron ne aduosia nkron (1969). Ɛno akyi no Opoku Preko a ɔwɔ National convention party nso kɔpere akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu. Anwie hɔ na Eugene Atta Agyepong nso peree akonnwa wɔ saa mpɛsoa no so mperɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduokron (1996) , mfeɛ mpem mmienu (2000) ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) mu. Peter Wiafe Pepera a ɛwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu no nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) ɛna mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) no Bryan Acheampong[2] a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party gyinaa hɔ maa mpɛsoa no.

Bere Nnipa a yɛpaw no Amanyɔkuo
1965 Benjamin Kofi Asamoah Convention People's Party
1969 Emmanuel Kwadwo Adu Progress Party
1992 Opoku Preko National Convention Party
1996 Eugene Atta Agyepong New Patriotic Party
2000
2004
2008 Peter Wiafe Pepera New Patriotic Party
2012
2016 Bryan Acheampong New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016)Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Abetifi no, nnipa mmienu na ɛpere mmarahyɛbedwa akonnwa no wɔ mpɛsoa no so. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini Bryan Acheampong nyaa mma mpem aduonu mmiɛnsa, ahanan ne aduasa mmienu (23,432) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduoson nan akyirepɔ aduosia baako(74.61) ɛna Emmanuel Tabi a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nso nyaa mma mpem nson, ahankron ne aduoson num(7,975) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu-num akyirepɔ aduasa nkron (25.39%).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu(2012) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Abetifi no, Nnipa mmienu na ɛgyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Simon Edem Asimah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduonu, ahanson ne aduosia nsia (20,766) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa akyirepɔ aduonnwɔtwe nan(63. 84) ɛna Samuel Asamoah nso a ɔwɔ progressive peoples party nso nyaa mma mpem du baako, ahanson ne aduosia nan(11,764) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nsia akyirepɔ du nsia (36.16).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008)mu wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no Peter Wiafe Pepra [3] nkoa na ɛperee mpɛsoa no akonnwa no. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996), mfeɛ mpem mmienu (2000), ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no (2004) Eugene Atta Agyepong a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nkoa na ɔperee mpɛsoa no akonnwa no. National convention party anamsini Opoku Preko nkoa na ɔperee mpɛsoa no akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992).

2016 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Abetifi
Source:Ghanaweb
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Bryan Achemapong 23,432 74.61
National Democratic Congress Emmanuel Tabi 7,975 25.39
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 31,407
2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Abetifi
Source:GhanaWeb
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Simon Edem Asimah 20,766 63.84
Progressive People's Party Samuel Asamoah 11,764 36.16
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 32,530
2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Abetifi
Source:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Peter Wiafe Pepera
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
2004 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:Abetifi
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Eugene Atta Agyepong
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Results Parliamentary Elections". Ghanaweb.com. Retrieved 18 February 2019.
  2. Parliamentary Results for Abetifi". Ghanaweb.com. GhanaWeb. Retrieved 21 March2019.
  3. Archived copy". Archived from the originalon 2012-04-23. Retrieved 2012-07-01