Bryan Acheampong

Ɛfi Wikipedia
Hon
Bryan Acheampong
MP
Minister of Food and Agriculture
Mprenpren
Bere
February 2023
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
OdikanfoOwusu Afriyie Akoto
MP for Abetifi
Mprenpren
Bere
January 2017
ƆmanpanyinNana Addo Dankwa Akufo-Addo
OdikanfoPeter Wiafe Pepera
Ne ho asɛm
Awo bere
Bryan Acheampong

27 November 1972 (1972-11-27) (age 51)
Suhum, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔPresbyterian Boys Secondary School, Johnson and Wales University, University of Ghana, Massachusetts Institute of Technology
N'adwumaAir Force
N'adwumaPolitician
CommitteesForeign Affairs Committee (Chairperson); Defense and Interior Committee; Appointments Committee; Committee of Selection Committee

Bryan Acheampong (wɔwoo no 27 Ɔbɛnem 1972)[1] yɛ Ghana amammuifoɔ ne Mmarahyɛbadwa no muni wɔ Abeti mpɛsoa so wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.[2] Ɔyɛ New Patriotic Party of Ghana no muni. Ɔdii Peter Wiafe Pepera a owuiɛ berɛ a na ɔwɔ dibea no ananmu.[3] Na ɔyɛ Ɔman Minista wɔ Ministry of Interior wɔ Ɔgyefoɔ 2019 kɔsi afe 2020. Wɔ afe 2016 mu no, ɔtɔɔ Okwawu United F.C.[4] Mprenpren ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ kuadwuma so.[5]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo no wɔ 27 Obubuo 1972 wɔ Suhum a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam mu. Bryan firi Nkwatia a ɛwɔ Kwahu Apuei Fam Mansini mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne mfitiaseɛ sukuu wɔ Achimota Mfitiaseɛ Sukuu mu na ɔkɔɔ so kɔɔ Presbyterian Boys Secondary School wɔ Legon.[6] Ɔwiee Johnson ne Wales Sukuupɔn a ɛwɔ USA a na ɔwɔ bachelor’s degree ne MBA wɔ Business Administration mu. Ɔyɛ PhD kandifoɔ wɔ Information Systems mu wɔ Ghana Suapɔn mu. Ɔwɔ Adansedi Krataa a efi Massachusetts Mfiridwuma Asoɛe hɔ. Ɔsan nso wɔ HP Accredited Sales Professional a ofi HP Suapɔn mu.[1][7][8]

Adwuma[sesa]

Ɔsomm wɔ U.S. Wim Asraafoɔ mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2004 -2006) ntam hɔ.Na ɔyɛ Ɔman Soafoɔ a ɔhwɛ Ɔman Ahobanbɔ so wɔ berɛ a wɔpaw no na ɔkaa ntam sɛ Ɔmampanyin Dwumadibea no. Ɔyɛ Ɔfotufo. Na ɔyɛ INTU-Group a ɛwɔ Nkran no kwankyerɛfo panyin. Mprempren ɔyɛ Ɔman Ɔsoafo Abadiakyiri a ɔhwɛ Mfinimfini Fam so.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni. Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Abeti Mansin a ɛwɔ Ghana Apuei fam mantam mu.

2016 abatoɔ

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔdii nkonim wɔ Abetifi Constituency mmarahyɛbadea no mu a ɔnyaa abatoɔ 23,432 a ɛyɛ 74.61% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmarahyɛbadwa kandifoɔ Tabi Emmanuel nyaa abatoɔ 7,975 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 25.39%.

2020 abatow mu

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Abetifi Constituency mmarahyɛbadwa no mu a ɔnyaa abatoɔ 25,035 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 72.42% berɛ a NDC mmarahyɛbadwa mu kandifoɔ Samuel Asamoah nyaa abatoɔ 9,536 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 27.58%.

Boayikuw[sesa]

Ɔyɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuw no Titenani, Ɔyɛ Bammɔ ne Mfinimfini Boayikuw no muni, ɔyɛ Boayikuw a Wɔpaw Nnipa no muni na ɔsan yɛ Boayikuw a Wɔpaw Boayikuw no muni.

N'Adwuma sɛ Ɔsoafoɔ[sesa]

Ɔno na ɔyɛ Ɔmanpanin a ɔhwɛ Aduane ne Kuadwuma so wɔ Ghana.[9][10]

Wɔ Benada, February 7, 2023, Ɔkasafo no, Alban Sumana Bagbin bɛpae mu aka wɔ mmarahyɛ badwa no ase.[11] Ɔdii Ɔbenfo Dr. Owusu Afriyie Akoto, a na ɔyɛ Minister fi afe 2017 kosi afe 2023. Nnansa yi ara na ɔtuee ne nan ase sɛ ɔbɛdi NPP a ɛredi tumi no anim wɔ wɔn abatoɔ a ɛreba no mu.[11][12]

Wɔpaw no sɛ Ɔman Soafo, Ɔmanpanyin Adwumayɛbea wɔ Ɔpɛpɔn 4, 2017, na akyiri yi ɔfaa Ɔman Soafo adwuma wɔ Ɔman mu Asɛnka Dwumadibea wɔ Ɔpɛpɔn 13, 2020, wɔ ne nhyiamu ase no akyi. 22]

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔnwaree. Ɔyɛ Kristoni na ɔsom sɛ Presbyterian.

Adɔeɛ[sesa]

Wɔ Kitawonsa 2019 mu no, ɔde 150kv generator maa Presbyterian College of Education (ABETICO) wɔ Abetifi wɔ Apuei Fam Mantam my.

Wɔ Oforisuo 2019 mu no, Bryan nam Bryan Acheampong Foundation so de GH¢250,000 check maa Presbyterian University College.

Wɔ Ayɛwohomumɔ 2020 mu no, ɔde bɛboro ¢820,000 maa Afram Asasetaw Atifi, Afram Asasetaw Anafoɔ, Abirem, Mpraeso, Nkawkaw, Abetifi ne Suhum.

Wɔ Ɔpɛpɔn 2021 mu no, ɔboaa ma wɔsii abura bɛboro ɔha wɔ Abetifi, Pampaso, Abetifi Christian Quarters, Nkwatia, Kwahu-Tafo, Bokuruwa, Nteso, Ankomah, Akwasiho, Dwerebease ne Suminakese.

Wɔ Kitawonsa 2021 mu no, ɔde afuo mu nneɛma a ne boɔ yɛ ¢500,000 maa akuafoɔ bɛboro 6,000 a wɔwɔ Kwahu Apueeɛ Mantam mu sɛ wɔmmoa wɔn kuayɛ adwuma.

Wɔ Ɔpɛpɔn 2022 mu no, ɔmaa Suzuki Swift SRS Kar maa Awogyefoɔ a ɔsen biara wɔ Abetifi Mantam mu.

Wɔ Ɔsanaa 2022 mu no, ɔde ¢170,000, mfiri a wɔde pam ade 42 ne mfiri a wɔde twitwiw ti nhwi 26 maa Dressmakers and Hairdressers Associations a ɛwɔ ne mansin mu.

Abɔdin Ahodoɔ[sesa]

Wɔ Ayɛwohomumɔ 2020 mu no, Kasapreko Company Limited mpanyimfo kamfoo no wɔ mmoa a ɔde ko tia COVID-19 ɔyaredɔm no ho.

Wɔ Ɔsanaa 2021 mu no, Ghana Ɔman Akyerɛkyerɛfoɔ Fekuo hyɛɛ Bryan anuonyam sɛ ɔmaa wɔn asɔremma a wɔwɔ Kwahu Apueeɛ Mantam mu no sika a wɔde bɛboa no.

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  2. "Goodfellow Donates Materials to Fight C-19", Eureka!, vol. 40, no. 6, pp. 9–9, 2020-06, doi:10.12968/s0261-2097(22)60570-7, ISSN 0261-2097, retrieved 2023-10-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  3. "Wilson, Philip, (born 31 May 1959), MP (Lab) Sedgefield, since July 2007", Who's Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2023-10-02
  4. "APPENDIX", Religion in Global Health and Development, McGill-Queen's University Press, pp. 227–234, 2022-04-20, retrieved 2023-10-02
  5. "Communications from the President of the Security Council or the Secretary-General during the period from 1 August 2011 to 31 July 2012", Report of the Security Council, UN, pp. 264–275, 2014-09-24, ISBN 978-92-1-056919-4, retrieved 2023-10-02
  6. Mikuláš Čtvrtník (2023), "Introduction", Archives and Records, Cham: Springer International Publishing, pp. 1–17, ISBN 978-3-031-18666-0, retrieved 2023-10-02
  7. "A Stylistic Analysis of President Nana Addo Dankwa Akufo-Addo's Update on Ghana's Enhanced Response to Covid-19 Pandemic", Journal of Literature, Languages and Linguistics, 2023-03, doi:10.7176/jlll/97-01, retrieved 2023-10-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  8. Akufo-Addo, Hon. Nana, retrieved 2023-10-02
  9. "Bryan Acheampong", Wikipedia (in English), 2023-08-31, retrieved 2023-10-02
  10. Emmanuel Kwame Amoh (2023-06-06), Bryan Acheampong bans consumption of animals found dead in Binduri, U/E (in American English), archived from the original on 2023-06-17, retrieved 2023-10-02
  11. 11.0 11.1 Bryan Acheampong Takes Over Agric Ministry (in American English), 2023-02-07, retrieved 2023-10-02
  12. MSN, retrieved 2023-10-02