Weija (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Weija-Gbawe
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniGa West District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPTina Gifty Naa Ayele Mensah

Weija(About this soundpronunciation of"Weija")  mpɛsoa (seisei deɛ awu) yɛ tete mpɛsoa a wɔkyɛɛ mu mpɛsoa mmiɛnsa-Anyaa- sowutuom,Bortianor-Ngleshie-Amanfrom ne Weija Gbawe[1] wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu Ghana abatoɔ nom. Ɛnni anamsini biara wɔ Ghana mmarahyɛbedwam ɛna wɔnto aba nyi mmarahyɛbedwanii biara. Ɛnkane Weija wɔ Ga West mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) ne mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom no Shirley Ayorkor Botchwey a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party na gyina maa mpɛsoa no.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Weija no, wɔtoo mmarahyɛbedwafoɔ num so aba. Shirley Ayorkor Botchway a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduosia nsia, ahasa ne aduoson baako (63,371) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum mmiɛnsa akyirepɔ nson(53.7). Ɛna Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini Sheriff Nii Otto Dodoo nso nyaa mma mpem aduonum baako, ahankron ne aduosia baako (51,961) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nan akyirepɔ baako (44.1). Mma mpem mmienu,ɔha ne num(2,105) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nnwɔtwe (1.8) na Osman Ahmed Okyere a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ. Democratic freedom party anamsini Joshua Nee Sackey Oku nyaa mma ahasa ne aduonum nnwɔtwe (358) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa(0.3%). Isaac Nii Otoo Otoo nso nyaa mma ɔha ne du mmiɛnsa (113)a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1%).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. HON. AYORKOR SCHOOLS NDC'S SEDINA TAMAKLOE | Ghana Newsline". infotechplusghana.com. Retrieved 2016-12-11.