Tina Gifty Naa Ayele Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Tina Gifty Naa Ayele Mensah
Awo bere23 January 1964 (1964-01-23) (age 60)
Accra
Ne manGhanaGhana
AdesuaBachelor's degree in Public Administration and masters in international Relations and Diplomacy
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaPolitician
Yɛnim no sɛNew Patriotic Party

Tina Gifty Naa Ayele Mensah (wɔwoo no Ɔbɛnem 23, afe 1964) yɛ Ghanani ɔmanyɛfo na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Weija- Gbawe mantam. Ɔyɛ New Patriotic Party no muni na Nana Addo paw no sɛ Akwahosan Soafo abadiakyiri wɔ 15 March 2017.

Ne mmɔfrase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ Ɔbɛnem 23, afe 1964 wɔ Jamestown, Britania Accra a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu . Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Accra Mmabaa Sukuu mu. Ɔwɔ Bachelor’s degree wɔ Ɔman Adwumayɛ mu ne Masters wɔ amanaman ntam abusuabɔ ne Diplomacy mu wɔ Ghana Institute of Public Administartion.

Amanyɔsɛm[sesa]

Mensah nyaa abatoɔ 34,216 wɔ abatoɔ 59,926 a ɛfata a wɔtoo wɔ afe 2016 mmrahyɛbagua abatoɔ no mu. Obuobia Darko-Opoku ne Jessica Adwoa Mannuel na wɔdii akan.

Ɔsii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmrahyɛbagua mu kandifoɔ ma New Patriotic Party, na ɔdii nkonim.

Adwuma[sesa]

Ná ɔyɛ Gemens Company LTD no kwankyerɛfo panyin. wɔ Mamprobi, Accra, na ɛwɔ hɔ.

Abasobɔde ahorɔw[sesa]

Wɔ 4 Ɔbɛnem 2017 no, Ghana-Nigeria Mmabun Ahyehyɛde no maa no abasobɔde wɔ akanni a ɔda nsow ho. Wɔ afe 2017 mu no, FAKS Investigative Services buu no sɛ Ɔsomfoɔ Abadiakyiri a ɔsen biara.

Ankorankoro asetra[sesa]

Tina aware a ɔwɔ mma baasa. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]