Sefwi-wiawso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sefwi-Wiawso
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniSefwi-Wiawso District
MantamWestern North Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPKwaku Afriyie

Sefwi-Wiawso(About this soundpronunciation of"Sefwi-wiawso")  yɛ mmarahyɛbedwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana atifi atɔeɛ mantam.[1] Mmarahyɛbedwanii a ɔda saa mpɛsoa no ano ne Kwaku Afriyie, a ɔnam ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" so too no so aba wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia abatoɔ nom. Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana. Nkane no na wɔhyɛ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mu firi afe apem aha nkron aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu a wɔte firii Sefwi-Akontombra abatoɔ mpesua no mu de kɔ si sɛ wotee mansini no anaafoɔ fam firii mansini no mu maa yɛnyaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no wɔ ogyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ mu. Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no ahenkron ne Wiawso.[2]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ nson na watena akonnwa no so. wɔ Afe apem ahankron ne aduonum nsia (1956) abatoɔ mu no, "Convention peope's party" ananmusini a wɔde no baeɛ ne Owura William Kwabena Aduhene, abatoɔ no baa awieɛ no, na CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura William Kwabena Aduhene tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi afe apem ahankron ne aduonum nsia de kɔpem Afe apem ahankron ne aduosia num (1956-1965) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Amannyɔkuo a ɛbɛyii CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no ananmusini firii Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so ne "Peope's party". wɔ Afe apem ahankron ne aduosia nkron (1969) abatoɔ mu no, Peope's party ananmusini a wɔde no baeɛ ne Owura Sebastian Kwaku Opon, abatoɔ no baa awieɛ no, na Peope's party ananmusini no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura Sebastian Kwaku Opon, tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi afe apem ahankron ne aduosia nkron de kɔpem Afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1969-1972) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Amannyɔkuo a yɛfrɛ no "Progressive peope's party" na ɛbɛyii "Peope's party" no ananmusini no firii Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so. wɔ Afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979) abatoɔ mu no, Progressive Peope's party ananmusini a wɔde no baeɛ ne Owura Isaac K Fuakye, abatoɔ no baa awieɛ no, na Progressive Peope's party ananmusini no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura Isaac K Fuakye, tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi afe apem ahankron ne aduoson nkron de kɔpem afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako (1979-1981) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ mu no, Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" na ɛbɛyii "Peope's party" no ananmusini no firii Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so. Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" ananmusini a wɔde no baeɛ ne Owura John Kwaku Danso, abatoɔ no baa awieɛ no, na Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" ananmusini no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura John Kwaku Danso, tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi Afe apem ahankron ne aduokron mmienu de kɔpem afe apem ahankron ne aduokron nsia (1992-1996) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) abatoɔ mu no, Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" sesaa wɔn ananmusini a wɔde no baa afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) abatoɔ mu no. Ananmusini a Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" de no bɛgyinaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no ne Owura Isaac Kobina Nyame-Ofori. Abatoɔ no baa awieɛ no, na Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress ananmusini no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura Isaac Kobina Nyame-Ofori, tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi Afe apem ahankron ne aduokron nsia de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne nan (1996-2004) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Wɔ afe Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ mu no, Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane yɛɛ nsesaeɛ bio wɔ wɔn ananmusini a wɔde no baa afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) abatoɔ mu no. Ananmusini a Kyiniiɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" de no bɛgyinaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no ne Owura Paul Evans Aidoo. Abatoɔ no baa awieɛ no, na Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress ananmusini no adi nkunim wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Owura Paul Evans Aidoo, tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so firi Mfeɛ mpem mmienu ne nan de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2004-2016) ansa na ɔrefiri akonnwa n so.

Afe a NPP Ɔsono amannyɔkuo no tumi tenaa Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so ne afe mpem mmienu ne du nsia abatoɔ mu (2016). Wɔ saa afe yi abatoɔ mu no, NPP Ɔsono amannyɔkuo de ananmusini a yɛfrɛ no Owura Kwaku Afriyie na ɛbɛgyinaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini Owura Kwaku Afriyie adi nkunim berɛ a ɛdi kan koraa wɔ Sefwi-Wiawso abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Nea ɔdikan yii no Ekuoba Amanyɔkuo Mpɛn dodoɔ a ɔdii wɔ akonnwa no so
Afe apem ahankron ne aduonum nsia William Kwabena Aduhene Convention peope's party Afe apem ahankron ne aduonum nsia de kɔpem Afe apem ahankron ne aduosia num
Afe apem ahankron ne aduosia nkron Sebastian Kwaku Opon Peope's party Afe apem ahankron ne aduosia nkron de kɔpem Afe apem ahankron ne aduoson mmienu
Afe apem ahankron ne aduoson nkron Isaac K Fuakye Progressive peope's party Afe apem ahankron ne aduoson nkron de kɔpem Afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako
Afe apem ahankron ne aduokron mmienu John Kwaku Danso Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Afe apem ahankron ne aduokron mmienu de kɔpem Afe apem ahankron ne aduokron nsia
Afe apem ahankron ne aduokron nsia Isaac Kobina Nyame-Ofori Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Afe apem ahankron ne aduokron nsia de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne nan
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Paul Evans Aidoo Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Mfeɛ mpem mmienu ne nan de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne du nsia
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Kwaku Afriyie Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Bureau, Communications. ""Sefwi Wiawso Is Capital Of Western-North Region" – President Akufo-Addo". presidency.gov.gh. Retrieved 4 September 2020.
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Sefwi-Wiawso_Municipal_District