Pru East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Pru East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniPru District
MantamBono East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNDC
MPKwabena Donkor

Pru East (About this soundsɛnea yɛbɔ Pru East ) yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔtee no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan nom.[1] Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Pru East wɔ Bono apueɛ mantam wɔ Ghana.[2]

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no akonnwa no hyɛ Pru mansini wɔ Bono apueɛ mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) ne mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no Kwabena Donkor a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu na ɔnyaa mpesua no akonnwa no tenaa so.ɛna Masoud Baba Abdul-Rahman a ɔno nso wɔ Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso tenaa akonnwa no so mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) ne mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu

Kwabena Donkor[3] Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress
Mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe

Mfeɛ mpem mmienu ne nan

Masoud Baba Abdul Rahman[4] Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia.

Amoah King David a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nyaa mma mpem du mmiɛnsa, aduonum ne du mmienu (13,512) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nsia akyirepɔ nkron (56.9%). Progressive peoples party anamusini Dan Jumah Desmond nso nyaa apem, ahanum ne aduowɔtwe (1,580) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nsia akyirepɔ aduonum nson(6.57). Mma ɔha ne aduasa(130) a ɛyɛ akyirepɔ aduonum nan(0.54) na Zevor Matthew Tsiditsey a ɔwɔ National Democratic party nyaeɛ. Noah Ken Boadu a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma aduoson num(75) a ɛyɛ akyirepɔ aduasa baako (0.31).[5]

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
NDC Kwabena Donkor Mpem du mmiɛnsa, aduonum ne du mmienu Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nsia akyirepɔ du nkron
NPP Amoah King David Mpem nnwɔtwe, ahason ne aduanan nkron Ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nsia akyirepɔ aduasa nnwɔtwe
PPP Dan Jumah Desmond Apem, ahanum ne aduowɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu nsia akyirepɔ aduonum nson
NDP Zevor Matthew Tsiditsey Ɔha ne aduasa Akyirepɔ aduonum nan
CPP Noah ken Boadu Aduoson num Akyirepɔ aduasa baako

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ[6]

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
NDC Kwabena Donkor Mpem du num, ahankron ne nsia Ɔhamu nkyekyɛmu aduosia baako akyirepɔ aduonum
IND King-David Kwao Amoah Mpem nsia, ɔha ne aduasa Ɔhamu nkyekyɛmu aduonu mmiɛnsa akyirepɔ aduoson
NPP Abraham Nyidavu Mpem mmiɛnsa, ahaanan ne aduasa Ɔhamu nkyekyɛmu du mmiɛnsa akyirepɔ aduonu nsia
IND Kingsley Aboukrah Ɔha ne aduanan nwɔtwe Akyirepɔ aduonum nson
PPP Nyafule Owusu Emmanuel Ɔha ne aduonu num Akyirepɔ aduanan nwɔtwe
CPP Adzormahe Agbenya Ebenezer Ɔha ne aduonu num Akyirepɔ aduanan nwɔtwe

Mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ.[7]

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Masoud Baba Abdul-Rahman Mpem du mmiɛnsa ne aduokron Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyirepɔ du nan
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Alhaji Gariba Iddrisu Mpem nnwɔtwe, ahankron ne aduokron nan Ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nnwɔtwe akyirepɔ aduokron num
Independent Amoah King David Mpem nnwɔtwe, ahanu ne aduosia num Ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nsia akyirepɔ aduosia baako
Democratic people's party Ponada Donkor George Evans Ahaasa ne du nkron Ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmiɛnsa
DFP Bijabi Joses Ɔhanu ne aduowɔtwe nan Akyirepɔ aduowɔtwe mmienu
Akokɔ amanyɔkuo convention peope's party Ameyaw Charles Ɔha ne aduanan baako Akyirepɔ aduanan num

Mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ.[8]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no, nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no wɔ Pru East a nipa baako deɛ na ɔnni amanyɔkuo biara mu. Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini Masoud Baba Abdul-Rahman nyaa mma mpem aduonu mmienu ne aduowɔtwe (22,080) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa akyirepɔ du(63.10%). Amoah King David a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nso nyaa mma mpem du mmienu ne aduonu nkron (12,029) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nan akyirepɔ aduanan (34.40%). Mma ahanum ne aduonum nu(555) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nsia na Francis Dorkose Dawudu a ɔwɔ People's Convention party nyaeɛ. Kingsley K.A Abonkrah a ɔnni amanyɔkuo biara mu no nso nyaa ahasa ne num(305) a ɛyɛ akyirepɔ aduokron (.90%).

Amanyɔkuo Anamsifoɔ Mma Ɔhamu nkyekyɛmu
Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress Masoud Baba Abdul-Rahman Mpem aduonu mmienu ne aduowɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa akyirepɔ du
Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party Amoah King David Mpem du mmienu ne aduonu nkron Ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nan akyirepɔ aduanan
Peoples National convention Francis Dorkose Dawudu Ahanum ne aduonum num Ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ aduosia
Independent Kingsley k.A Abonkrah Ahasa ne num Akyirepɔ aduokron

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "#NDCDecides: Power Minister Kwabena Donkor wins Pru East - citifmonline.com". citifmonline.com. 2015-11-22. Retrieved 2018-03-15.
  2. Bureau, Communications. ""Bono East Officially Created; Techiman Is Capital" – President Akufo-Addo". presidency.gov.gh. Retrieved 2020-08-24.
  3. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Pru East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-15.
  4. FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results - Pru East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-15.
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/brongahafo/pru_east/
  6. FM, Peace. "Ghana Election 2012 Results - Pru East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-15.
  7. FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results - Pru East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-15
  8. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Pru East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-03-15.