Kwabena Donkor

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kwabena Donkor
Member of Parliament
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoMasoud Baba Abdul-Rahman
MpɛsoaPru East
Minister for Power
Bere
December 2014 – December 2015
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere5 March 1958 (1958-03-05) (age 66)
Lonto via Yeji, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Bristol, Lancaster University
N'adwumaPolitician
N'adwumaChief Executive Officer
CommitteesEmployment, Social Welfare and State Enterprises Committee (Ranking Member); Standing Orders Committee; Mines and Energy Committee

Kwabena Donkor (wɔwoo no 5 Ɔgyefoɔ 1958) yɛ Ghana amanyɔni ne kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Tumi so (Minister for Power).[1] Ɔyɛ mprempren Mmarahyɛbadwani ma Pru Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa, wɔ Bono Apuei Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ogyaee n’adwuma sɛ ɔsoafoɔ ɛnam sɛ wantumi anwie load shedding agye din a wɔfrɛ no Dumsor, ɛfiri sɛ na ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ wansiesie yei ansa na afe 2015 aba awieeɛ a, ɔbɛgyae adwuma no.[3][4]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Donkor wɔ Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so anum (5), afe 1958, wɔ Lonto a ɛwɔ Yeji wɔ Bono Apuei Mantam mu wɔ Ghana. Ɔwɔ PhD ne master’s degree wɔ Bristol Suapɔn mu (University of Bristol), ne abodin krataa wɔ adwumayɛ ho nimdeɛ mu (master of business administration) wɔ Lancaster Suapɔn mu (Lancaster University).[1]

Adwuma[sesa]

Donkor dii dwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ ɔsoafoɔ abadiakyiri (deputy minister of information) firi afe 2013 kosi afe 2014. Ɔyɛ Petroleum Badwa no muni a ɔhyehyɛɛ no (founding member of Petroleum Commission) na ɔyɛɛ ne panin (executive officer) wɔ afe 2014. Saa afe no ara mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana Aban no soafoɔ panin (cabinet minister of the Government of Ghana). Ɔbɛyɛɛ Ghana Mmarahyɛbadwani wɔ afe 2015 mu na ɔyɛɛ Boayikuo a ɛhwɛ Atopaeɛ ne Ahoɔden so no Titenani (Chairman of the Committee on Mines and Energy).[1][5] Mprempren ogyina Pru Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Bono Apuei Mantam mu wɔ GhanaƆman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1][6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Donkor sii akan maa Pru Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no atenaeɛ wɔ afe 2016 amansan abatoɔ no mu na odii nkonim. Onyaa amba 13,512 a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 56.19% na ɛno nti odii akansifoɔ afoforɔ a David Amoah, Danjumah Desmond, Noah Ken Boadai ne Zevor Mattaw Tsiditsey ka ho no so nkonim.[7] Ɔkuraa n’akongua so wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu.[8]

Boayikuw ahorow[sesa]

Donkor yɛ Adwumayɛ (Employment), Asetena mu Yiedie (Social Welfare) ne Ɔman Nnwuma Boayikuo (State Enterprises Committee) no muni a ɔdi kan (Ranking Member); ɔsan yɛ Daa Ahyɛde Boayikuw (Standing Orders Committee) no muni; na ɔsan yɛ Fam Agodie ne Ahoɔden Boayikuw (Mines and Energy Committee) no muni.[9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Donkor yɛ Kristoni. Waware na ɔwɔ mma baanan (4).[10][11]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Hon. Kwabena Donkor (Dr)". parliament.gh. Archived from the original on 6 August 2016. Retrieved 30 December 2015.
  2. "ACEP urges Kwabena Donkor to admit failure and resign". Myjoyonline.com. 26 December 2015. Retrieved 30 December 2015.
  3. Darfah Frimpong, Enoch (31 December 2015). "Confirmed: Kwabena Donkor resigns over dumsor controversy". graphic.com.gh. Retrieved 1 January 2016.
  4. "Power Minister resigns over Dumsor". citifmonline.com. 31 December 2015. Archived from the original on 2 January 2016. Retrieved 1 January 2016.
  5. "Celebrating The Man Dr. Kwabena Donkor (Pt.1)". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-01-31.
  6. "Dr Kwabena Donkor | Annual Ghana Summit". www.cwcghana.com. Archived from the original on 2020-01-31. Retrieved 2020-01-31.
  7. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results – Pru East Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-01-31.
  8. "Parliamentary Results for Pru East". www.ghanaweb.com. Retrieved 11 January 2021.
  9. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-11-18.
  10. "Ghana MPs – MP Details – Donkor, Kwabena (Dr)". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-01-31.
  11. "Ghana Parliament member Kwabena Donkor (Dr)". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-01-31.