Ningo-Prampram (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ningo-Prampram
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniNingo-Prampram District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created1992
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPSam Nartey George

Ningo-Prampram(About this soundpronunciation of"Ningo-Prampram")  mpɛsoa yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Mpɛsoa no nyaa ne din firii nkuro mmienu a ɛhyɛ mpɛsoa nom. Saa nkuro no na ɛso paa ɛne Ningo a akyɛ ne prampram ɛsua koraa sɛ wode toto afoforɔ ho a na ɛmu sua. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Ningo-Prampram wɔ Ningo-Prampram mansini wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana."Central University College"wɔ ne nkyekyɛmu no baako wɔ Miotso a ɛbɛn Prampram. Nhyehyɛeɛ gu akwan mu a wɔde ne nkyekyɛmu no baako bɛkɔ Ningo-Prampram. "Hope City" a wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsi no kasoa no nso wɔde kɔ hɔ.[1] Nhyehyɛeɛ sane so gu akwan a wɔrebɛsi amanɔne wiemhyɛn beaɛ foforɔ wɔ baabi a ɛbɛn Ningo.[2]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no, Stanley Basil Bade Carboo a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress peree mpɛsoa no akonnwa no bi. Enoch Teye Mensah a ɔno nso wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso peree akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no, Sam George Nartey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso gyina maa mpɛsoa no.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Ningo-Prampram no nnipa nan na ɛperee akonnwa no. Enoch Teye Mensah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem du nnwɔtwe, ahasa ne aduasa nkron (18,339) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduoson baako akyirepɔ num(71.5). Mma mpem nsia, ɔha ne aduokron nsia (6,196) a ɛwɔ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nan akyirepɔ baako(24.1%) na Abed Tawiah Okorno a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaeɛ. Christian Chartey Zuttah a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa ahannsia ne aduasa nkron (639) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ num(2.5). Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Abdulai Nii Martey nyaa ahanan ne aduowɔtwe nson(487) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nkron (1.9).

Abatoɔ[sesa]

2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Ningo-Prampram
Sources: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Enoch Teye Mensah 18,339 71.5
New Patriotic Party Abed Tawiah Okorno 6,196 24.1
Independent Christian Chartey Zuttah 639 2.5
Convention People's Party Abdulai Nii Martey 487 1.9
Abatoɔ dodoɔ 12,143 47.4
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Hope City now moved to Prampram". modernghana.com.
  2. Hana's New International Airport". modernghana.com.