Enoch Teye Mensah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Enoch Teye Mensah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameEnoch Sesa
date of birth17 Kotonimma 1946 Sesa
place of birthKoforidua Sesa
date of death1 Ahinime 2023 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, accountant Sesa
educated atInstitute of Financial Accountants Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewMethodism Sesa

Enoch Teye Mensah a yɛwoo no Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so dunson (17) wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia (1946-2023) mu yɛ amanyɔni. Na ɔyɛ mansoafoɔ ma asoeɛ a ɛhwɛ nnwomasua so ne mmarahyɛbadwani firi Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) mu de kɔsi Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu (2017).[1]

Nwomasua ne Abrabɔ ahyɛase[sesa]

Wɔwoo Mensah wɔ Kɔtɔnimaa bosome da a ɛtɔ so dunson (17) wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia (1946) mu na ofiri Prampram a ɛwɔ Nkran mantam a ɛwɔ Ghana mu.[2] Ɔkɔɔ sukuu wɔ SNAPS kɔlege of Accountancy, a owieeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduosia nwɔtwe mu (1968).[3] Ɔsane so nyaa ne RSA III wɔ afe apem ahankron ne aduoson mu (1970), na ɔbɛyɛɛ Institute of Financial Accountants mu nipa wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia (1986). Ɔyɛ Account Ɔfesa a ɔyɛ adwuma wɔ University of Ghana, Legon sɛ sikasɛm ho kyeame (Accounting Officer).[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Sɛ Nkran kurow sohwɛfoɔ (Mayor)

Wɔ PNDC asraafoɔ mmerɛ so wɔ Ghana no, na wayɛ Nkran AMA no panyin akyɛ, na ɛno ɛnam so na ɔde bɛyɛɛ kurow no sohwɛfoɔ. Ɔkɔ kaa Kyiniiɛ Amanyɔkuo (National Democratic Congress) no ho wɔ berɛ a wɔtee kuo no wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu mu (1992).

Sɛ Mmarahyɛbadwani[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia mu (1996) no, Ogyinaeɛ wɔ Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ na odii nkunim bɛyɛɛ Ningo-Prampram mpasua no mmarahyɛbadwani, a ɔtenaa mpasua no akonnwa so wɔ mmarahyɛbadwam bɛyɛ mfeɛ du. Berɛ NDC dii nkoguo wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) abatoɔ akyire no, ɔkɔɔ so yɛɛ mmarahyɛbadwani. Sam George bedii Mensah adeɛ wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) NDC mpasua agyinafoɔ abatoɔ no mu.[5] Wadi dwuma sɛ mmarahyɛbadwam dɔmkuma Chief Whip ansa wɔrebɛto Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008).[6]Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, ɔbɛyɛɛ dɔmkɛseɛ no Chief Whip wɔ mmarahyɛbadwam.

N'abrabɔ[sesa]

Mr. Mensah aware wɔ mma nson.[7]

Abatoɔ[sesa]

Mr. Mensah yɛ Ghana amanyɔni na wɔyii sɛ mmarahyɛbadwani ma mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan berɛ wɔtoo afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ no mu. Ɔde mma mpem dunum, ahansia ne aduoson nson (15,677) a na egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nsia ne akyirepɔ du (56.10%) a ɔde dii n'akansifoɔ; Desmond Nene Quaynor a onyaa mma apem, ahanum ne aduosia nkron (1,569) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu num ne akyirepɔ aduosia (5.60%) wɔ mma dodoɔ a ɛbaeɛ no nyinaa mu na Gwendolyn Sara Addo a wannyina amma amanyɔkuo biara no nso nyaa mma apem, ahanum ne aduasa nson (1,537) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu num ne akyirepɔ aduonum (5.50%) .[8] Ɔkɔɔ so tenaa Ningo Prampram akonnwa so wɔ mmarahyɛbadwam de kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) mu a Samuel George Nartey betuu no.

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɔmampanini dada John Agyekum Kufuor de Companion of the Order of the Volta abasobɔdeɛ maa no.[9]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://citifmonline.com/2015/11/22/ndcdecides-sam-george-crushes-prampram-mugabe-et-mensah-2/
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Accra_Metropolitan_Assembly
  3. https://web.archive.org/web/20091027054626/http://www.parliament.gh/honmensah_enoch_teye.html
  4. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/people/person.php?ID=1228
  5. http://citifmonline.com/2015/11/22/ndcdecides-sam-george-crushes-prampram-mugabe-et-mensah-2/
  6. http://www.myradiogoldlive.com/index.php?option=com_content&task=view&id=1409&Itemid=99
  7. https://mobile.ghanaweb.com/person/Enoch-Teye-Mensah-1228
  8. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/greateraccra/index.php
  9. http://www.myradiogoldlive.com/index.php?option=com_content&task=view&id=1409&Itemid=99