Ledzokuku (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ledzokuku
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolis District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
MPBen Ayiku, National Democratic Congress

Ledzokuku(About this soundpronunciation of "Ledzokuku" ) yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpesua no. Ledzoku wɔ Dangme East wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana. Gulf of Guinea (ɛfiri Kpeshie Lagoon de kɔ Sakumono junction) aka mansini adantam no ne anaafoɔ no abom . Ɛtoaso saa fa keteke kwan no so fa Sakumono de fa "in the run traffic light" ."Spintex road de rekɔ Coca cola roundabout" ne apueɛ no na ɛbom. Ɛfa benkum ne nifa wɔ Johnson wax. Ɛhyeɛ no atifi na moto kwan dekɔ Tetteh Quarshie"interchange" de fa anaafoɔ a Ashitey Akomfra abatoɔ beaɛ ne kpeshie Lagoon. Mpesua no yɛ efie ma ayaresabea baako a agye din wɔ Nkran, Lekma ayaresabea.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu na Nii Adjei-Boye Sekan a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) mu peree mpesua no akonnwa no. saa anamsini yi sane peree akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) wɔ amanyɔkuo noa mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu no Eddie Akita a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nso peree akonnwa no. Dr. Gladys Norley Ashitey a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nso gyina maa mpesua no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) nom. Kyiniiɛ (National Democratic Congress) anamsini Nii Nortey Dua nso peree akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) mu. Kyiniiɛ amanyɔkuo no (National Democratic Congress) sane yii anamusini foforɔ ma no bɛperee akonnwa no a yɛfrɛ no Benita Sena Okity-Duah wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012).Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no Ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nso sesaa wɔn anamusini de Dr. Benard Okoe Boye. (National Democratic Congress) nso sesaa wɔn anamusini wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) a yɛfrɛ no Ben Ayiku ma no peree mpesua no akonnwa no.

Election Member Party
1992 Nii Adjei-Boye Sekan National Democratic Congress
1996 Nii Adjei-Boye Sekan National Democratic Congress
2000 Eddie Akita New Patriotic Party
2004 Dr. Gladys Norley Ashitey New Patriotic Party
2008 Nii Nortey Dua National Democratic Congress
2012 Benita Sena Okity-Duah National Democratic Congress
2016 Dr. Benard Okoe Boye New Patriotic Party
2020 Ben Ayiku National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Mmarahyɛbedwafoɔ a yɛtoo wɔn so aba yii wɔn wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ledzokuku no, nnipa nsia na ɛgyina maa mpesua no. Nii Nortey Dua a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nyaa mma mpem aduanan mmienu ne aduowɔtwe nson (42,087) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nsia akyirepɔ nsia(56.6). Gladys Norley Ashitey a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mma mpem aduasa,ahansia ne aduonu mmienu (30,622) a ɛ

Me ɔhamu nkyekyɛmu aduanan baako akyirepɔ mmienu (41.2). Mma ahannwɔtwe ne aduasa mmienu (832) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ baako (1.1) na akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Griffiths Agoe Sowah nyaeɛ. Olan Adjetey a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa ahannsia ne du mmienu (612) a ɛyɛ akyirepɔ nnwɔtwe (0.8). Nathaniel Nii Okai Aryittey a ɔwɔ (Democratic freedom party) nyaa mma ɔha ne du(110) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1). New vision Party anamusini Angela Adams nyaa aduowɔtwe nsia(86) a ɛyɛ akyirepɔ baako (0.1).

Mmarahyɛbadwafoɔ a yɛtoo wɔn so aba yii wɔn wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) nom wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Ledzokuku no,[1] anamusifoɔ num na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a yɛtoo wɔn so aba. Benard Okoe Boye a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nyaa mma mpem aduanan num, ahanu ne aduonum nkron(45,259) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum akyirepɔ aduoson num (50.75). Kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) anamusini Benita Sena Okity-Duah nyaa mma mpem aduanan mmiɛnsa ne aduokron mmienu (43,092) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe akyirepɔ aduasa mmienu (48.32%). Mma ahanan ne aduasa mmiɛnsa (433) a ɛyɛ akyirepɔ aduanan nkron(0.49) na akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Emmanuel Nii Ashia Anyankor nyaeɛ. Stephen Stanley Quaye a ɔnni amanyɔkuo biara nso nyaa mma ahasa ne du(310) a ɛyɛ akyirepɔ aduasa num(0.35%). People's National convention anamusini Yakubu Faharudeen nso nyaa mma aduokron num(95) a ɛyɛ akyirepɔ du baako (0.11).

2008 Abatoɔ:Ledzokuku
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Nii Nortey Dua 42,087 56.6
New Patriotic Party Gladys Norley Ashitey 30,622 41.2
Convention People's Party Griffiths Agoe Sowah 832 1.1
Independent (politics) Olan Adjetey 612 0.8
Democratic Freedom Party Nathaniel Nii Okai Aryittey 110 0.1
New Vision Party Angela Adams 86 0.1
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
2016 Abatoɔ:Ledzokuku
Source: [ https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/greateraccra/ledzokuku/
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party BENARD OKOE BOYE 45,259 50.75%
National Democratic Congress BENITA SENA OKITY-DUAH 43,092 48.32%
Convention People's Party EMMANUEL NII ASHIA ANYANKOR 433 0.49%
Independent (politics) STEPHEN STANLEY QUAYE 310 0.35%
People's National Convention YAKUBU FAHARUDEEN 95 0.11%
Abatoɔ dodoɔ
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/greateraccra/ledzokuku