Lambussie (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Lambussie
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniJirapa/Lambussie District
MantamUpper West Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPEdward K. Dery

Lambussie yɛ mpɛsuasoɔ no mu baako a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam. Wɔtoo aba yi mmarahyɛbadwani baako a odii nkonimwɔ abatoɔno mu. Lambussie wɔ Jirapa Lambussie mansini a ɛwɔ Atɔe Sor Mantam wɔ Ghana. Lambussie mpɛsua a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Edward K.Dery na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no wɔ Jirapa/ Lambussie mansini no mu wɔ Atɔe Sor Mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Jirapa/ Lambussie Mansini a ɛwɔ Atɔe sor Mantam wɔ Ghana na akonnwa no wɔ.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Abatoɔ a ɛdikan a wɔtoo no wɔ afe apem dunkron ne aduokron mmienu (1992) mu na wɔyii Mmarahyɛbadwani Jocob Bawiine Boon sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani mfa mma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no.

Afe apem dunkron ne aduokron nsia (1996) mu abatoɔ no, wɔtoo aba yi Luke Koo sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani mfa mma Kyinie.Amanyɔkuo no.[1]

Afe apem dunkron ne aduokron nkron (1999) mu abatoɔ a adikan no wɔyii Alice Teni Boom sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani mfa mma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no.[2][3]

Mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ no, wɔtoo aba yi John Duoghr Baloroo sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani mfa mma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no.[4]

Mfe mpem mmienu ne dummienu (2012) abatoɔ no, wɔtoo aba yi Edward K. Dery sɛ ɔyɛ Mmarahyɛbadwani mfa mma Kyinie Amanyɔkuo no.[4]

Abatoɔ[sesa]

Mfe mpem mmienu ne dunsia (2016) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Lambussie.[5][6]

Mfe mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no Edward K.Dery a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no. Ɔnyaa mma no mu mpem nwɔtwe ahankron ne aduasa baako (8,931) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nwɔtwe akyiri pɔ aduonu nkron (58.29%).

Bakye Yelviel-Dong Baligia a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no wɔ mfe mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no mu no, ɔnyaa mma mpem nsia ɔha ne du (6,110) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nkron akyiri pɔ aduowɔtwe nwɔtwe (39.88%).

Ɔdeneho Amanyɔkuo (Independence) no anamsini Ernest Sanyare Beinpuo nso nyaa mma ɔha aduonu nwɔtwe (128)a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduowɔtwe nan (0.84%).

CPP Amanyɔkuo no anamsini David Mwinfor Deribaa nso nyaa mma ɔha ne baako (101) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma ohunu akyiri pɔ aduosia nsia (0.66%).

APC Amanyɔkuo anamsini Tawiah Kaapeke nso nyaa mma no mu aduonum baako (52) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma ohunu akyiri pɔ aduasa mmiɛnsa (0.33%).

Mma dodoɔ: Mpem mmienu ahanwɔtwe ne aduonu baako (2,821) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunwɔtwe akyiri pɔ aduanan baako 18.41%).

Nimpa a ɛtoo aba no: Mpem dunum ahansia ne aduoson nkron (15,679) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia num akyiri pɔ nwɔtwe (65.8%).

Nimpa dodoɔ a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem aduonu mmiɛnsa ahanwɔtwe ne aduonu mmiɛnsa (23,823).[5][6]

Mpem mmienu ne dummienu (2012) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Lambussie[sesa]

Edward K.Dery a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem nwɔtwe ahanan ne aduanan nan (8,444) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum mmienu akyiri pɔ aduosia nkron (52.69%).

Ɔdeneho Amanyɔkuo (Independence) a na Issakah Sagito yɛ wɔn anamsini no nso nyaa mma mpem nan ɔha ne aduosia nan (4,164) a sɛ wɔde hɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduonu num akyiri pɔ aduokron nwɔtwe (25.98%).

John Doughr Baloroo a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma no mu mpem mmienu ahanum ne aduosia nkron (2,569) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunsia ne akyiri pɔ ohunu mmiɛnsa (16.03%).

Beinpuo Ernest Sanyare a na ɔno nso yɛ anamsini de ma PPP Amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanan ne aduonu mmiɛnsa (423) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu akyiri pɔ aduosia nan (2.64%).

PNC Amanyɔkuo no anamsini Alhassa Zakaria nso nyaa mma ɔha ne aduokron nan (194) a s wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma baako akyiri pɔ aduonu baako (1.21%).

David Mwinfor Deribaa a na ɔyɛ anamsini de ma CPP Amanyɔkuo no nyaa mma ɔha ne aduowɔtwe (180) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ dummienu (1.12%).

NDP Amanyɔkuo no anamsini Amoah Basing nso nyaa abatoɔ no mu mma aduonum baako (51) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma ohunu akyiri pɔ aduasa mmienu (0.32%).

Mma dodoɔ: Mpem nan ahanu ne aduowɔtwe (4,280) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nsia akyiri pɔ aduoson baako (26.71%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem dunsia ahanwɔtwe ne dunwɔtwe (16,818) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe baako akyiri pɔ nson (81.7%).

Nimpa dodoɔ a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem aduonu ahanum ne aduoson baako (20,571).[4][6]

Mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghanaman mmarahyɛbadwam abatoɔ[sesa]

John Doughr Baloroo a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no nyaa mma Mpem nsia ahanum ne dummiɛnsa (6,513)a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num akyiri pɔ nan (55.4%).

Alice Teni Boon a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no nso nyaa mma mpem nan ahanson ne dunsia (4,716) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan akyiri pɔ baako (40.1%).

Amoah T Basing a na ɔyɛ anamsini de ma PNC Amanyɔkuo no nyaa mma ahanu ne aduosia baako (261) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma mmienu akyiri pɔ mmienu (2.2%).

CPP Amanyɔkuo no anamsini Bele-Irs Vitus nyaa mma ɔha ne aduanan baako (141) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmienu (1.2%).

DFP Amanyɔkuo no anamsini Baloroo David nso nyaa mma ɔha ne aduonu nan (124) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma baako akyiri pɔ baako (1.1%).

Mma dodoɔ: Apem ahanson ne aduokron nson (1,797) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunum agyiri pɔ mmiɛnsa (15.3%).

Nimpa a wɔtoo aba: Mpem dummienu ɔha ne aduosia nson (12,167).

Nimpa a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem dunwɔtwe ahanwɔtwe ne aduoson num (18,875)[7]

Afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ[sesa]

Luke Koo a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem nkron ahanson ne aduowɔtwe num (9,785) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson nkron akyiri pɔ aduonkron nwɔtwe (79.98%)

Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no anamsini Anthony Boloroo nso nyaa mma apem ahanum ne aduokron nsia (1,596) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dummiɛnsa akyiri pɔ ohunu nan (13.04%).

Alexander Ambreh Bayowoh a na ɔyɛ anamsini de ma PNC Amanyɔkuo no nyaa mma ahanwɔtwe ne aduonum nan (854)a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nsia akyiri pɔ aduonkron nwɔtwe (6.98%).

Mma dodoɔ: Mpem nwɔtwe ɔha ne aduowɔtwe nkron (8,189) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nsia akyiri pɔ aduokron nan (66.94%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem dummienu ahanu ne aduasa num (12,235) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduoson mmiɛnsa akyiri pɔ dunkron (73.19%).

Nimpa a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem dunsia ahason ne dunson (16,717).[7]

Afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ghanaman mmarahyɛbadwam abatoɔ[sesa]

Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no anamsini Jocob Bawline Boon nyaa mma mpem nsia ahanum ne du (6,510).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem nsia ahanson ne aduosia mmiɛnsa (6,763) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduasa nson akyiri pɔ num (37.5%).

Nimpa a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem dunwɔtwe ne aduonu mmienu (18,022).[8]

Hwɛ bio[sesa]

Ntotoho[sesa]

  1. "All is set for the Lambussie bye-election". ghanaweb.com. GhanaWeb. 26 May 1999. Retrieved 23 November 2020
  2. "By-Elections in Ghana:RESULTS OF BY- ELECTIONS FROM 1993 TO 2007" (PDF). Official website. Accra: Electoral Commission of Ghana. 2007. Archived from the original (pdf) on 12 January 2011. Retrieved 23 November 2020
  3. "MP for Lambussie sworn in". ghanaweb.com. GhanaWeb. 9 June 1999. Retrieved 23 November 202
  4. 4.0 4.1 4.2 "Parliamentary Results Lambussie (Upper West)". ghanaweb.com. GhanaWeb. Retrieved 3 July 2020
  5. 5.0 5.1 "Election 2012: Lambussie-karni". ghanaweb.com. GhanaWeb. Retrieved 3 July 2020
  6. 6.0 6.1 6.2 Lublin, David. "Election Passport". electionpassport.com. American University. Retrieved 3 July 2020
  7. 7.0 7.1 "1996 Parliamentary Election Results" (PDF). Official website. Electoral Commission of Ghana. Archived from the original (pdf) on 17 July 2011
  8. "Elected Parliamentarians - 1992 Elections". Official website. Accra: Electoral Commission of Ghana. 2008. Archived from the original (spreadsheet) on 12 January 2011