Kumbungu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kumbungu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTolon/Kumbungu District
MantamNorthern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPRas Mubarak

Kumbungu(About this soundpronunciation of"Kumbungu")  yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyinaa hɔ ma saa mpesua no. Kumbungu wɔ Ghana atifi mantam. Mmarahyɛbedwani a ɔte akonnwa no so seisei ne Dr. Hamzah Adam. Ɔdii nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu nom(2020).

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) no Alhassan Musah a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔperee akonnwa no. Wɔde anamusini foforɔ baeɛ ma no bɛgyina maa mpesua no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) a yɛfrɛ no Muhammed Mumuni. Yakubu K Moro a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛtoa ne nnwuma no so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2094) nom. Ɛna Muhammed Mumuni a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛtoa so wl mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) nom. Ɔhɔ na Moses Amadu Yahaya a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso bɛtuu no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa (2013). Wɔfrɛ mpem mmienu ne du nsia mu no (2016) Ras Mubarak a ɛwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛgye firii wɔn nsam. Ɛna Hamza a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress tu wɔn adeɛ so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu(2020) nom.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia[1] (2016) Ghana abatoɔ wɔ Kumbungu no, nnipa num na ɛgyina maa mpesua no. Ras Mubarak a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem du nnwɔtwe, ahanson ne aduoson nson(18,777) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum num akyirepɔ mmiɛnsa (55.3%).Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamusini Amadu Moses Yahaya nyaa mpem nnwɔtwe, ahanan ne num(8,405) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nan akyirepɔ aduosia mmiɛnsa (24.63). Iddrisu Muntaru a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mpem num, ɔha ne aduokron nsia (5,196) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du num akyirepɔ aduonu mmiɛnsa (15.23%). Mma apem,ahannsia ne aduonu mmiɛnsa (1,623) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ aduoson nsia na Abubakari Abdul Gatawu a ɔwɔ progressive peoples party amanyɔkuo mu nyaeɛ. Ɛna All people's Congress anamusini Mohammed Muntaru Sulemana nso nyaa mma ɔha ne aduonu baako (121) a ɛyɛ akyirepɔ aduasa n(0.35%).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Kumbungu Constituency - Election 2016 Results". peacefmonline.com. Despite Media Group. Retrieved 12 June 2020.