Ras Mubarak

Ɛfi Wikipedia

Ras Mubarak (wɔwoo no Ayɛwohommumɔ da a ɛtɔ so mmeɛnsa, afe Apem, Ahankron ne Aduɔson nkron -1979) yɛ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ, okuafoɔ, nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ a ɔde ne ho, ne amammuifoɔ.[1] Ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC no mu ni. Ɔbɛyɛɛ Ɔman Mmabun Aban (Ghana) adwumayɛfoɔ panin firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa ( 2013) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016.)

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English

Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Hon.
Ras Mubarak
Ras Mubarak speaking at a YALI event in 2015
Member of Parliament
for Kumbungu Constituency
Bere
7 January 2017 – January 2021
OdikanfoMoses Amadu Yahaya
AnanmusiniHamza Adam
Ne ho asɛm
Awo bere
Ras Mubarak

3 June 1979 (1979-06-03) (age 44)
Satani, Kumbungu
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔLondon School of Journalism
University of Oslo
N'adwumaJournalist

Ras Mubarak kan no na ɔyɛ Reggae nnwom ho Ɔyɛkyerɛfoɔ wɔ Ghana Broadcasting Corporation, baabi a ɔyɛɛ adwuma wɔ radio ne Television nyinaa so.[2]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Ras Mubarak wɔ Tamale, wɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu nanso ofi Satani, wɔ Kumbungu mantam mu a na ne nana panyin yɛ Paramount Chief.

Ɔnyaa Diploma wɔ Journalism mu wɔ London School of Journalism[3]wɔ afe 2009 mu ne Post Graduate Diploma(NIBS) wɔ International Development Studies mu wɔ University of Oslo[4]Norway wɔ afe 2010 mu, ne Post Graduate Certificate wɔ Adwumayɛ ho Dwumadibea a efi Nobel Amanaman Ntam Adwumayɛ Sukuu a ɛwɔ Accra no mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ras Mubarak sii akan maa National Democratic Congress (Ghana) Mmarahyɛbadwa no kwan ma Ablekuma North wɔ afe 2011 mu.Ɔdii nkonim wɔ akansi no mu na ɛno akyi no ɔgyinaa party no mu sɛ ɔrebɛsi akan wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ afe 2012 mu sɛ ɔbɛgyina Ablekuma North ananmu sɛ wɔn Mmarahyɛbadwa no mu ni. Ɔdii nkoguo wɔ akansi no mu wɔ New Patriotic Party Candidate no anim. Afei ɔkɔɔ so sii akan maa NDC Mmarahyɛbadwa no gyinabea wɔ Kumbungu wɔ afe 2015 mu.[5][6] Ɔsan dii nkonim na ɔsii akan sɛ Kumbungu (Ghana Mmarahyɛbadwa mantam) Mmarahyɛbadwa no mu ni wɔ Ghana Atifi Mantam mu wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ no mu.[7][8][9]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Mubarak yɛ kramoni.[10] Waware, awo mmeɛnsa[11][12]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Ras Mubarak appointed as National Youth Coordinator - MyJoyOnline, 15 April 2017, archived from the original on 15 April 2017, retrieved 2 October 2023
  2. Rastafari Council Visits Ras Mubarak - Daily Guide Africa, 2 April 2017, archived from the original on 2 April 2017, retrieved 2 October 2023{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  4. Parliament of Ghana, retrieved 2 October 2023
  5. #NDCDecides: Ras Mubarak wins Kumbungu primary (in American English), 22 November 2015, retrieved 2 October 2023
  6. GhanaReporters.com is for sale (in English), retrieved 2 October 2023
  7. I Was Not Chased Out Of Kumbungu – Ras Mubarak – GhanaPoliticsOnline.com, retrieved 2 October 2023
  8. COVID-19: Ras Mubarak wants Parliament to summon Employment Minister over job losses (in American English), 25 May 2020, retrieved 2 October 2023
  9. Mubarak, Ras (in American English), retrieved 2 October 2023
  10. Mubarak, Ras (in American English), retrieved 2 October 2023
  11. Mubarak, Ras (in American English), retrieved 2 October 2023
  12. Peace FM Online, Former MP Ras Mubarak Grabs Third Wife - PICTURE, retrieved 2 October 2023