Juabeso (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Juabeso
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniJuabeso District
MantamWestern North Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPKwabena Mintah Akandoh

Juabeso(About this soundpronunciation of"Juaboso")  abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana. Nkane no na wɔhyɛ Juaboso-Bodi abatoɔ mpesua no mu firi mfie mpem mmienu ne nan abatoɔ mu a wɔte firii Sefwi-Bibiani mansini no abatoɔ mpesua no mu de kɔ si sɛ wotee mansini no anaafoɔ fam firii Bodi mansini no mu maa yɛnyaa Juaboso abatoɔ mpesua no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu. Juaboso abatoɔ mpesua no ahenkron ne Juaboso. Kwabena Mintah Akandoh na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma saa mpɛsoa no. Ɛnam kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Comgress so na wɔtoo no so aba yii no ma no nyaa mma dodoɔ mpem nson, ahasia ne du nkron (7,619) de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwani. Na ɔno na ɔyɛ mmarahyɛbedwani a ɔte akonnwa no so ansa na wɔreto mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe aba no.

Ɛhyeɛ[sesa]

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Juaboso abatoɔ no bɔ hyeɛ bi ne Bia East abatoɔ mpesua no, Bia West abatoɔ mpesua ne Asunafo North Municipal mansini no. wɔn a wɔ ne Juaboso bɔ hyeɛ wɔ apuiɛ fam bi nso ne Asunafo South abatoɔ mpesua no ne Bodi mansini no abatoɔ mpesua no. saa ara nso na Suaman mansini no abatoɔ mpesua no nso ne Juaboso bɔ nyeɛ wɔ anaafoɔ fam, ɛna ɔne La Cote d’lvoire nso bɔ hyeɛ wɔ atɔeɛ fam.[1] Juaboso mansini no wɔ nkuro akɛseɛ ahodoɔ nan bi te sɛ: Kofikrom-Proso, Asempaneye, Benchema-Nkatieso ne Boinzan.[2] Wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) nipa ne adan akenkan dwumadie no mu kyerɛɛ sɛ, nnipa dodoɔ a wɔtete Juaboso abatoɔ mpesua no so no yɛ mpem aduonum nwɔtwe, ahanan ne aduasa num (58,435). wɔn mu mpem aduonu nkron, ahanson ne aduanan mmienu na wɔyɛ mmarima (29,742 ), ɛna wɔn mu mpem aduonu nwɔtwe, ahansia ne aduokron mmiensa nso yɛ mmaa (28,693).[1]

Baabia menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 "Juaboso District Assembly". ghanadistricts.gov.gh. Retrieved 22 December 2020.
  2. "Juaboso District Assembly - Governance". ghanadistricts.gov.gh. Retrieved 22 December 2020.