Kwabena Mintah Akandoh

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwabena Mintah Akandoh
Member of the Ghana Parliament
for Juaboso Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoSampson Ahi
Ne ho asɛm
Awo bere19 June 1980 (1980-06-19) (age 43)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Kwabena Mintah AkandohGhana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Juanoso Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam no ananmu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Akandoh wɔ 19 Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so dunkron (19) afe 1980. Ofiri Sefwi Antobia kuro bi a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Onyaa ne Nyansahu mu Bachelor wɔ Akontaabu ne Nkontaabu mu (Bachelor of Science in Statistics and Mathematics) wɔ Cape Coast Suapɔn (University of Cape Coast) mu wɔ afe 2007 mu.[1][2][3]

Adwuma[sesa]

Ansa na Akandoh rekɔ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo boafo (assistant director) a ɔhwɛ Ɔman Ɔsom Nhyehyɛe no Ɔman Tuhoama Dwumadi so (National Voluntary Programme of the National Service Scheme) wɔ ne Dwumadibea Ti (Head Office) a ɛwɔ Nkran (Accra).[1][2][3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Akandoh kɔɔ mmarahyɛbadwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2013 a na ogyinaa Juanoso Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so. Wɔpaw no sɛ ɔmmɛgyina amansin no ananmu ne mprenu so wɔ afe 2016 mu[1][2][3]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Akandoh aware a ɔwɔ mma baanum (5). Ɔyɛ Kristoni na ɔka Anglikan asɔre no ho (Anglican denomination).[1][2][3]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 "Ghana MPs – List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 "HON. KWABENA MINTAH AKANDOH". Parliament of Ghana. Retrieved 1 February 2020.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 "HON. KWABENA MINTAH AKANDOH". UKGCC. Archived from the original on 25 April 2020. Retrieved 1 February 2020.