Essikado-Ketan (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Essikado-Ketan
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniSekondi Takoradi Metropolitan
MantamWestern Region, Ghana of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPJoe Ghartey

Essikado-Ketan(About this soundpronunciation of"Essikado-Ketan")  yɛ mpɛsoa baako a ɛwɔ Gaana mmarahyɛbadwam. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Essikado-Ketan wɔ Sekondi Takoradi ahenkuro nhyiam mansini ne mu wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Gaana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie ne Ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) a Owura Jeo Ghartey yɛ wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Essikado-Ketan mpɛsoa no wɔ Sekondi Takoradi ahenkuro nhyiam mansini a ɛwɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ Gaana. Yɛtee kurow no ansa mfeɛ mpem mmienu ne nan Ɔpɛnimma amanmpaninfoɔ ne mmarahyɛbadwam abatoɔ a yɛde kyekyɛɛ Sekondi mpɛsoa dada no mu nyaa Essikado-Ketan ne Sekondi mpɛsoa no.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu no, Joe Ghartey[2] a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) no na ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani maa mpɛsoa no.[3]
  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu no, Joe Ghartey a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) no na ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani de maa mpɛsoa no.
  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu mu no, Joe Ghartey a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) no na ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani de maa mpɛsoa no.
  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia mu no, Joe Ghartey a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) no na ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani de maa mpɛsoa no.
  • Wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu mu no, Joe Ghartey a ɔgyina maa ɔsono amanyɔkuo ( NPP ) no na ɔyɛ mmarahyɛbadwani de ma mpɛsoa no.

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne nan abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa na ɛde wɔn ananmusifoɔ baeɛ sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔn mmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ mma Essikado-Ketan abatoɔ mpesua no so. Ɔsono amannyɔkuo NPP de owura JOE Ghartey na ɛbaeɛ, Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso de owura David Mensah na ɛbaeɛ, Convention People's Party a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de owura Frank Noble Ankomah na ɛbɛsii wɔn ananmu.

Abatoɔ no baa awieɛ no, Ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini owura JOE Ghartey nyaa mma no mu Mpem aduonu nan ne aduoson nwɔtwe (24,078), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, owura JOE Ghartey nyaa ɔha mu nkyekyɛmu aduoson baako ne akyire pɔ nan (71.4%). Mma Mpem aduonu nan ne aduoson nwɔtwe (24,078), na Ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini owura JOE Ghartey de dii nkunim wɔ Essikado-Ketan abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

saa ara nso na Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso ananmusini owura David Mensah nyaa mma no mu Mpem nwɔtwe ahankron ne aduoson nsia (8,976) berɛ a abatoɔ no baa awieɛ no, na sɛ yɛde mma no kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a , ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nsia ne akyire pɔ nsia (26.6%). owura David Mensah a ɔgyinaa maa Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no de mma Mpem nwɔtwe ahankron ne aduoson nsia (8,976) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Essikado-Ketan abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Afei, Convention People's Party a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso ananmusini owura Frank Noble Ankomah nyaa mma no mu ahansia ne aduonum mmienu (652), berɛ a abatoɔ no baa awieɛ no, na sɛ yɛde mma no kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a , ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ nkron (1.9%). owura Frank Noble Ankomah de mma ahansia ne aduonum mmienu (652), na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Essikado-Ketan abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) JOE GHARTEY Mpem aduonu nan ne aduoson nwɔtwe (24,078) Aduoson baako ne akyirepɔ nan (71.4)
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) David Mensah Mpem nwɔtwe ahankron ne aduoson nsia (8,976) Aduonu nsia ne akyirepɔ nsia (26.6)
Convention People's Party(CPP) Frank Noble Ankomah Ahansia ne aduonum mmienu (652) Baako ne akyirepɔ nkron (1.9)
Dodow Mpem du num ɔha ne mmienu (15,102) Aduonan nan ne akyirepɔ nwɔtwe (44)
Deɛ ɛkɔbae Mpem aduasa nan ɔha ne aduokron nwɔtwe (34,198) Aduowɔtwe

Mmienu ne akyirepɔ mmiɛnsa (82.3)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  2. http://citifmonline.com/2017/01/11/atta-kyea-joe-ghartey-makes-it-unto-nana-addos-ministerial-list/
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Joe_Ghartey#cite_note-8