Ellembelle (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ellembelle
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniEllembelle Mansini
MantamWestern Region, Ghana of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPEmmanuel Armah Kofi Buah

Ellembelle(About this soundpronunciation of"Ellembelle")  yɛ mmarahyɛbedwam mpɛsoa a ɛwɔ Ghana. Armah Kofi Buah yɛ mmarahyɛbedwani ma saa mpɛsoa no. Ɛnam kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba yii no ma no nyaa mma dodoɔ a ɛyɛ apem, ahansia ne aduanan nkron. Ɔgyee akonnwa no firii Freddie Blay a ɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no berɛ a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention peope's party mu.[1]

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam abatoɔ; Ellembelle[2][sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nsia na wɔde wɔn ananmusifoɔ bɛgyinaeɛ wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura KWASI BONZOH na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de owura EMMANUEL ARMAH-KOFI BUAH na ɛbɛgyinaeɛ, saa ara nso na owura AYELEBIE AMIHERE NANA MEZENWOLEBIAH nso gyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM, saa ara nso na owura MATHIAS BONZO-EWEREKO BOATENG nso gyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ CPP, owura PRINCE NATHANIEL COFFIE nso gyina maa NDP, na afie owura JOHN NKUM ASMAH nso gyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ PPP.

Abatoɔ no baa awieɛ no, na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini owura EMMANUEL ARMAH-KOFI BUAH anya mma no mu Mpem aduasa mmienu, ne aduonum mmiensa (32,053), a sɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum num ne akyiri pɔ aduowɔtwe nson (55.87%). owura EMMANUEL ARMAH-KOFI BUAH de mma Mpem aduasa mmienu, ne aduonum mmiensa (32,053) na ɛdii nkunim wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

saa ara nso NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura KWASI BONZOH nso bɔɔ mmɔden nyaa mma no mu Mpem aduonu mmiensa, aha nwɔtwe ne aduosia nkron (23,869), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan baako ne akyiri pɔ aduosia (41.60%). owura KWASI BONZOH Mpem aduonu mmiensa, aha nwɔtwe ne aduosia nkron (23,869) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

saa ara nso na owura MATHIAS BONZO-EWEREKO BOATENG a ɔgyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ CPP, no nso nyaa mma no mu Aha nwɔtwe ne aduowɔtwe baako (881) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyiri pɔ aduonum nan (1.54%). owura MATHIAS BONZO-EWEREKO BOATENG de mma aha-nwɔtwe ne aduowɔtwe baako (881) na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Bio, owura AYELEBIE AMIHERE NANA MEZENWOLEBIAH a ɔgyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM, no nso nyaa mma no mu Aha num ne aduonu (520) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma Hwee ne akyiri pɔ aduokron baako (0.91%). owura AYELEBIE AMIHERE NANA MEZENWOLEBIAH de mma Aha num ne aduonu (520) na ɛtɔɔ so nan wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Afei, owura PRINCE NATHANIEL COFFIE nso a ɔgyina maa NDP, no nso nyaa mma no mu Aduonu nwɔtwe (28) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma Hwee ne akyiri pɔ hwee num (0.05%). owura PRINCE NATHANIEL COFFIE de mma Aduonu nwɔtwe (28) na ɛtɔɔ so num wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Afei, owura JOHN NKUM ASMAH nso a ɔgyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ PPP. no nso nyaa mma no mu Aduonu nan (24) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma Hwee ne akyiri pɔ hwee nan (0.04%). owura JOHN NKUM ASMAH de mma Aduonu nan (24) na ɛtɔɔ so nsia wɔ Ellembelle mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Ananmusini Mma ɔha mu nkyekyɛmu (%)
EMMANUEL ARMAH-KOFI BUAH

NDC

Mpem aduasa mmienu, ne aduonum mmiensa (32,053) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum num ne akyiri pɔ aduowɔtwe nson (55.87%)
KWASI BONZOH

NPP

Mpem aduonu mmiensa, aha nwɔtwe ne aduosia nkron (23,869) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan baako ne akyiri pɔ aduosia (41.60%)
MATHIAS BONZO-EWEREKO BOATENG

CPP

Aha nwɔtwe ne aduowɔtwe baako (881) ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyiri pɔ aduonum nan (1.54%)
AYELEBIE AMIHERE NANA MEZENWOLEBIAH

GUM

Aha num ne aduonu (520) Hwee ne akyiri pɔ aduokron baako (0.91%)
PRINCE NATHANIEL COFFIE

NDP

Aduonu nwɔtwe (28) Hwee ne akyiri pɔ hwee num (0.05%)
JOHN NKUM ASMAH

PPP

Aduonu nan (24) Hwee ne akyiri pɔ hwee nan (0.04%)

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

  1. http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=122
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/western/ellem_belle/