Ayawaso Central (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ayawaso Central
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolis
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPHenry Quartey

Ayawaso Central(About this soundpronunciation of"Ayawaso Central")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho Ɛka mansini foforɔ a Ghana aban teeɛ a ɔdaa no adi kyerɛɛ ɔman no nyinaa wɔ berɛ korɔ noa mu.[1] Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Mmarahyɛbedwafoɔ a wɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu(1992) ne Said Sinare a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress. Ɛna Sheikh Ibrahim Cudjoe Quaye a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu gyinaa hɔ maa mpɛsoa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996), mfeɛ mpem mmienu (2000), mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002), ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004), mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) . Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) ne mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no Henry Quartey a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no bi.

Election Member Party
1992 Said Sinare National Democratic Congress
1996 Sheikh Ibrahim Cudjoe Quaye New Patriotic Party
2000
2002
2004
2008
2012 Henry Quartey New Patriotic Party
2016

Abatoɔ[sesa]

Ghana mmarahyɛbedwafoɔ aba a wɔtoiɛ de yi mmarahyɛbedwafoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) nom wɔ Ayawaso Central no nnipa num na wɔgyina maa mpɛsoa no. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini Sheikh Ibrahim Cudjoe Quaye nyaa mma mpem aduasa, ahankron ne du num(30,915) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nkron akyirepɔ baako(49.1) yɛ pɛ . Kwasi Ofei Agyemang a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nyaa mma mpem aduasa ne aduosia nnwɔtwe (30,068) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nson akyirepɔ nson yɛ pɛ. Daniel Kofi Aidoo a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaa mma apem, ɔha ne aduosia (1,160) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nnwɔtwe. People's National convention anamsini Zalia Seidu nyaa mma aduosia me aduonu mmienu (622) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu baako yɛ pɛ. Benjamin Bediako nso nyaa mma aduonu ne num(205) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa(0.3%) wɔ Democratic freedom party anan mu.

[ Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ, 2008]]:Ayawaso Central
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Sheikh Ibrahim Cudjoe Quaye 30,915 49.1
National Democratic Congress Kwasi Ofei Agyemang 30,068 47.7
Convention People's Party Daniel Kofi Aidoo 1,160 1.8
People's National Convention Zalia Seidu 622 1.0
Democratic Freedom Party Benjamin Bediako 205 0.3
Abatoɔ dodoɔ 874 1.4
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Agency, Ghana News. "Ayawaso Central Municipal Assembly Creation Made Official". Retrieved 2020-01-22