Ibrahim Cudjoe Quaye

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Ibrahim Cudjoe Quaye
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Ayawaso Central
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
OdikanfoSaid Sinare
Member of Parliament for Ayawaso Central Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere30 July 1937 (1937-07-30) (age 86)
La, Ghana
Ne manGhana Ghana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma5
Sukuu a w'akɔRapid Results College, Cambridge School
N'adwumaPublisher

Sheikh Ibrahim Cudjoe QuayeGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ayawaso Central abatow mpesua.[1][2] Ɔsan nso yɔɛ Ɔmantam Ɔsoafoɔ wɔ Kurowpɔn Nkran Mantam mu wɔ Kufuor aban ase firi afe 2001 kɔsi afe 2009.[3]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Quaye Ɔpɛpɔn 30, 1937. Ɔfiri La-Accra a ɛwɔ Accra Mantam mu wɔ Ghana.[4] Ɔkɔɔ Cambridge Sukuu. Onyaa adansedi krataa wɔ 1958 mu. Ɔsan nso yɛ Rapid Results College no ade. Ɔnyaa Diploma wɔ Adwumayɛ ho nimdeɛ mu wɔ kɔlege no mu wɔ 1962 mu. Ɔsan nso yɛ Rapid Results College no ade na ɔnyaa Diploma wɔ Adwumayɛ ho nimdeɛ mu wɔ kɔlege no mu. Eyi yɛ afe 1962. Wɔ afe 1967 mu no, onyaa Diploma wɔ Nsɛm ho amanneɛbɔ mu fii kɔlege koro no ara mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Quaye hyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 1969 mu bere a ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ɔpɛ sɛ wɔto aba ma no wɔ Progress Party (PP) din mu sɛ obegyina Bawku West mantam ananmu ansa na wɔrefi 1969 Ghana mmarahyɛ bagua abatow no ase mu. Quaye yɛ New Patriotic Party amanyɔkuw no muni.

Wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ adwuma wɔ afe 1996 Ghana Amansan Abatow no mu na ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔmanpanyin a ɛto so 4 no Mmarahyɛ Bagua a ɛto so abien no muni a obegyina Ayawaso Mfinimfini Mantam a ɛwɔ kurowpɔn Nkran Mantam mu ananmu, na ofii n'adwuma ase wɔ Ɔpɛpɔn 1997 mu. Wɔsan paw no sɛ onni mantam no anim wɔ Mmarahyɛ Bagua a ɛto so 3, 4 ne 5 a ɛtoatoa so. Ɔsan nso yɛɛ kurowpɔn Nkran Ɔmantam Soafo wɔ John Kufuor aban ase.[5]

Abatoɔ[sesa]

Wɔpaw Quaye sɛ mmarahyɛ baguani maa Ayawaso mfifini mantam a ɛwɔ kurowpɔn Nkran mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[6] Ná ne mansin no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 16 no fa wɔ nkongua 27 a New Patriotic Party no dii wɔ saa abatow no mu maa kurowpɔn Nkran Mantam no mu.[7] New Patriotic Party no nyaa mmarahyɛ bagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu.[8] Ɔde abatow mba 36,021 na edii nkonim no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu wɔ 67,404 mu. Ná eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 53.4 yɛ pɛ. Odii nkonim wɔ Zalia Seidu a ofi People’s National Convention amanyɔkuw mu, Mariama Sinare a ofi National Democratic Congress amanyɔkuw mu, Christiana Martey a ofi Convention People’s Party amnyɔkuw mu ne Charles Boateng a ɔyɛ obi a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow 858, 29,360, 482 ne 683 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 1.3, ɔha biara mu nkyem 43.6, ɔha biara mu nkyem 0.7 ne ɔha biara mu nkyem 1.0 yɛ pɛ.[6]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so. Ná ne mansin no ka mmarahyɛ bagua nkongua 18 a ɛwɔ nkongua 27 a New Patriotic Party no dii wɔ saa abatow no mu wɔ kurowpɔn Nkran Mantam mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmarahyɛ bagua nkongua 108 wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow mba 30,915 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu mba 62,960 no mu. Ná eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 49.1 yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Kwasi Ofei Agyemang a ofi National Democratic Congress, Zalia Seidu a ofi People’s National Convention, Daniel Kofi Aidoo a ofi Convention People’s Party ne Benjamin Bediako a ofi Democratic Freedom Party mu. Eyinom nyaa abatow 30,058, 622, 1,160 ne 205 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 47.74, ɔha biara mu 0.99, ɔha biara mu nkyem 1.84 ne ɔha biara mu nkyem 0.33 yɛ pɛ.[9]

Ankorankoro Asetra[sesa]

Quaye yɛ Nkramonyi. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Don't vote for 'thieves' - IC Quaye (in English), 2016-10-05, retrieved 2023-10-01
  2. vibeghana.com, retrieved 2023-10-01
  3. Ibrahim Cudjoe Quaye, Biography, archived from the original on 2023-10-04, retrieved 2023-10-01
  4. 4.0 4.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. Ghana is moving forward-Sheikh Quaye (in English), 2008-07-20, retrieved 2023-10-01
  6. 6.0 6.1 Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Ayawaso Central Constituency, retrieved 2023-10-03
  7. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2023-10-03
  8. Peace FM, Ghana Election 2008, retrieved 2023-10-03
  9. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Ayawaso Central Constituency, retrieved 2023-10-04