Amenfi West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amenfi West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniWasa Amenfi West Mansini
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPEric Afful

Amenfi West(About this soundpronunciation of"Amenfi West")  yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Amenfi West mpɛsoa no wɔ Wasa Amenfi mansini a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so ne Kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC ) a Owura Eric Afful yɛ wɔn mmarahyɛbadwani.

Wassa Amenfi West mansini yɛ abatoɔ mpesua du-nan a ɛwɔ Western mantam no mu, wɔ Ghana.[1] Nkane no na saa abatoɔ mpesua yi ka Wassa Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe mu (1988), a saa mpeusa yi nyinaa nso wɔtete firii nkane Aowin-Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no anaafoɔ-atɔeɛ fam no firii mu maa yɛbɛnyaa Wassa Amenfi West mansini no wɔ ɔsanaa bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu; ɛnam so ma yɛfrɛɛ abatoɔ mpesua no fa aka no sɛ Wassa Amenfi West mansini. Abatoɔ mpesua yi hyɛ atifi fam wɔ atɔeɛ mantam no mu a wɔn ahenkuro ne Asankragua .ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu no na wɔ pagyaa abatoɔ mpesua no mu maa no bɛyɛɛ municipal a ɛno nti ɛnɛ yɛfrɛ mansini no sɛ Wassa Amenfi East Municipal mansini no. Ɛkyire yi no nso, wɔsane tee abatoɔ mpesua foforɔ firii mpesua dadaa yi mu ma yɛsane bɛnyaa Wassa Amenfi Central mansini noayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu mu; nanso abatoɔ mpesua dadaa no din no da so ara yɛ Wassa Amenfi West mansini .[2]

Ahyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no wɔ Wasa Amenfi atɔeɛ mansini a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana.

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Wassa Amenfi West mansini no bɔ hyeɛ bi ne Jomoro abatoɔ mpesua, ne Wassa Amenfi Central abatoɔ mpesua no ne Ellembelle abatoɔ mpesua no.[3]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Abatoɔ Nnipa Amanyɔkuo
1992
1996 Abraham Kofi Asante Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

2003 Agnes Sonful Ɔsono Amanyɔkuo

( NPP )

2004 John Gyetuah Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

2015 Eric Afful Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Abatoɔ[sesa]

Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ, 2015
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Eric Afful 15,809 52.64
New Patriotic Party Paul Dekyi 13,076 43.54
Progressive People's Party Abraham Kojo Buadee 1,032 3.44
United Front Party Adjei Elvis 113 0.38
Abatoɔ dodoɔ 2,733 9.1
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 30,561 49.0
2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Amenfi West
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress John Gyetuah 26,435
New Patriotic Party Paul Dekyi 16,829
Abatoɔ dodoɔ
2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Amenfi West
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress John Gyetuah
Abatoɔ dodoɔ
2004 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Amenfi West
Source:National Electoral Commission, Ghana
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress John Gyetuah 15,233 52.1 +16.8
New Patriotic Party Agnes Sonful 13,108 44.9 -19.0
Convention People's Party Kofi Bayim Antwi 509 1.7
Great Consolidated Popular Party Dizon Ble Abukwaw 360 1.2
Abatoɔ dodoɔ 4,121 28.6 0.0
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 30,146 85.3 +47.5

Owurayere Agnes Sonful ( NPP ), ɔkyerɛkyerɛni, a wadi mfeɛ aduonum mmienu, na Ɔdii nkunim wɔ abatoɔ a ɛtɔ so mmienu wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa a ɔde mma dodoɔ mpem nan ɔha ne aduonu baako[4] dii nkunim ɛnam sɛ Owura Abraham Kofi Asante gyaee ne dibea too hɔ wɔ Ɔbɛnem bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.[5]

Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ 2003
Source:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Agnes Sonful 9,218 63.9 +19.3
National Democratic Congress Gerald Danquah 5,097 35.3 -15.7
Democratic People's Party Ebo Archer 121 0.8
Abatoɔ dodoɔ 4,121 28.6 +24.2
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 14,746 37.8
2000 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Amenfi West
Source:Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Abraham Kofi Asante 10,848 51.0
New Patriotic Party Samuel Alberto Tekyi 9,493 44.6
Convention People's Party Kwasi Dankama Quarm 937 4.4
Abatoɔ dodoɔ 1,355 6.4
1996 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Amenfi West
Source:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Abraham Kofi Asante 16,085
New Patriotic Party Samuel Alberto Takyi 8,311
Abatoɔ dodoɔ 7,774

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana: Administrative Division
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_West_Municipal_District
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_West_Municipal_District#/media/File:Districts_of_the_Western_Region_(2019).png
  4. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=35635
  5. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=34556