Amenfi Central(Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amenfi Central
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAhanta West Mansini
MantamWestern Region, Ghana of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPPeter Yaw Kwakye-Ackah

George Kofi Arthur yɛ mmarahyɛbedwani ma Amenfi Central (About this soundpronunciation of"Amenfi Central") mpɛsoa no. Ɛnam kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress so na wɔtoo no so aba yii no. Ɔgyinaa hɔ ma saa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe fie. Ɔnyaa mma dodoɔ a na ɛyɛ apem, ahannson ne aduonum baako de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii.

Wassa Amenfi Central mansini no yɛ abatoɔ mpesua du-nan a ɛwɔ Western mantam no mu, wɔ Ghana.[1] Nkane no na saa abatoɔ mpesua yi ka Wassa Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ ɔsanaa bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan mu (2004), a saa mpeusa yi nyinaa nso wɔtete firii nkane Aowin-Amenfi mansini no abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no anaafoɔ-atɔeɛ fam no firii mu maa yɛbɛnyaa Wassa Amenfi Central mansini no wɔ ayɛwohomuno bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu; ɛnam so ma yɛfrɛɛ abatoɔ mpesua no fa aka no sɛ Wassa Amenfi West mansini.[2] Abatoɔ mpesua yi hyɛ atifi fam wɔ atɔeɛ mantam no mu a wɔn ahenkuro ne Manso Amenfi.[3]ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu no na wɔ pagyaa abatoɔ mpesua no mu maa no bɛyɛɛ municipal a ɛno nti ɛnɛ yɛfrɛ mansini no sɛ Wassa Amenfi Central Municipal mansini no.[4][5]

Ɛhyeɛ[sesa]

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Wassa Amenfi Central mansini no bɔ hyeɛ bi ne Prestea-Huni Valley abatoɔ mpesua, ne Wassa Amenfi West abatoɔ mpesua no, Wassa Amenfi East abatoɔ mpesua no, Nzema East abatoɔ mpesua no, Ellembelle abatoɔ mpesua no.[6]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "New Districts & Nominated DCEs" (PDF). ghanadistricts. Archived from the original (PDF) on 5 March 2013.
  2. "All Districts". ghanadistricts. Retrieved 8 June 2018.
  3. "Districts of Ghana". statoids. Retrieved 8 June 2018.
  4. Ghana: Administrative Division
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_Central_(district)
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_Amenfi_Central_(district)#/media/File:Districts_of_the_Western_Region_(2019).png