Afadjato South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Afadjato South
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAfadzato South Mansini
MantamVolta Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2012
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPAngela Alorwu-Tay

Afadjato South (About this soundpronounciation of "Afadjato South" ) yɛ mpɛsuasoɔ no mu baako a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam fie. Wɔtoo aba yi anamsini baako sɛ ɔkɔ si wɔn anan wɔ Mmarahyɛbadwam a odii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Afadjato South wɔ Afadzato mansini no mu wɔ Volta Mantam a ɛwɔ Ghana. Ghana Aban Kɔmisan na ɔtee mpɛsua no wɔ mfe mpem mmienu ne dummienu (2012) no mu ɛnam Ghanaman nyina abatoɔ no.

Afadjato South mpɛsua a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam

Angela Alonwu-Tay na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no wɔ Afadzato South Mansini no mu wɔ Volta Mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsua no wɔ Afadzato South Mansini a ɛwɔ Volta Mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Bere Nea yɛtow ne so aba Amanyɔkuo
2012 Constituency created
2012 Joseph Zaphanat Amenowode National Democratic Congress
2016 Angela Alorwu-Tay National Democratic Congress

Wɔ mfe mpem mmienu ne dummienu (2012) abatoɔ no Joseph Zaphanat Amenowode na na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no.

Mfe mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no Angela Alorwu-Tay na na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Kyinie Amanyɔkuo (NPP) no.

Ɔpɛnimma bosom no mu wɔ mfe mpem mmienu ne dummienu (December 2012)mu na wɔtoo aba a na adi mu wɔ Ghanaman nyinaa abatoɔ no mu. Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no anamsini na odii nkonim a onyaa mma mpem dunwɔtwe ɔha mmienu ne aduanan num (18,245).[1] Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no ɛsan nyaa akonnwa no so tenaa bio wɔ mfe mpem aduonu ne dunsia (2016) Ghanaman nyina abatoɔ no mu.[2]

Abatoɔ[sesa]

Mfe mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Afadjato South[3][4]

Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no anamsini Anagela Alorwu-Tay wɔ mmarahyɛbadwam no nyaa mma mpem dukron ahanum ne aduoson nson (19,577) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson baako akyiri pɔ aduowɔtwe mmiɛnsa (71.83%).

Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no anamsini wɔ mmarahyɛbadwam James Etornam Flolu nso nyaa mma mpem nson ahansia ne aduoson nsia (7,676) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nwɔtwe akyiri pɔ dunson (28.17%).

NDP Amanyɔkuo no anamsini wɔ mmarahyɛbadwam no nyaa mma ahanu ne dunwɔtwe (218) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ nwɔtwe (0.8%).

Mma dodoɔ: Mpem dubaako ahankron ne baako (11,901) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyiri pɔ aduosia nsia (43.66%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem aduonu nson ahanu ne aduonum mmiɛnsa (27,253).

Nimpa dodoɔ a wɔtwerɛ wɔn din: Mpem aduasa num ahanu ne aduonu nwɔtwe (35,228).

Mpem aduonu ne dunsia (2016) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Afadjato South[5]

Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Angela Oforiwa Alorwu-Tay nyaa mma mpem dunkron ahanan ne aduowɔtwe nsia (19,486) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe mmiɛnsa akyiri pɔ aduosia nkron (83.69%).

Ɔsono Amanyɔkuo anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Seneadza Semanu Wisdom nyaa mma mpem mmiɛnsa ɔha ne aduasa mmiɛnsa (3,133) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dummiɛnsa akyiri pɔ aduonan nsia (13.46%).

PPP Amanyɔkuo anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Fia Kwesi Hanson nso nyaa mma no mu ahansia ne dummienu (612) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu akyiri pɔ aduosia mmiɛnsa (2.63%).

CPP Amanyɔkuo no anamsini George Kofi Kotoku nyaa mma aduonum mmiɛnsa (53) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduonu mmiɛnsa (0.23%).

Mma dodoɔ: Mpem dunsia ahasa ne aduonum mmiɛnsa (16,353) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson akyiri pɔ aduonu mmiɛnsa (70.23%).

Nimpa a ɛtoo aba no: Mpem aduonu mmiɛnsa ahanu ne aduowɔtwe nan (23,284).

Mfe mpem mmienu ne dummienu (2012) Ghanaman nyinaa mmarahyɛbadwam abatoɔ: Afadjato South[6]

Kyinie Amanyɔkuo (NDC) no anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Joseph Zaphanat Amenowode nyaa mma mpem aduonu mmienu ne aduonu nkron (22,029) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe nan akyiri pɔ aduasa mmiɛnsa (84.33%).

Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Emma Millicent Kartey Kofiedu nso nyaa mma mpem mmiɛnsa ahanson ne aduowɔtwe nan (3,784) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunan akyiri pɔ aduanan nkron (14.49%).

CPP Amanyɔkuo anamsini wɔ mmarahyɛbadwam Constant Yao Kumah Gidi nyaa mma ahasa ne du (310) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ nkron (1.9%).

Mma dodoɔ: Mpem dunwɔtwe ahanu ne aduanan num (18,245) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nkron akyiri pɔ aduowɔtwe nan (69.84%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba: Mpem aduonu nsia ɔha ne aduonu mmiɛnsa (26,123).

Hwɛ bio[sesa]

  • List of Ghana Parliament constituencies
  • Hohoe South

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. [1] "Election 2012: Afadjato South". Ghanaweb. Ghana Home Page. Retrieved 25 July 2015.
  2. [2] "Parliamentary Results for Afadjato South". GhanaWeb. GhanaWeb. Retrieved 18 April 2018.
  3. Close [3] "Parliamentary Results for Afadjato South". www.ghanaweb.com. Retrieved 15 December 2020.
  4. [4] "2020 Election - Afadjato South Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 15 December 2020.
  5. [5] "Parliamentary Results For Volta Region". www.ghanaweb.com. Retrieved 15 December 2020.
  6. [6] "Parliamentary Results - Afadjato SouthConstituency". www.ghanaweb.com. Retrieved 15 December 2020.