Adansi-Asokwa (Ghana mmarahyɛbadwafie mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adansi-Asokwa
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAdansi North Mansini
MantamAshanti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPKobina Tahir Hammond

Adansi-Asokwa (About this soundpronunciation of "Adansi-Asokwa" ) yɛ abatoɔ mpɛsua no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔ too aba yii mmarahyɛbadwani (MP) a ɔdi kan koraa wɔ abatoɔ a ɛdii kan no mu. Adansi-Asokwa wɔ Adansi Asokwa mansini no mu a ɛwɔ Ashanti Mantam no muGhana. Nkurotoɔ ahodoɔ a ɛwɔ Adansi-Asokwa abatoɔ mpɛsuaso bi ne Bodwesango, Fumso, Aboabo, Anhwiaso, Adiemra, Hwiremoase, ne Pipiiso.[1]

Ahyeɛso[sesa]

Adansi-Asokwa abatoɔ mpesua no hyɛ Adansi North abatoɔ mpesua no mu a ɛwɔ Ashanti Mantam no mu wɔ Ghana. Adansi-Asokwa abatoɔ mpesua no ka abatoɔ mpesua aduanan nson a ɛwɔ Asante mantam no mu no. Nkane na Adansi-Asokwa abatoɔ mpesua no ka Adansi North abatoɔ mpesua no ho firi ɔgyefoɔ bosome no da a ɛtɔ so du-nson wɔ afe mpem mmienu ne nan mu de kɔ si sɛ abatoɔ kɔmisa no tetee mpesua no mu maa yɛbɛnyaa Adansi-Asokwa abatoɔ mpesua no wɔ ɔbɛnim bosome no da a ɛtɔ so du-num wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe mu.[2]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu (2000) mu no na Adansi-Asokwa manfoɔ too aba yii Owura Kobina Tahir Hammond a na ɔgyina ma ɔsono amannyɔkuo NPP no na ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani a ɔkɔgyinaa ɔmanfoɔ no anan mu wɔ mmarahyɛbadwam.

Wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) mu no na Adansi-Asokwa manfoɔ hyɛɛ aseɛ too aba maa mmarahyɛbadwani a ɔdi kan. Owura John Kofi Gyasi a na ɔyɛ kyinieɛ amannyɔkuo NDC no ba na na wɔyii no sɛ ɔnkɔgyina wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam sɛ mmarahybadwani.

Abatoɔ[sesa]

Party Candidate Votes %
NPP Kobina Tahir Hammond 16,468 54.37
NDC Amankwah Evans 12,389 40.90
IND Oduro Richard Anokye 1,352 4.46
PNC Alexander Odoi Larbi 80 0.26

Mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia Adansi-Asokwa (2016) abatoɔ nsunsuasoɔ.[3]

wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ mu no, Owura Kobina Tahir Hammond a ɔgyinaa mu maa ɔsono amannyɔkuo NPP no nyaa mma no mu mpem du-nsia ahanan ne aduosia nwɔtwe (16,468) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu a ɔnyaa aduonum nan ne akyiri pɔ aduasa nson (54.37%). owura Kwabena Tahir Hammond de mpem du-nsia ahanan ne aduosia nwɔtwe (16,468) na ɛdii nkunim wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Saa ara nso na Owura Amankwah Evans a ɔgyinaa mu maa kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no nso bɔɔ ne ho mmɔden nyaa mma no mu mpem du-mmienu ahasa aduowɔtwe nkron (12,389) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu nso a, ɔnyaa aduanan ne akyiri pɔ aduokron (40.90%). owura Amankwah Evans de mpem du-mmienu ahasa aduowɔtwe nkron (12,389) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ afe mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Owura Oduro Richard Anokye nso gyinaa sɛ kɔntɔnkorɔ a wangyina amannyɔkuo biara anan mu. Abatoɔ no baa awieɛ no na Owura Oduro Richard Anokye abɔ ne ho mmɔden anya mma no mu apem ahasa ne aduonum mmienu (1,352), a sɛ yɛdekɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nan ne akyiri pɔ aduanan nsia (4.46%).

Amannyɔkuo a wɔn nnipa nso sii wɔn anan mu wɔ Adansi-Asokwa mmarahyɛbadwa akonnwa no abatoɔ bi nso ne PNC. Owura Alexander Odoi Larbi a ɔgyinaa PNC amannyɔkuo no anan mu no nyaa mma no mu aduowɔtwe (80) a sɛ yɛdekɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, Owura Alexander Odoi Larbi mma no gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduonu nsia (0.26%) wɔ Adansi-Asokwa mmarahyɛbadwa akonnwa no abatoɔ mu no.

Afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adansi Asokwa[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mmarahyɛbadwam abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Adansi Asokwa abatoɔ mpesua no so no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn ananmusini bɛgyinaeɛ sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔn mmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ. wɔ saa afe yi mu no, Owura Kobina Tahir Hammond a ɔgyinaa mu maa ɔsono amannyɔkuo NPP no nyaa mma no mu mpem du-num ahanson ne aduokron nsia (15,796) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu a ɔnyaa aduonum baako ne akyiri pɔ hwee ne nsia (51.06%). owura Kwabena Tahir Hammond de mpem du-num ahanson ne aduokron nsia (15,796) na ɛdii nkunim wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Saa berɛ korɔ no ara nso na Owura Amankwah Evans a ɔgyinaa mu maa kyiniiɛ amannyɔkuo NDC no nso bɔɔ ne ho mmɔden nyaa mma no mu mpem du-nan ɔha aduonum nson (14,157) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu nso a, ɔnyaa aduanan num ne akyiri pɔ aduoson nsia (45.76%). owura Amankwah Evans de mpem du-nan ɔha aduonum nson (14,157) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Amannyɔkuo a ɛtɔ so mmiensa a wɔn ananmusini bɛgyinaa Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no bi nso ne PPP. Owura Ernest Gyimah na ɔgyinaa abatoɔ no mu maa PPP amannyɔkuo no, abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu mpem nson ahaanu ne aduokron mmienu (7292), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu, ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu ne akyiri pɔ aduasa nsia (2.36%). Owura Ernest Gyimah de mma mpem nson ahaanu ne aduokron mmienu (7292), na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ abatoɔ no mu.

Amannyɔkuo a ɛtɔ so nan a wɔn ananmusini bɛgyinaa Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no bi nso ne CPP. Onipa a ɔbɛgyinaa CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no ananmu wɔ Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no ne Owura Francis Owusu-Boamah. Abatoɔ no baa awieɛ no, na Owura Francis Owusu-Boamah abɔ mmɔden anya mma no mu mpem mmienu, ahanum ne aduonum (2550), a sɛ yɛde kɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduowɔtwe mmienu (0.82%). Owura Francis Owusu-Boamah de mma mpem mmienu, ahanum ne aduonum (2550), no na ɛtɔɔ so nan wɔ Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adansi Asokwa[sesa]

Wɔ abatoɔ a yɛtoo no wɔ afe mpen mmienu ne nwɔtwe (2008) mmarahyɛbadwam abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Adansi Asokwa abatoɔ mpesua no so no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn ananmusini bɛgyinaa sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔn mmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ. wɔ saa afe yi mu no ɔsono amannyɔkuo NPP de Owura Kobina Tahir Hammond na ɛbɛgyinaa wɔ wɔn amannyɔkuo no din mu. Owura Kobina Tahir Hammond a ɔgyinaa mu maa ɔsono amannyɔkuo NPP no nyaa mma no mu mpem du-mmiensa ahansia ne aduonum nkron (13,659) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu a ɔnyaa aduonum num ne akyiri pɔ nson (55.7%). owura Kwabena Tahir Hammond de mpem du-mmiensa ahansia ne aduonum nkron (13,659) na ɛdii nkunim wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Saa berɛ korɔ no ara mu no, na kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso de owura Alhaji Abdul-Lateef Madjoub na ɛbɛgyinaa mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ Adansi Asokwa abatoɔ mpesua no so maa wɔn amannyɔkuo no. Abatoɔ no baa awieɛ no, na owura Alhaji Abdul-Lateef Madjoub abɔ ne ho mmɔden anya mma no mu mpem nkron, ahaanu ne du-nkron (9,219) a sɛ ɛba no ɔha nkyekyɛmu nso a, ɔnyaa aduasa nson ne akyiri pɔ nsia (37.6%). owura Alhaji Abdul-Lateef Madjoub de mpem nkron, ahaanu ne du-nkron (9,219) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ no mu wɔ Adanse-Asokwa abatoɔ mpesua so.

Amannyɔkuo a ɛtɔ so mmiensa a wɔn ananmusini bɛgyinaa Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no bi nso ne CPP. Onipa a ɔbɛgyinaa CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no ananmu wɔ Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu no ne Owura Francis Owusu-Boamah. Abatoɔ no baa awieɛ no, na Owura Francis Owusu-Boamah abɔ mmɔden anya mma no mu apem, ahaasa ne aduasa mmienu (1332), a sɛ yɛde kɔ ɔha nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu num ne akyiri pɔ nan (5.4%). Owura Francis Owusu-Boamah de mma apem, ahaasa ne aduasa mmienu (1332), no na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Amannyɔkuo a ɛtɔ so nan a wɔn ananmusini bɛgyinaa Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no bi nso ne Democratic Freedom Party. Owura Amoako Anaafi ne ananmusini a ɔbɛgyinaa Democratic Freedom Party no anan mu wɔ Adansi Asokwa mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu. Abatoɔ no baa awieɛ no na wanya mma no mu ahaasa ne du-nan (314) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyiri pɔ mmiensa (1.3%). Owura Amoako Anaafi de mma ahaasa ne du-nan (314) na ɛtɔɔ so nan,

Amannyɔkuo Ananmusini Mma ɔha nkyɛmu (%) ±%
New Patriotic Party Kobina Tahir Hammond 13,659 55.7 -7.2
National Democratic Congress Alhaji Abdul-Lateef Madjoub 9,219 37.6 +1.3
Convention People's Party Owusu-Boamah Francis 1,332 5.4
Democratic Freedom Party Amoako Anaafi 314 1.3

Afe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adansi Asokwa.[sesa]

Amannyɔkuo Ananmusini Mma Ɔha nkyɛmu (%) ±%
New Patriotic Party Kobina Tahir Hammond 15,176 62.9 +18.5
National Democratic Congress Reverend Evans Amankwa 8,759 36.3 -1.9
People's National Convention Seidu S. Adams 177 0.7 -4.6
Majority 6,417 36.6 +20.4
Turnout 24,541 89.5

Afe mpem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adansi Asokwa[sesa]

Amannyɔkuo Ananmusini Mma Ɔha nkyɛm (%) ±%
New Patriotic Party Kobina Tahir Hammond 10,306 54.4 -0.7
National Democratic Congress Theresa Mensah 7,230 38.2 -16.9
People's National Convention Nana Yaw Frimpong 1,001 5.3 +4.5
Convention People's Party Kwame Amoh 241 1.3
National Reform Party Peter Kofi Essilfie 92 0.5
United Ghana Movement Prince Lawrence 61 0.3
Majority 3,076 16.2 +5.2
Turnout 18,931

Afe apem aha nkron ne aduokron nsia mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adansi Asokwa[sesa]

Source: Electoral Commission of Ghana
Amannyɔkuo Ananmusini Mma Ɔha nkyɛm% ±%
National Democratic Congress John Kofi Gyasi 10,999 55.1
New Patriotic Party Justice Akuamoa Boateng 8,811 44.1
People's National Convention Dominic Darpong 168 0.8
Majority 2,188 11.0
Turnout 19,978 86.5

hwɛ Bio[sesa]

Asante mantam

Ntotoh[sesa]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2012/ashanti/adansi_asokwa/
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Adansi_Asokwa_District
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/ashanti/adansi_asokwa/