Adaklu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adaklu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAdaklu Mansini
MantamVolta Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2012
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPKwame Governs Agbodza

Adaklu(About this soundpronunciation of "Adaklu" ) ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwam no ho.Ɛde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no na eyi mmarahyɛbadwani baako. Adaklu mpasua no wɔ Adaklu mansini a ɛwɔ Firaw Mantam wɔ Ghana. Ghana Abatoɔ Kuo no tee mpasua yi wɔ afe 2012 abatoɔ mmerɛ no mu.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Berɛ Manyɔni Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Mpasua a wɔteeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Kwame Governs Agbodza National Democratic Congress

Wɔtoo aba a edi kan wɔ mpasua no so wɔ Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ afe 2012. National Democratic Congress amanyɔkuo no muni Kwame Agbodza na edii nkunim wɔ saa abatoɔ no mu. Onyaa mma no mu mpem du, ahankron ne aduonu nkron (10,929).[1] Ɔsan dii nkunim wɔ afe 2016 abatoɔ no mu.[2]

Abatoɔ[sesa]

Mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Adaklu.[sesa]

Kwame Governs Agbodza na na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no. Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa ɔha ne dunson (13,117) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe num akyiri pɔ aduonum num (85.55%).

Raybon Evans Anyadi na na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no. Ɔnyaa mma mpem mmienu ahanu ne dunum (2,215) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunan akyiri pɔ aduanan num (14.45%).

Edward Agbovi a na ɔyɛ anamsini de ma Liberal Party of Ghana no annya amma no biara.

Mma dodoɔ: Mpem du ahankron ne mmienu (10,902) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson baako akyiri pɔ du (71.10%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem dunum ahasa ne aduasa mmienu (15,332) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson nwɔtwe akyiri pɔ aduowɔtwe mmiɛnsa (78.83%).

Nimpa dodoɔ a wɔtwerɛ wɔn din: Mem dunkron ahanan ne aduanan nwɔtwe (19,448).

2020 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Adaklu
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Kwame Governs Agbodza 13,117 85.55 -3.41
New Patriotic Party Raybon-Evans Anyadi 2,215 14.45 +5.43
Liberal Party of Ghana Edward Agbovi 0 0.00
Abatoɔ dodoɔ 10,902 71.10 -8.84
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 15,332 78.83
Registered electors 19,448

Mpem mmienu ne dunsia (2016) Ghanaman nyinaa abatoɔ: Adaklu.[sesa]

Kwame Governs Agbodza na na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo (NDC) no. Ɔnyaa mma mpem du ahasa ne aduasa nson (10.337) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe nwɔtwe akyiri pɔ aduokron nsia (88.96%).

Samuel C.K. Buame a na ɔyɛ anamsini de ma Akokɔ amanyɔkuo (CPP) no nso nyaa mma apem ne aduanan nwɔtwe (1,048) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nkron akyiri pɔ ohunu mmienu (9.02%).

Hiagbe Edem Dzanku a na ɔyɛ anamsini de ma NDP amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanu ne aduasa num (235) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma mmienu akyiri pɔ ohunu mmienu (2.02%).

Mma dodoɔ: Mpem nkron ahanu ne aduowɔtwe nkron (9,289) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduoson nkron akyiri pɔ aduokron nan (79.94%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem dubaako ahansia ne aduonu (11,620).

2016 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Kwame Governs Agbodza 10,337 88.96 +0.98
New Patriotic Party Samuel C. K. Buame 1,048 9.02 2.35
National Democratic Party Hiagbe Edem Dzanku 235 2.02 -3.33
Abatoɔ dodoɔ 9,289 79.94 -1.37
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 11,620

Mpem mmienu ne dummienu (2012) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ: Adaklu.[sesa]

Kwame Governs Agbodza a na ɔyɛ anamsini de ma Kyinie amanyɔkuo no nso nyaa mma mpem dubaako ahanwɔtwe ne aduonu num (11,825) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduowɔtwe nson akyiri pɔ aduokron nwɔtwe (87.98%).

Justice Jowawa Aklamanu a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no wɔ mfe mpem mmienu ne dummienu mmarahyɛbadwam abatoɔ no, ɔnyaa mma ahanwɔtwe ne aduokron nsia (896) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nsia akyiri pɔ aduosia nson (6.67%).

Hiagbe Edem Dzanku na na ɔyɛ anamsini de ma NDP amanyɔkuo no, ɔnyaa mma ahanson ne dunkron (719) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu num akyiri pɔ aduasa num (5.35%).

Mma dodoɔ: Mpem du ahankron ne aduonu nkron (10,929) a sɛ wode kɔ ɔha nkyekyɛmu a agyina hɔ ma aduowɔtwe baako akyiri pɔ aduasa baako (81.31%).

Nimpa dodoɔ a wɔtoo aba no: Mpem dummiɛnsa ahanan ne aduanan (3,440).

2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Adaklu
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Kwame Governs Agbodza 11,825 87.98
New Patriotic Party Justice Jowawa Aklamanu 896 6.67
National Democratic Party Hiagbe Edem Dzanku 719 5.35
Abatoɔ dodoɔ 10,929 81.31
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba 13,440

Hwɛ bio[sesa]

  • List of Ghana Parliament constituencies

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/parliament.constituency.php?ID=254&res=pm
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-12-23, retrieved 2021-12-23{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)