Kwame Governs Agbodza

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwame Governs Agbodza
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth22 Ɛbɔ 1973 Sesa
native languageEwe Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationarchitect, quantity surveyor Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of East London, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
academic degreepostgraduate diploma, diploma, Bachelor of Science, certificate Sesa
residenceAdaklu Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2012 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa
copyright status as a creatorworks protected by copyrights Sesa

Kwame Governs Agbodza yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan no muni a ogyina Adaklu Mmarahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Volta Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.[1] Mprempren ɔyɛ Chief Whip wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu.[2]

Ne mmofrase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kwame Governs wɔ 22 September 1973 wɔ Adaklu Kordiabe a ɛwɔ Volta mantam mu wɔ Ghana. Afei onyaa ne Diploma wɔ adansi ho adesua akyi wɔ Westminster Suapɔn mu, toaso nyaa ne Diploma wɔ adansi mu wɔ East London suapɔn mu. Afei ɔsan kɔɔ Ghana kɔyɛɛ ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ architecture mu wɔ kwame Nkrumah University of science and technology . Ɔkɔɔ Royal institute of British Architects sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ne chartered architecture adansedi krataa na onyaa chartered architecture adansedi krataa foforo nso.[3]

Adwuma[sesa]

Kwame Governs yɛ managing director ma southworld technical services firi afe 1999 de bɛsi ɛnnɛ, ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin wɔ Architects Co partners firi afe 2010 de bɛsi ɛnnɛ na ɔsan yɛ adwumayɛfoɔ panin wɔ kay ne partners firi afe 2012 de bɛsi ɛnnɛ.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Kwame Governs dii nkonim wɔ atenaeɛ no mu wɔ abatoɔ 11,825 mu wɔ abatoɔ 13,440 a ɛfata a wɔde too gua a ɛne 87.98% yɛ pɛ. Afei Mmarahyɛ Badwa no paw no sɛ ɔmmɛka Akwan ne akwantu ho boayikuw ne emufo a wokura mfaso boayikuw no adwumayɛbea ahorow no ho.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na waware a ɔwɔ mma baanu (2).[1]

  1. 1.0 1.1 1.2 MPs (in American English), retrieved 2023-06-11
  2. 10 things you didn’t know about new Minority Leader, Dr. Ato Forson (in American English), 2023-01-25, retrieved 2023-06-11
  3. 3.0 3.1 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-11